Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 5/8 kr. 25-27
  • Obiara Nom Marijuana—Dɛn Nti Na Ɛnsɛ Sɛ Menom?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Obiara Nom Marijuana—Dɛn Nti Na Ɛnsɛ Sɛ Menom?
  • Nyan!—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Marijuana Agye Din
  • So Emu Anigye Fata Ho Asiane No?
  • Wubetumi Aka Dabi!
  • ‘So Marijuana Nom Betumi Asɛe M’akwahosan?’
    Nyan!—1986
  • ‘So Wii Pira Nipadua No Ampa?’
    Nyan!—1985
  • Nnubɔne a Wɔnom—Ano Aduru Wɔ Hɔ!
    Nyan!—2001
Nyan!—1986
g86 5/8 kr. 25-27

Mmofra Bisa Sɛ. . .

Obiara Nom Marijuana​—Dɛn Nti Na Ɛnsɛ Sɛ Menom?

NYANSAHUFO frɛ no cannabis. Nanso ebia wunim yiye sɛ wɔfrɛ no marijuana, wii, mmoatia sigaret, ganja, anaasɛ ahaban no. Sɛnea wɔbɛfrɛ no biara no, marijuana a wɔnom yɛ ade a mmofra ɔpepem pii de gye wɔn ani daa.

Nhoma a wɔfrɛ no The Private Life of the American Teenager ka nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ mmofra a wonnii mfe aduonu a wɔn dodow yɛ 160,000 a wɔwɔ U.S. no ho asɛm. Wɔn a wɔadi mfirihyia 16 kosi 18 no mu bɛyɛ ɔha biara mu 70 a wɔyɛɛ wɔn ho nhwehwɛmu no gyee toom sɛ wɔasɔ marijuana ahwɛ pɛn. Wɔn mu bɛyɛ fã kae sɛ wɔnam daa. Na sɛ woyɛ nnipa kakraa bi a wɔnnom nnubɔne no mu biako mpo a, wunim sɛnea nkɛntɛnso a marijuana anya wɔ nkurɔfo so no kɛse te. Wɔkamfo wɔ nnwonto mu. Ebia wo mfɛfo sukuufo nom wɔ baguam. Abofra biako ka sɛ, “Awɛmfo a wɔwɔ yɛn sukuu mu no mpo retɔn marijuana.” Wɔtɔn nnubɔne ho nneɛma wɔ baguam. Ɛdɛn, marijuana a wɔnom abɛyɛ ade a nkurɔfo pii yɛ araa ma Katie a wadi mfe 14 no ka sɛ: “Ɛnyɛ ade a ‘wɔyɛ de sie’ bio. Ɛkame ayɛ sɛ ɛyɛ obiara asetra fã.”

Nanso, ɛnyɛ ‘obiara’ na ɔnom marijuana. Nokwarem no, sɛnea nhwehwɛmu ahorow a wɔyɛe nnansa yi wɔ United States ne Canada kyerɛ no, mmofra a wɔn dodow redɔɔso repow aduru yi. Nanso nhwehwɛmu ahorow kyerɛ sɛ mmofra pii da so ara rebu wɔn ani agu wɔn awofo abufuw, sika fam ahokyere (wobetumi asɛe $5 kosi $50 dapɛn biara wɔ marijuana a wɔnom no “hɔ-ne-hɔ” ho wɔ United States) , mmara so bu a ɛbɛma wɔakyere wɔn ne nyarewa a wobetumi anya so sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya marijuana a wɔnom a ɛba wɔn ani so no mu anigye. Ɛnde, so eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wonom marijuana? Wɔ mmuaema mu no, ma yenni kan nsusuw nea enti a agye din saa no ho.

Nea Enti a Marijuana Agye Din

Mmofra binom dan kɔ marijuana so sɛ wɔn haw ahorow ano aduru. Roger a wadi mfe 17 ka sɛ: “M’ani gye ho sɛ mɛma aba m’ani so. Sɛ wowɔ ɔhaw ahorow pii a, wo werɛ fi.” Ebinom nom marijuana na ama basaa a wɔyɛ ne fono a asetra fono wɔn no ano abrɛ ase. Afoforo nso nom marijuana sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu sɛnea ɛte ara kwa. Adolescence nhoma no ka sɛ: “Wɔ a abofra wɔ nnamfo a wɔnom marijuana no ma hokwan a obenya anom bi ahwɛ no yɛ kɛse.” Eyi nkyerɛ ankasa sɛ wɔhyɛ mmofra ma wɔnom marijuana (ɛwom sɛ ebetumi aba saa de) . Nanso sɛnea nhoma a wɔfrɛ no Self-Destructive Behavior in Chilldren and Adolescents ka no: “Mpɛn pii ɛyɛ abofra adamfo paa na ɔma ofi ase anaasɛ ‘ɔkɔ so’ nom nnubɔne ahorow . . . Ebia adwene a [ɔwɔ] ne sɛ ɔbɛma wanya osuahu bi a ɛyɛ anigye mu kyɛfa.”

Nanso ɛmfa ho sɛ dɛn nti na wofi ase nom no, nhwehwɛmu ahorow kyerɛ sɛ marijuana a wɔnom no mu anigye ne atirimpɔw kɛse nti na mmofra kɔ so nom. Grant a wadi mfe 17 no ka sɛ: “Tumi a enya wɔ me so nti na menom. Ɛnyɛ sɛ ɛbɛma mayɛ dinn anaasɛ asetra mu nsɛm nti. . . . Ɛnyɛ nea nhyɛso a efi atipɛnfo hɔ ama manom bi da, na mmom mepɛ sɛ menom nti.”

Nanso so eyinom mu bi yɛ ntease a ɛteɛ a ɛbɛma woanom marijuana ahwɛ? Sɛ nhwɛso no, so ɛyɛ nea nyansa wom sɛ wobɛnom aduru na ama woaguan afi ɔhaw ahorow ho? Ɛno ne asɛm a Bible no bisa wɔ Mmebusɛm 1:22 NW, no nhyia: “Bere tenten bɛn na mo a munni osuahu bɛkɔ so ama mo ani agye osuahu a munni no ho . . . na bere tenten bɛn na mo nkwasea bɛkɔ so akyi nimdeɛ?” Abofra a ohintaw wɔ anigye a nnubɔne ma onya akyi no ‘ani gye osuahu a onni ho’; ontumi nnya nimdeɛ ne nyansa a ehia a ɛbɛma wahwɛ ne ho wɔ asetra mu no. Talking With Your Teenager akyerɛwfo ka sɛ: “Nnubɔne ne nsa a wɔnom betumi aka nneɛma [a ɛbɛma obi anya mpanyimfo nimdeɛ] denam ɔkwan ɛbɛma wakwati nya a obenya nkate a ɛnteɛ anaasɛ mmɔden a ɔbɛbɔ sɛ obegyina nsɛm a esisi a emu yɛ den ano no so. Ɔrentumi nsua sɛ obetumi agyina asetra mu bere a emu yɛ den ano a eyinom nka ho.”

Wususuw sɛ wo nnamfo pii anom marijuana pɛn? Obi a wadi mfe 16 a ɔnom marijuana ka sɛ: “Ɛyɛ den sɛ [wobɛpow] bere a wo nnamfo nom no.” Nanso, hyɛ asɛm a ɛwɔ Exodus 23:2 no nsow. Ɛwom sɛ wodii kan kaa eyi kyerɛɛ nnipa a wɔrebedi adanse a woaka ntam de, nanso ɛyɛ afotu pa ma mmofra: “Nni nnipa dodow akyi.” Bio nso, obi a odi n’atipɛnfo akyi wɔ biribiara a wɔyɛ mu a ɔnka ho hwee no yɛ akoa. Bible no ka wɔ Romafo 6:16 sɛ: “Munnim sɛ, nea mode mo ho ma no sɛ nkoa a wotie no no, . . . ɔno ara a mutie no no na ne nkoa ne mo?

Ɛno nti na Bible no hyɛ mmofra nkuran sɛ wonnya “adwempa” no. (Mmebusɛm 2:10-12) Sua sɛnea w’ankasa wubesusuw nneɛma ho a ɛremma wunni mmofra asowuifo akyi. Ampa, ebia wowɔ ɔpɛ sɛ wubehu biribi afa marijuana ne tumi a ɛwɔ no ho. Nanso ɛho nhia sɛ wugu w’adwene ne wo nipadua ho fi na ama woahu nea aduru yi yɛ nkurɔfo. Hwɛ mmofra a wɔyɛ w’atipɛnfo a wɔnom marijuana​—ne titiriw, wɔn a woayɛ saa bere tenten no. So ɛte sɛ nea wɔn ani da hɔ na wɔn adwene kyere ade ntɛmntɛm? So wɔkɔ so ara bɔ mmɔden wɔ sukuu adesua mu? Anaasɛ wɔn ti awu a wontumi nyɛ aso mma nea wɔkyerɛ wɔn a ɛtɔ bere bi mpo a wonnim nea ɛrekɔ so wɔ faako a wɔwɔ no? Wɔn a wɔnom marijuana anya asɛmfua bi a wɔde ka wɔn a wɔte saa no ho asɛm: “wɔn a wɔapun wɔn ho.” Nanso “wɔn a wɔapun wɔn ho” yi fii ase nom marijuana esiane ɔpɛ a na wɔwɔ sɛ wobehu sɛnea ɛte nti. Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible no hyɛ Kristofo sɛ wɔnhyɛ ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobehu biribi mu a enye no so na wɔnyɛ ‘bɔne mu mmofra.’​—1 Korintofo 14:20.

So Emu Anigye Fata Ho Asiane No?

Na anigye a wɔkyerɛ sɛ ba a ɛba wɔn ani so ma wonya no nso ɛ? Nea ɛyɛ awerɛhow no, ɛnyɛ anigye nko na nneɛma pii ma yenya na mmom ɛma yɛdi yaw nso. Sɛ nhwɛso no, ɛte sɛnea nsa a wɔnom tra so de anigye ba. Wɔ ɔsabofo no fam no, nsa “ani twa kuruwa mu” na bere a wanom no “ɛkɔ yɔɔ.” Nanso Bible no ka sɛ: “Akyiri no ɛka sɛ ɔwɔ, na ɛwɔ bɔre sɛ ahurutoa. W’aniwa bɛhwɛ ananade, na wo koma aka kɔntɔnkyesɛm.” (Mmebusɛm 23:31-33) So marijuana a wɔnom da adi sɛ ‘ɛwɔ bɔre’ saa ara? Nhomawa bi a U.S. dwumadibea a ɛhwɛ akwahosan ho nsɛm so tintimii ka sɛ: “Ɔhaw a marijuana a wɔnom taa de ba ne basaa a wɔyɛ, ɛtɔ bere bi a adwenemhaw ka ho; eyi betumi ayɛ nea efi afoforo ho adwene a ɛnteɛ a wonya so kosi suro a wosuro sɛ ebenya wɔn so tumi na wɔabɔ dam so. . . . Ebia wɔn a wɔnom marijuana no mu binom behia wɔn a wɔde ho afotu ayɛ wɔn adwuma mmoa.”

Fa sɛnea ebetumi ama obi anya yare no ka ho. Amanneɛbɔ ahorow a wɔaka ho asɛm kɛse kyerɛ sɛ marijuana betumi ama obi anya yare ankasa! Nea ɛyɛ nwonwa no, bere a wobisaa mmofra kuw bi a wɔnom marijuana bi sɛ “So mususuw sɛ marijuana a monom no betumi ama moanya yare?” no, ɛkame ayɛ sɛ wɔn mu fã buae sɛ dabi. Talking With Your Teenager akyerɛwfo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Akwahosan ho nsɛm yi nyɛ nea etumi ma mmofra a wonni mfe aduonu no mu pii sakra wɔn adwene, efisɛ ne fã bi ne sɛ wɔwɔ ahoɔden kɛse araa ma wonnye nni sɛ ebetumi ama wɔanya yare. Te a wɔte nka sɛ ‘entumi mma wonnya yare’ no yɛ nea ɛda adi kɛse wɔ mmofra mu. Wɔn a wonnii mfe aduonu no bu ahrawa mu akisikuru, asabow, ne nnubɔne a wontumi nnyae nom sɛ ɔhaw a mpanyimfo na wohyia na ɛnyɛ wɔn.”

Abofra biako a wɔfrɛ no David kae sɛ, “Bere a mifii ase nom marijuana no, metee sɛ mpanyimfo pii ka sɛ enye mma wo. Nokwarem no, mannye wɔn anni. Anyɛ yiye koraa no, na mewɔ nnamfo a wɔnom na na ɛnyɛ nea atumi apira wɔn. Nsɛm a eyi hu a mete fii mpanyimfo hɔ no ansakra nea na mihu no. Enti misusuw sɛ ɛyɛ nsɛm a wɔde yi hu ara kwa.”

Nanso Dawid nam ɔkwan a ɛyɛ awerɛhow so hui sɛ “nsɛm a eyi hu” no mu bi yɛ nokware. Wo nso ɛnsɛ sɛ woma wɔdaadaa wo ma wususuw sɛ biribiara nni hɔ a ebetumi apira wo esiane sɛ woyɛ abofra nti. “Efisɛ nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.” (Galatifo 6:7) Sɛe w’adwene ne wo nipadua na wubenya so akatua ntɛm sen sɛnea wususuw. Fa w’adwene di dwuma susuw nneɛma ho na kwati asiane ahorow.

Wubetumi Aka Dabi!

Nhomawa bi a (U.S.) ɔman sukuu a ɛfa nnubɔne a wɔde di dwuma ho tintimii no kae yɛn sɛ: “Hokwan a wubenya a ɛbɛma woanom adubɔne a wobɛpow . . . yɛ hokwan a wowɔ. Nnamfo biara a wɔkasa tia wo wɔ wo gyinaesi no ho no regye hokwan a wowɔ sɛ onipa a ɔde ne ho no afi wo nsam.” Enti, dɛn na wubetumi ayɛ, sɛ obi ma wo marijuana a? Nya akokoduru na ka sɛ dabi! Eyi nkyerɛ ankasa sɛ wobɛma nneɛma a enye a ɛfa nnubɔne a wɔde di dwuma no ho ɔkasa. Nhomawa koro no ara hyɛ nyansa sɛ ma mmuae tiawa sɛ, “Dabi, meda wo ase, mempɛ sɛ mɛnom.” Nanso nea eye koraa no, ma afoforo nhu sɛ woyɛ Kristoni. Ebia wobesi gyinae sɛ eye sɛ wɔrenhaw wo.

Ebia afoforo ani begye anaasɛ wɔn ani rennye wo gyinaesi no ho. Nanso kae: Ɛfa w’adwene, wo nipadua, ne wo nkwa ho.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 25]

Marijuana a wɔnom “nyɛ ade a ‘wɔyɛ de sie’ mpo bio. Ɛkame ayɛ sɛ ɛyɛ obiara asetra fã.”​—Abeawa a wadi mfe 14

[Kratafa 26 mfoni]

Mpɛn pii ɛyɛ mmofra nnamfo na wɔma wofi ase nom nnubɔne

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena