Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 7/8 kr. 9-11
  • Nnubɔne a Wɔnom—Ano Aduru Wɔ Hɔ!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnubɔne a Wɔnom—Ano Aduru Wɔ Hɔ!
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ebinom Tumi Gyae Nnubɔne Nom
  • Nea Enti a Nnipa Ntumi Nsiw Nnubɔnenom Ano
  • Dɛn na Onyankopɔn Bɛyɛ De Asiw Ɔhaw no Ano?
  • Nnubɔne—Dɛn Nti na Nkurɔfo De Di Dwuma?
    Nyan!—2001
  • Mmabun ne Nnubɔnenom
    Nyan!—2003
  • Obiara Nom Marijuana—Dɛn Nti Na Ɛnsɛ Sɛ Menom?
    Nyan!—1986
  • ‘So Wii Pira Nipadua No Ampa?’
    Nyan!—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 7/8 kr. 9-11

Nnubɔne a Wɔnom—Ano Aduru Wɔ Hɔ!

“NNUBƆNE Pii a Wɔde Asie Nsa Ntoa Mu.” Atesɛm krataa mu asɛm a ekura saa asɛmti no kaa sɛnea polisifo a wɔwɔ Johannesburg, South Africa no de wɔn nsa too Amerika Anaafo fam nsa ntoa 11,600 a ɛwɔ adaka mu wɔ hyɛmma mu so no. Na wɔde nnubɔne a emu duru yɛ kilogram 150 kosi 180 afra nsa no. Wɔka sɛ ɛno ne nnubɔne a ɛdɔɔso sen biara a wɔawia wɔn ho de aba ɔman no mu pɛn.

Ɛwom sɛ nsɛm a ɛte saa no kyerɛ nkonim a wɔredi de, nanso nokwasɛm no ne sɛ wɔ wiase nyinaa no nnubɔne a wowia wɔn ho de kɔ baabi no mu ɔha mu 10 kosi 15 pɛ na polisifo tumi hu. Awerɛhosɛm ne sɛ eyi te sɛ okuafo bi a otwitwa nsɔnhwea so kɛkɛ na ontu ase no.

Mfaso kɛse a wonya fi nnubɔne mu no mma aban no ntumi nsiw ne yɛ ne ne tɔn ano. Wobu akontaa sɛ wɔ United States nkutoo no, mfaso a wonya fi nnubɔne a wɔde fa sum ase kɔtɔn mu no ano si dɔla ɔpepepem pii. Esiane sika kɛse a ɛte saa a wonya nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ polisifo ne aban mpanyimfo mpo de wɔn ho hyɛ amumɔyɛsɛm a ɛte saa mu.

Alex Bellos a ɔyɛ The Guardian Weekly atesɛm krataa no sɛnkyerɛwfo no bɔɔ amanneɛ wɔ Brazil sɛ sɛnea nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ mmarahyɛ bagua mu kyerɛ no, “wɔkan mmarahyɛ baguafo no mu baasa, asoafo abadiakyiri 12, ne kurow so ahwɛfo baasa . . . kaa nnipa bɛboro 800 a wɔde wɔn ho hyɛɛ sum ase nsɛmmɔnedi mu ne nnubɔne tɔnfo a wɔwɔ Brazil no ho. Na polisifo, mmaranimfo, ne akuafo 17 a wofi amantam 27 mu nso ka ho.” Ɛho ɔbenfo bi a ɔwɔ Brasília Sukuupɔn mu kaa nea esii yi ho asɛm sɛ: “Ɛyɛ aniwude ma Brazilfo nyinaa.” Ade koro no ara na yebetumi aka afa aman pii a nnubɔne agye ntini wɔ mu no ho. Sɛnea nkurɔfo tɔ nnubɔne no na ɛma enya nkɔso kɛse.

Esiane sɛ anohyeto ho mmara a wɔhyehyɛ no mfa nkonimdi mma ahe biara nti, ebinom ka sɛ wɔmma nnubɔne ahorow bi ho kwan. Nea wɔtaa ka ne sɛ ɛsɛ sɛ wɔma obiara kwan ma onya kakraa bi a obetumi de adi dwuma. Wɔka sɛ eyi betumi ama aban no asiw ano ntɛm na ɛremma nnubɔne tɔn mu akunini no nnya mfaso kɛse.

Ebinom Tumi Gyae Nnubɔne Nom

Awuduru a ɛwɔ nnubɔne mu no betumi ama wɔn a wɔnom no agyae na ama wɔanya akwahosan pa. Nanso, nokwasɛm no ne sɛ sɛ obi a nnubɔnenom aka ne hɔ gyae a, ɛyɛ mmerɛw sɛ ɔbɛsan akɔnom bio. Ɔkyerɛwfo Luigi Zoja kyerɛkyerɛ nea enti a ɛte saa no mu sɛ: “Ɛrenyɛ yiye sɛ wobɛma obi agyae ne suban bere a woremma no akwankyerɛ foforo a obetumi de adi dwuma.”

Darren, a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi kan mu no nyaa “akwankyerɛ foforo” a etumi sesaa n’asetra. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na meyɛ obi a onnye nni koraa sɛ Nyankopɔn wɔ hɔ, nanso eduu bere bi no ɛmfa ho sɛ na menom nnubɔne da mu nyinaa no, mibehui sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ. Wɔ asram abien anaa abiɛsa ntam no, mepɛe sɛ megyae nnubɔne nom, nanso me nnamfonom kɔɔ so de ɛho nsɛm haw me. Ɛwom sɛ mekɔɔ so nom nnubɔne de, nanso na mekenkan Bible daa ansa na mada. Na mentaa ne me nnamfo no mmɔ bio. Anadwo bi me ne m’adamfo a me ne no da no nom nnubɔne ma yɛbowee kɛse. Mekaa Bible ho asɛm kyerɛɛ no. Ade kyee no, ɔfrɛɛ ne nua barima a ɔyɛ Yehowa Dansefo no wɔ telefon so. Ɔkyerɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔ Ɔdansefo bi a ɔte kurow a yɛte mu no ara mu hɔ, na mikohuu no.

“Yɛbɔɔ nkɔmmɔ kosii anadwo 11:00, na ɔmaa me nhoma pii a wɔde sua Bible. Mifii ase ne no suaa Bible no na migyaee nnubɔne ne sigaret nom. Bɛyɛ asram akron akyi no, wɔbɔɔ me asu sɛ Yehowa Adansefo no mu biako.”

Nnubɔnenom a obi begyae no nna fam. Michael, a ne ho asɛm puee asɛm a edi eyi anim mu no kyerɛ nsɛnnennen a ohyiae bere a ogyaee nnubɔne a na ɔde mfe 11 anom no: “Na mintumi nnidi mpo ma enti mefɔnee. Afei nso, na me ho tĩtĩ me, na mfifiri firi me, na na mihu nnipa a minhu wɔn yiye. Na ɛtaa dɔ me kɔn kɛse sɛ mɛsan akɔnom bio, nanso esiane sɛ mebɔɔ Yehowa mpae na misuaa Bible no nti, mitumi gyaee.” Saa nkurɔfo a na wɔnom nnubɔne yi gye toom sɛ ɛho hia sɛ wɔne wɔn nnamfonom twa wɔn abusuabɔ mu koraa.

Nea Enti a Nnipa Ntumi Nsiw Nnubɔnenom Ano

Nnubɔnenom yɛ wiase haw akɛse no mu biako pɛ. Abɔnefosɛm, nsɛmmɔnedi, ne atirimmɔdensɛm akɛse, ahyɛ wiase ma. Bible ka sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19) Ɔsomafo Yohane ka saa ‘ɔbɔnefo’ no ho asɛm wɔ Adiyisɛm 12:9 sɛ: “Na wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no, fii hɔ tow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui.”

Sɛ nnipa mmerɛwyɛ no da nkyɛn a, ɛsɛ sɛ wɔne ɔtamfo kɛse yi di asi nso. Satan na ɔmaa nnipa hwee ase mfiase no. Wasi ne bo sɛ ɔbɛbrɛ nnipa ase na watwe wɔn afi Onyankopɔn ho. Nnubɔnenom yɛ ɔkwan biako a ɔnam so nya nnipa. Wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ “ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.”—Adiyisɛm 12:12.

Dɛn na Onyankopɔn Bɛyɛ De Asiw Ɔhaw no Ano?

Bible kyerɛ nhyehyɛe a Ɔbɔadeɛ no fi ɔdɔ mu ayɛ sɛ ɔde begye adesamma afi nnebɔne mu no. Wɔka kyerɛ yɛn wɔ 1 Korintofo 15:22 sɛ: “Sɛnea wɔn nyinaa wu Adam mu no, sɛ nso wɔn nyinaa benya nkwa Kristo mu ne no.” Yesu fi ne pɛ mu baa asase so sɛ nipa a ɔyɛ pɛ na ɔde ne nkwa bɔɔ afɔre de gyee nnipa fii bɔne ne owu mu.

Nim a nnipa pii nim nea enti a yewuwu ne nnipa haw ano aduru no ahyɛ wɔn den na ama wɔanya akokoduru a wɔde bɛtwe wɔn ho afi nnubɔne ho. Nanso, Bible yɛ pii ma yɛn sen sɛ ɛbɛboa ankorankoro ma wɔatwe wɔn ho afi nnubɔnenom ho ara kɛkɛ. Ɛka bere bi a wobeyi Satan afi hɔ na wiase haw nyinaa ne nnubɔnenom nso afi hɔ koraa ho asɛm.

Adiyisɛm nhoma no ka “nkwa nsu asubɔnten a ani tew sɛ ahwehwɛ a efi Nyankopɔn ne oguammaa no ahengua no mu” ho asɛm. (Adiyisɛm 22:1) Saa nsu yi gyina hɔ ma Onyankopɔn nsiesie a ɔnam Yesu Kristo so ayɛ na ama nnipa anya nkwa a ɛyɛ pɛ wɔ paradise asase so no. Adiyisɛm ka nkwa nnua a ayɛ frɔmfrɔm a esisi nsu no ho ho asɛm sɛ: “Na dua no nhaban na wɔde sa amanaman no yare.” (Adiyisɛm 22:2) Saa nsɛnkyerɛnne kwan so nhaban no kyerɛ ɔkwan a Yehowa nam so bɛma adesamma anya honhom fam ne nipaduam pɛyɛ.

Awiei koraa no, ɛnyɛ nnubɔnenom nko na nnipa benya ahofadi afi ho, na mmom ɔhaw a ahyɛ wiase bɔne yi mu ma no nso!

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 9]

Mfaso Bɛn Na Ɛwɔ Wii So?

Aman binom pɛ sɛ wɔma kwan ma wɔde wii di dwuma, ɛnkanka wɔ aduyɛ mu. Wɔahu sɛ aduru a ɛte saa no tumi ma obi ho tɔ no ntɛm wɔ oprehyɛnyɛ mu, na etumi ma wɔn a wɔwɔ AIDS no kɔn dɔ aduan. Afei nso etumi dwudwo yaw ano.

Ɛwom sɛ ɛsono nea wɔaka wɔ nhwehwɛmu ahorow a wɔayɛ no ho de, nanso nhwehwɛmu a New Scientist nsɛmma nhoma no bɔɔ ho amanneɛ no akyerɛ ɔhaw bi a efi wii a wɔde di dwuma mu ba.

Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Harvard Sukuupɔn mu no kyerɛ nsonsonoe a ɛda nnipa a wɔnom wii daa ne wɔn a wɔntaa nnom no ntam. Wɔanhu nsonsonoe ahe biara wɔ sɛnea wɔn nyinaa susuw nneɛma ho fa no mu. Nanso, nhwehwɛmu biako a ɛfa sɛnea wogyina nsɛm tebea ano ho mu no, wohui sɛ wɔn a wɔnom wii no wɔ nsɛnnennen.

Sukuupɔn foforo nso de bɛboro mfe 15 yɛɛ nhwehwɛmu wɔ nnipa bi a wɔnom wii ne wɔn a wɔnom sigaret no mu. Na wɔn a wɔnom wii no nom abiɛsa anaa anan da koro, na na wɔn a wɔnom sigaret nkutoo no nom 20 anaa nea ɛboro saa da koro. Na akuw abien yi nyinaa mufo bɔ waw anaasɛ wɔwɔ ahurututu mu nyarewa. Saa nso na wɔn ahurututu mu a wɔhwehwɛe no daa no adi sɛ wɔn nyinaa wɔ nsɛnnennen.

Ɛwom sɛ nkurɔfo a wɔnom wii no nnom pii de, nanso wohui sɛ awuduru a ɛwom no yɛ nea ɛwɔ sigaret mu no mprɛnsa. Afei nso, New Scientist nsɛmma nhoma no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Wɔn a wɔnom wii no twe wusiw pii kɔ wɔn mu na wɔma egyina wɔn mu kyɛ.”

Afei nso, wohui sɛ sɛnea nkwammoaa a ɛwɔ wɔn a wɔnom sigaret aharawa mu tumi ko tia nyarewa no kyɛn wɔn a wɔnom wii no de ɔha mu 35.

[Asɛm Fibea]

U.S. Navy photo

[Adaka wɔ kratafa 11]

‘Ade a Ɛhyɛ Awofo Aniwu Kɛse’

South Africa atesɛm krataa Saturday Star no samufo asɛm bi susuw sɛnea mmerante ne mmabaa pii a wɔwɔ South Africa no renom nnubɔne nnɛ no ho kɛse, na ɔkyerɛwee sɛ:

“Eyi a yɛn mma yɛ [sɛ wɔnom nnubɔne] no, taa hyɛ yɛn awofo ne ɔman no nyinaa aniwu kɛse. Da biara yɛyɛ adwumaden de pɛ sika, de yɛn bere ne yɛn ahoɔden hwehwɛ honam fam nneɛma. Yɛn mma no hia yɛn mmoa kɛse. So yenya bere a ɛfata ma wɔn? Ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛma wɔn sika na amma wɔankɔ so anhaw yɛn. Ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛyɛ saa sen sɛ yebetie wɔn—sɛ yebetie nea ɛhaw wɔn, wɔn anidaso, ne wɔn adesoa. Anadwo yi mpo, bere a yɛredidi anaa yɛrehwɛ TV no, so yenim nea wɔreyɛ mpo?”

Anaasɛ yenim nea wɔresusuw ho mpo?

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Nnipa pii atumi agyae nnubɔnenom

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena