Ahodɔmdi—Ade a Ɛrekɔ So a Wɔnte Ho Asɛm
JOHN NE MARYa reyɛ adi mfe 60 na wɔte ofi ketewa bi mu wɔ United States akuraa bi ase. Aharawa mu yare ne komayare rekum John nkakrankakra. Sɛ John nni hɔ a Mary nnim nea asetra bɛyɛ, na ontumi nnyina yaw no ano, bere a ohu sɛ John regyae ne home mu nkakrankakra no. Mary ankasa nso nni apɔwmuden efisɛ mfe pii ni a wanya adwenemhaw. Na John di awerɛhow nnansa yi efisɛ na Mary taa ka sɛ obedi ne ho dɔm. Esiane adwenemhaw ne nnuru ahorow a ɔnom no nti odwennwen kɛse. Ɔka sɛ ɔrentumi nnyina ankonamyɛ ano.
Nnuru ahorow ahyɛ fie hɔ ma—Komayare nnuru, nnuru a wɔde sa adwenemhaw, ne nnuru a edwudwo ɛyaw ano. Sɛ ade kye na Mary kɔ gyaade pɛ a na wafi ase renom nnuru. Ɔrennyae kosi sɛ John behu no agye afi ne nsam. Sɛ Mary tɔ mum a John frɛ nkurɔfo ma wɔbɛboa no. Ɔbɔ mpae sɛ ɛbɛyɛ yie.
Nea Akontaabu Ahorow Da no Adi
Nnansa yi, wɔakyerɛw nsɛm pii afa mmerante ne mmabaa pii a wodi wɔn ho dɔm no ho—na ɛfata sɛ wɔkyerɛw, efisɛ dɛn na ɛyɛ awerɛhow sɛ aberante anaa ababaa a ɔte apɔw a obetumi ayɛ biribi daakye bewu mpofirim? Nanso, nea wɔnka ho asɛm wɔ atesɛm nkrataa mu ne sɛ wɔn a wɔrenyin no na wɔredi wɔn ho dɔm kɛse wɔ aman dodow no ara mu. Eyi yɛ nokware, sɛnea adaka a ɛwɔ ase hɔ no mu nsɛm kyerɛ no, ɛmfa ho sɛ nnipa a wodi wɔn ho dɔm wɔ ɔman bi mu no dɔɔso anaa wosua no. Akontaabu ahorow no mu nhwehwɛmu a yɛbɛyɛ no bɛsan ama yɛahu sɛnea adeyɛ a wɔnte ho asɛm yi rekɔ so wɔ wiase nyinaa.
Wɔ 1996 mu no, Asoɛe Ahorow a Ɛhwɛ Siw Nyarewa Ano wɔ U.S. no bɔɔ amanneɛ sɛ, efi 1980 reba no Amerikafo dodow a wɔadi mfe 65 ne akyi a wodi wɔn ho dɔm no kɔɔ soro ɔha biara mu 36. Nea ɛmaa saa nkɔanim yi bae no bi fi Amerikafo mu fã kɛse no ara a wɔn mfe akɔ anim no—nanso ɛnyɛ ɛno nkoaa na ɛmaa no baa saa. Wɔ 1996 mu no, nnipa a wɔadi boro mfe 65 a wodii wɔn ho dɔm no dodow ankasa kɔɔ soro ɔha biara mu 9, nea edi kan koraa wɔ mfe 40 mu. Ɛdefa wɔn a opira ma wowuwui ho no, ahwease ne kar akwanhyia nkutoo kunkum Amerikafo a wɔn mfe akɔ anim pii. Nokwarem no, ebetumi aba mpo sɛ nnipa dodow a yɛreka ho asɛm yi sua koraa. A Handbook for the Study of Suicide ka sɛ: “Sɛ yɛreka nneɛma a ɛde owu ba ho asɛm a, ɛte sɛ nea yɛma yɛn werɛ fi obi ho dɔm a odi ho asɛm koraa.” Nhoma no de ka ho sɛ ebinom bu akontaa sɛ nnipa dodow a wodi wɔn ho dɔm ankasa no bɛboro nea akontaabu kyerɛ no so mpɛn abien.
Dɛn na afi mu aba? Te sɛ aman pii a aka no, nnipa a wɔn mfe akɔ anim a wodi wɔn ho dɔm a ɛyɛ ade a ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa nanso wɔnte ho asɛm no rekɔ so wɔ United States. Oduruyɛfo Herbert Hendin, a ɔyɛ onimdefo wɔ asɛm yi ho no ka sɛ: “Ɛmfa ho sɛ nnipa a wodi wɔn ho dɔm wɔ United States no dodow kɔ anim ntɛmntɛm na wɔn a wɔrenyin na wodi wɔn ho dɔm kɛse no, wɔntaa nka nnipa a wɔn mfe akɔ anim a wodi wɔn ho dɔm no ho asɛm.” Dɛn nti na ɛte saa? Ɔka sɛ nea ɛde ɔhaw yi ba no bi ne sɛ, esiane sɛ nnipa a wɔn mfe akɔ anim a wodi wɔn ho dɔm no dodow kɔ soro bere nyinaa nti, “ama wontumi nhu mmerante ne mmabaa a wodi wɔn ho dɔm a wɔn dodow akɔ soro ntɛmntɛm ma ɛyɛ nwonwa no.”
Nsonsonoe a Ɛkɔ Akyiri
Ɛmfa ho sɛ akontaabu yi yɛ ahodwiriw no, ɛnka yɛn papa. Sɛ yɛde toto ankonamyɛ a asetra a obi hokafo a ɔdɔ no nka ho de ba, abasamtu a ahofadi a obi hwere de ba, abasamtu a yare a ɛtra hɔ kyɛ de ba, awerɛhow a adwennwen ma obi di, ne ayaresa ho anidaso a enni hɔ ho a, ɛmmɛn ho baabiara. Awerɛhosɛm ne sɛ bere a ebia mmerante ne mmabaa bu wɔn ho dɔm a wobedi sɛ ɔkwan tiawa a wɔnam so besiw bere tiaa mu haw ahorow a wohyia ano no, ɔhaw ahorow a wɔn a wɔn mfe akɔ anim hyia no taa yɛ nea wɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye. Ne saa nti, wɔn bo a wosi sɛ wobedi wɔn ho dɔm no yɛ soronko koraa wɔ mmerante ne mmabaa de ho.
Oduruyɛfo Hendin ka wɔ ne nhoma Suicide in America mu sɛ: “Ɛnyɛ asɛm no ne sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim taa di wɔn ho dɔm, na mmom obi ho dɔm a odi no ankasa ma yehu nsonsonoe kɛse a ɛda wɔn a wɔn mfe akɔ anim ne mmerante ne mmabaa ntam. Titiriw no, sɛ wɔkyekyɛ nnipa a wɔabɔ mmɔden sɛ wobedi wɔn ho dɔm mu a, dodow no ara yɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim. Wɔ nnipa dodow a wɔwɔ Amerika nyinaa mu no, wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi wɔn ho dɔm 10 biara mu 1 na wodi wɔn ho dɔm ankasa; wɔ mmerante ne mmabaa a wɔadi mfe (15-24) mu no, wobu akontaa sɛ 100 biara mu 1 na wodi wɔn ho dɔm ankasa; na wɔ wɔn a wɔadi boro mfe 55 mu no, wobu akontaa sɛ ɛyɛ 1 mu 1.”
Akontaabu a ɛyɛ ahodwiriw bɛn ara ni! Hwɛ sɛnea ɛyɛ abasamtu sɛ wubenyin abɔ akwakora anaa aberewa, ayɛ mmerɛw wɔ nipaduam, na wate yaw ne ɔyare nka! Ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa pii di wɔn ho dɔm. Nanso, ntease a emu yɛ den wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yebu nkwa—wɔ tebea horow a emu yɛ den paa mu mpo. Susuw nea ɛtoo Mary a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm yi mfiase no ho hwɛ.
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔasesa din horow no.
[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 17]
Akontaabu a Ɛkyerɛ Mmea ne Mmarima 100,000 Biara a Wodi Wɔn Ho Dɔm, ne Wɔn Mfe
Mfe 15 Kosi 24 Mfe 75 ne Akyi
Mmarima/Mmea Ɔman Mmarima/Mmea
8.0/ 2.5 Argentina 55.4/ 8.3
4.0/ 0.8 Greece 17.4/ 1.6
19.2/ 3.8 Hungary 168.9/60.0
10.1/ 4.4 Japan 51.8/37.0
7.6/ 2.0 Mexico 18.8/ 1.0
53.7/ 9.8 Russia 93.9/34.8
23.4/ 3.7 United States 50.7/ 5.6