Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 11/8 kr. 16-18
  • ‘So Wii Pira Nipadua No Ampa?’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘So Wii Pira Nipadua No Ampa?’
  • Nyan!—1985
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘So Marijuana Nom Betumi Asɛe M’akwahosan?’
    Nyan!—1986
  • Obiara Nom Marijuana—Dɛn Nti Na Ɛnsɛ Sɛ Menom?
    Nyan!—1986
  • Nnubɔne a Wɔnom—Ano Aduru Wɔ Hɔ!
    Nyan!—2001
Nyan!—1985
g85 11/8 kr. 16-18

Mmofra Bisa Sɛ. . .

‘So Wii Pira Nipadua No Ampa?’

“Nsɛm a ɛsɛe adwene ara kwa.” Saa na aberante bi a wɔfrɛ no David taa ka amanneɛbɔ ahorow a ɛyɛ hu a ɔtee wɔ wii ho no nyinaa ho asɛm. Ɔwɔ nnamfo a wɔtaa nom wii nanso wonwuwu te sɛ nwansena. Wɔ nea onim nyinaa mu no, wɔn mu biara ahrawa ho mmaa akisikuru, wɔn adwene ho nkae na saa ara na wɔnyɛ wɔn a wontumi nwo mma esiane wii a wɔnom nti. Enti David ankasa fii ase nomee.

TE SƐ David no, mmofra afoforo pii mmu nea ɛda adi sɛ ɛyɛ kasa a wɔkasa tia wii a wɔnom no. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe daa no adi sɛ mmofra kuw bi a wɔnom wii no mu bɛyɛ fã annye anni sɛ epira nipadua no. Na mmɔden a wɔbɔ sɛ wobeyi mmofra hu ma wɔagye adi sɛ ɛte saa no nso ɛ?Journal of Education kae sɛ: “Nhyehyɛe ahorow a wɔyɛ de kasa tia nnubɔne a wɔde di dwuma a wɔde yi nkurɔfo hu nyɛ nea atumi ayɛ yiye.”

Afei nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɛte sɛ nea abenfo mpo adwene ntumi nhyia wɔ sɛ ebia wii ye anaasɛ epira nipadua no ho no wɔ hɔ. Asɛm bi a epuei wɔ Science nsɛmma nhoma no mu no kae sɛ: “Tumi a wii a wɔnom no betumi ayɛ nea asiane wom no ama nyansahufo mu apaapae kɛse . . . Mpɛn pii ɛyɛ den ma obi a onni osuahu a ɔhwehwɛ akwankyerɛ no sɛ obehu wɔn mu nea ɛsɛ sɛ ogye no di.”

Dɛn nti na wogye wii ho akyinnye kɛse saa? So wɔn a wɔka wii ho asɛmmɔne no dan kɔ nsɛm a wɔka de yi nkurɔfo hu ara kwa so?

Mmofra pii susuw sɛ ɛte saa. Obi a wadi mfe 15 no ka sɛ: “Misusuw sɛ wɔkyerɛw nhoma pii de yi yɛn hu. Biribiara nni hɔ a makenkan a ama magye atom sɛ ɛyɛ nokware.” Ampa, ɛnsɛ sɛ obi gye biribiara a ɔkenkan no di. Mmebusɛm ka sɛ: “Atetekwa gye nsɛm nyinaa di.” Ɛkɔ so ka sɛ, “Na onitefo hwɛ ne nantew mu yiye.” Anaa, sɛnea Bible nkyekyem foforo ka no: “Onitefo bɛyɛ n’ade nyinaa wɔ nimdeɛ mu.” (Mmebusɛm 14:15; 13:16) Enti ɛyɛ wo asɛyɛde sɛ wubehu nokwasɛm ahorow a ɛfa wii ho no na ama woatumi asi ne nom ho gyinae a nyansa wom. Ɛnde ma yemfi ase denam mmɔden a yɛbɛbɔ sɛ yebehu nea enti a wogye asɛm yi ho akyinnye kɛse no so.

Dɛn Nti Na Wogye Ho Kyim?

Nea ɛyɛ ɔhaw titiriw ne sɛ ɛyɛ den kɛse sɛ wɔbɛyɛ wii ho nhwehwɛmu. Ɛte sɛ ɔdan a wɔde nnuru sie mu a nnuru a ɛwɔ ne wusiw mu no boro 400. Nnuru yi mu bɛboro 50 a wɔfrɛ no cannabinoids no yɛ nea wohu wɔ wii anaa marijunana nkutoo mu. Nokwarem no, nnuru a ɛte saa no mu biako pɛ​—delta-9-THC​—na wogye di sɛ ɛma aduru no tumi bow obi titiriw. Nanso esiane sɛ wodua wii wɔ tebea ahorow ahorow mu nti, nsonsonoe kɛse wɔ sɛnea wii kuw biara ano den te no mu. Eyi betumi asɛe nea ebefi nhwehwɛmu no mu aba no. Nea ɛma asɛm no yɛ den bio no ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔtwe emu wusiw kɔ wɔn mu na wɔmfa ngu paane mu nwɔ obi no. Enti ɛyɛ den sɛ wɔde ne dodow pɛpɛɛpɛ bɛma wɔn a wɔde wɔn yɛ nhwehwɛmu no ma wɔanom a wɔremfa delta-9-THC ngu paane mu nwɔ wɔn. Saa a wɔyɛ no mma nyansahufo nhu sɛnea aduru no ka nnipa bere a wɔatwe emu wusiw akɔ wɔn mu a nnuru ahorow 400 a ɛka ho no ka ho.

Bere a nyansa bɛma yɛahu sɛ wusiw bɔne a yɛbɛtwe akɔ yɛn mu no bɛka yɛn akwahosan no, kyerɛ a yɛbɛkyerɛ sɛ ɛte saa no nyɛ den. Nnuru a ɛma obi nya akisikuru no yɛ adwuma nkakrankakra. Ɛno nti na egyee nnuruyɛfo mfe bɛboro 60 ansa na wohu sɛ sigaret wusiw ma wonya akisikuru. Enti nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔn a wɔnom wii no ntwa nhwe fam nwu amonom no nkyerɛ sɛ aduru no nyɛ nea epira nipadua no. Nanso obiara nni hɔ a obetumi aka nokwarem sɛ wɔn a wɔnom wii no benya akisikuru wɔ wɔn ahrawa ho da bi. Ebegye mfe pii ansa na obi ahu nea wii mu nnuru 400 no yɛ nipadua no ankasa.

Ɛsɛ Sɛ Wobu No Sɛ Edi Awu Kosi Sɛ Wɔbɛkyerɛ Sɛ Ɛnte Saa

Ɛnde ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa pii adwene nhyia wɔ aduru a agye din yi ho. Nanso mmofra a wobu eyi sɛ ɛyɛ kwan a wɔama wɔn sɛ wɔnnom wii no redi mfomso kɛse! Abɔde ho ɔdenimfo George K. Russell kae yɛn wɔ ne nhoma Marihuana Today no mu sɛ “wɔ nnuruyɛfo mu no, dodow no ara pene so sɛ ɛsɛ sɛ wobu aduru bi sɛ epira nipadua no kosi sɛ wɔbɛkyerɛ sɛ ɛnte saa”!​—Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.

Nnuruyɛfo nam ɔkwan a ɛyɛ awerɛhow so ahu sɛ ɛyɛ nea asiane wom sɛ wɔbɛka nnuru bi ho asɛm sɛ empira nipadua no bere a wɔmfaa mfe pii nyɛɛ ho nhwehwɛmu na wɔnnsɔ nhwɛe no. Wɔ 1950 mfe no mu no, nyansahufo yɛɛ aduru bi a wogye toom sɛ ɛyɛ nea wɔnom a ɛma wotumi da a asiane biara nni ho koraa. Mmea a wɔyem ɔhaha pii nomee bi. Na afei wofii ase wowoo mmofra a wɔadi dɛm. Enti asiane a aduru yi ma ɛbae no yɛ ade a ɛkae yɛn kɛse sɛ ɛyɛ nea nyansa wom sɛ wɔbɛka aduru bi ho asɛm sɛ epira nipadua no kosi sɛ wɔbɛkyerɛ sɛ ɛnte saa.

Jamaica Nhwehwɛmu No

Dɛn nti na ɛte sɛ nea nhoma ahorow a agye din no bu ani gu wii a wɔnom no so sɛ ɛmpene so a? Sɛ nhwɛso no, Psychology Today kae sɛ: “Adanse kakraa bi na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ [wii] pira nipadua no.” Nanso adwene yi gyina nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Jamaica a wɔaka ho asɛm kɛse no so titiriw. Phychology Today kaa nhwehwɛmu no ho asɛm sɛ “onipa asetra ho nhwehwɛmu kɛse.”

Mfiase no na ɛte sɛ nea wɔagye nhwehwɛmu no atom. Na ɛyɛ Amerika Aban Asoɛe a wɔfrɛ no National Institute of Mental Health na ɛhyɛe sɛ wɔnyɛ nhwehwɛmu no. Onipa asetra ho adenimfo kuw bi kɔɔ Jamaica (faako a wii bi a ano yɛ den a wɔfrɛ no ganja agye din kɛse wɔ hɔ mfehaha pii) na wɔpaw nnipa 30 a wɔnom ganja pii ne nnipa 30 a wɔnnom. Wɔde wɔn yɛɛ aduruyɛ mu nhwehwɛmu. Dɛn na efii mu bae? Marihuana Today nhoma no ka sɛ, wɔanhu “Biribi soronko titiriw” wɔ wɔn a wɔnom ne wɔn a wɔnnom no ho. Wɔn a wɔpene wii a wɔnom so no ani gyei! Wɔkae sɛ, ‘Awiei koraa no, wɔakyerɛ sɛ wii ntumi mpira nipadua no.’

Nanso ɔkwan bɛn so na nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ Jamaica no yɛ ‘onipa asetra ho nhwehwɛmu kɛse?’ Abenfo kyerɛ sɛ na mfomso kɛse bi wɔ nhwehwɛmu no ho: Wɔpaw wɔn a wɔnom a wɔwɔ apɔwmuden kɛse a “wɔyɛ wɔn ade pɛpɛɛpɛ wɔ ɔman no mu” na wɔde wɔn yɛɛ nhwehwɛmu no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔanhu “biribi soronko titiriw” wɔ wɔn a wɔnom ne wɔn a wɔnnom no ho. Ɛbɛyɛ sɛ nhwehwɛmufo no yii wɔn a wii ama wɔanya nipadua ne adwenem yare no fii nhwehwɛmu no mu.” Bio nso wɔkaa nhwehwɛmu no ho asɛm sɛ, wɔanyɛ nipadua no ho nhwehwɛmu no yiye na ɛho nhyehyɛe ahorow no nni mu. Wɔkae se Ɔbenfo Carlton a ɔyɛ asɛm no ho ɔdenimfo kae sɛ wɔ nsɛm pii a wɔkae wɔ nhwehwɛmu yi ho nyinaa akyi no, “wɔantintim wɔ nyansahu ho nsɛmma nhoma biara mu da. Antumi annyina nyansahu mu nhwehwɛmu a wɔsan yɛ no ano.”

Ebia adanse a ɛsen biara a wodi de tia nhwehwɛmu no fi nnuruyɛfo a wɔahwɛ wɔn a wɔnom ganja mfe pii no hɔ. Sɛ nhwɛso no, wɔ 1972 mu no, Oduruyɛfo John A. S. Hall a ɔsom fii 1965 sɛ Dwumadibea a ɛhwɛ Aduru ho nsɛm so wɔ Kingston Ayaresabea wɔ Jamaica no Titrani no kae sɛ epira nipadua no. Ɔka sɛ wɔn a wɔnom wii no mu pii ahrawa ne wɔn adwene ho aka kɛse.

“Ɔman No Ahiasɛm Kɛse”

Wɔ akyinnye no nyinaa akyi no, nyansahufo ahu wii ho nokwasɛm a emu yɛ den bi. Nnansa yi U.S., Aban no gyinaa Aduruyɛ Sukuu bi a agye din akyi​—“nyansahufo kuw bi a wɔde ho a wonni afã biara wɔ asɛm a wogye ho akyinnye kɛse no mu”​—sɛ wɔnhwehwɛ asɛm yi mu. Sukuu no mu abenfo kuw no hwehwɛɛ nhwehwɛmu ho nhoma mpempem pii mu na wɔkaa asɛm a ɛyɛ hu yi: “Nyansahu mu adanse a wɔakyerɛw ato hɔ abesi nnɛ kyerɛ sɛ wii ka adwene ne nipadua no wɔ akwan horow pii so na anyɛ yiye koraa no, wɔ tebea horow bi mu no, epira nipadua. . . . no. Nea yɛka titiriw ne sɛ asɛm kakraa bi a yenim wɔ sɛnea wii ka onipa akwahosan ho ne sɛ​—yɛwɔ biribi a yebetumi agyina so aka sɛ​—ɛyɛ nokware sɛ ɛyɛ ɔman no ahiasɛm kɛse ampa.”​—Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.

Ɛnde ɛsɛ sɛ Kristofo bu asɛm yi dɛn? Bible no hyɛ wɔn sɛ wonkwati nneyɛe ahorow a ‘egu ɔhonam ho fi.’ (2 Korintofo 7:1) Ɛka kyerɛ wɔn bio nso sɛ ‘wɔmmɔ . . . adwene ho ban.’ (Mmebusɛm 3:21, NW)

[Ase hɔ nsɛm]

Nnipa a wɔpaw wɔn de wɔn yɛ nhwehwɛmu no yɛ asɛm foforo a emu yɛ den ma nyansahufo. Sɛ wɔde wɔn a wɔnom wii a wɔyare anaa wɔanya adwenemyare yɛ nhwehwɛmu no a, ebinom ka sɛ adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wu no na ɛma wonyaa nyarewa no.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 18]

‘Asɛm kakraa bi a yenim wɔ ka a wii ka onipa akwahosan ho a ɛyɛ nokware no da no adi sɛ ɛyɛ ɔman no ahiasɛm kɛse ampa.’​—Aduruyɛ Sukuu no ka wɔ n’amanneɛbɔ a ɛfa Wii ne Akwahosan ho no mu.

[Kratafa 17 mfoni]

Mmofra nnye ko a wɔko sɛ wii pira nipadua no ntom bere a wohu adenimfo sɛ wɔnom no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena