Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 7/8 kr. 6-8
  • Nnubɔne—Dɛn Nti na Nkurɔfo De Di Dwuma?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnubɔne—Dɛn Nti na Nkurɔfo De Di Dwuma?
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dwuma a Anigyede Di
  • Dɛn Nti na Nnubɔnenom Ka Ebinom Hɔ?
  • Nnubɔne a Ɛma Nkurɔfo Tumi Yɛ Ade Boro So
  • Ɔkwan Bɛn so na Ɛyɛ Mmerɛw sɛ Wobenya Nnubɔne?
  • Dɛn Ankasa na Ɛma Nkurɔfo Nom Nnubɔne?
  • Mmabun ne Nnubɔnenom
    Nyan!—2003
  • Nnuru—Hena na Ɔde Di Dwuma?
    Nyan!—2001
  • Ɔkwan a Wobɛfa so Abɔ Wo Mma Ho Ban
    Nyan!—2003
Nyan!—2001
g01 7/8 kr. 6-8

Nnubɔne—Dɛn Nti na Nkurɔfo De Di Dwuma?

“NA MADI mfe 13, bere a me yɔnko paa bi nuabea too nsa frɛɛ me wɔ ne fie anwummere bi no. Obiara fii ase nom wii. Mfiase no, m’ani annye ho, nanso wɔhyɛɛ me ma mesɔ hwɛe akyiri yi.” Eyi ne ɔkwan a Michael a ofi South Africa no faa so nom nnubɔne.

“Mifi abusua bi a wɔde nnwonto ayɛ wɔn adwuma mu. Na mebɔ sanku na na nnwontofo no mu biako nom wii ahomegye bere biara. Ɔhyɛɛ me asram pii sɛ mennom bi. Awiei koraa no, mesɔ hwɛe na mifii ase nom bi daa.” Saa na ɛyɛe a Darren a ofi Canada no bɛnom nnubɔne.

Saa nnipa baanu yi kɔɔ so de nnuru afoforo te sɛ LSD, opium, ne nnuru afoforo a etumi ma obi nya ahoɔden soronko no dii dwuma. Sɛ wɔkae sɛ wɔanom nnubɔne da a, wogye tom sɛ atipɛnfo na wɔhyɛɛ wɔn kɛse ma wofii ase nomee. Michael ka sɛ: “Mansusuw da sɛ bere bi bɛba a mɛnom nnubɔne, nanso na saa mmofra yi nkutoo ne me nnamfo a mewɔ na na meyɛ dɛn ara a ɛsɛ sɛ me ne wɔn bɔ.”

Dwuma a Anigyede Di

Ade titiriw biako a ɛma nkurɔfo fi nnubɔnenom ase ne atipɛnfo nhyɛso, na mmerante ne mmabaa titiriw na etumi nya wɔn so nkɛntɛnso. Afei nso, wɔn mfɛfo a wɔbɔ mmɔden wɔ agumadi mu na wɔde wɔn ayɛ anyame no nso tumi nya wɔn so nkɛntɛnso kɛse.

Wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ anigyede mu no de nnubɔne di dwuma kɛse. Sɛ edu mmere bi a, nnwontofo akɛse no taa de wɔn ho hyɛ nnubɔne a ano yɛ den nom mu bere a wɔrebɔ nnwom no. Nnipa pii a wɔwɔ sini ahorow mu no nso taa de nnubɔne di dwuma.

Wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ anigyede mu no betumi aka nnubɔne ho asɛm ma ayɛ akɔnnɔ ma enti etumi nya mmerante ne mmabaa so nkɛntɛnso ntɛm ara. Newsweek bɔɔ amanneɛ wɔ 1996 mu sɛ: “Mmofra pii a wɔakɔ Seattle no kɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔnom heroin esiane sɛ Cobain a ɔbɔ rock nnwom no nom bi nti.”

Wɔka nnubɔne ho nsɛm dɛdɛɛdɛ wɔ nsɛmma nhoma mu, sini ahorow mu, ne television so. Saa ara na wɔn a wɔpam ntade no ani gye ntade a wɔn a wɔyɛ teateaa na wɔn yafunu sua na wɔnom nnubɔne no hyɛ no ho.

Dɛn Nti na Nnubɔnenom Ka Ebinom Hɔ?

Nneɛma afoforo pii nso ka ho na nnipa pii nom nnubɔne. Nea ɛka eyinom ho ne abasamtu, adwenemhaw, ne atirimpɔw biara a nkurɔfo nni wɔ asetram no. Nea ɛka ho bio ne sikasɛm mu ahokyere, adwuma a wonnya nyɛ, ne nhwɛso pa a awofo nyɛ.

Ebinom nso nom nnubɔne na ama wɔatumi ne nnipa abɔ. Wogye di sɛ nnubɔne a wɔbɛnom no betumi ama wɔanya wɔn ho mu ahotoso na ama wɔanya nimdeɛ na ama afoforo apɛ wɔn asɛm. Afoforo nso hu sɛ eye sɛ wɔbɛnom nnubɔne sen sɛ wɔbɛma wɔn ani ada hɔ de adi wɔn asetra mu nsɛm ho dwuma.

Asetra mfonoe nso yɛ ade biako a ɛma mmerante ne mmabaa nom nnubɔne. The Romance of Risk—Why Teenagers Do the Things They Do nhoma no ka asetra mfonoe ne akwankyerɛ pa a awofo mfa mma ho asɛm sɛ: “Mmarimaa ne mmeawa ba fie a wɔmmɛto obiara. Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔbɛyɛ ankonam ma enti wɔmpɛ sɛ ɛka wɔn nkutoo. Wɔn nnamfo bɛsra wɔn, nanso ɛno ntaa mma wɔn ani nnye. Wɔde bere pii hwɛ television na wotie nnwom anaasɛ wɔhwehwɛ anigyede wɔ Intanɛt so. Ɛnyɛ den koraa sɛ wɔ saa tebea yi mu no, wɔbɛnom sigaret anom nnubɔne nso.”

Michael a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no kaa sɛnea na n’awofo nnya bere mma no wɔ fie no ho asɛm sɛ: “Na yɛn abusua no yɛ abusua a emu yɛ anigye. Na yɛwɔ abusuabɔ a edi mu ankasa. Nanso, na m’awofo no nyinaa yɛ adwuma ma enti sɛ ade kye a na yennya akwankyerɛ biara. Afei nso, na yɛn awofo ma yenya ahofadi kɛse. Na wɔnteɛ yɛn so. Na m’awofo nnim koraa sɛ menom nnubɔne.”

Sɛ nnubɔnenom nya ka ebinom hɔ a, pii ani begye ho ma wɔkɔ so nom no daa. Michael a na ɔnom nnubɔne daa kaa sɛnea enyaa ne so nkɛntɛnso no ho asɛm sɛ: “Na ɛma mesosõ adae bere nyinaa. Na mitumi soso anigyede pii ho dae. Na minsuro hwee. Na m’ani gye biribiara ho.”

Obi a ɔno nso anom nnubɔne pɛn a wɔfrɛ no Dick, a ofi South Africa a ofii ase nom wii bere a na wadi mfe 13 no kaa sɛnea enyaa ne so nkɛntɛnso ho asɛm sɛ: “Na asɛm biara a mete no yɛ me serew. Na biribiara a obi bɛyɛ no yɛ me fɛ.”

Sɛnea nnubɔne di awu ho kɔkɔbɔ a wɔde ma no mma mmerante ne mmabaa mmɔ hu. Wɔtaa ka sɛ “entumi nyɛ me hwee.” Talking With Your Teenager nhoma no kyerɛ nea enti a mmerante ne mmabaa bu wɔn ani gu sɛnea nnubɔne betumi ahaw wɔn akwahosan ho kɔkɔbɔ so no: “Wɔn ho yɛ den na wɔte apɔw araa ma wosusuw sɛ hwee ntumi nyɛ wɔn. Mmerante ne mmabaa taa te nka sɛ ‘hwee ntumi nyɛ wɔn.’ Wosusuw sɛ mpanyimfo nkutoo na ahurututu mu kokoram, sadweam, ne nnubɔnenom ntraso tumi nya wɔn so nkɛntɛnso na ɛnyɛ wɔn.” Dodow no ara nnim asiane a ɛwom no, sɛnea ɛda adi wɔ nnubɔne ahorow pii a aba so nnɛ ho no. Ɛne dɛn?

Nnubɔne a Ɛma Nkurɔfo Tumi Yɛ Ade Boro So

Wɔtaa de adubɔne a wɔfrɛ no MDMA di dwuma de si pɛ wɔ agodidan mu bere a wɔbɔ nnwom saw anadwo mũ nyinaa no. Wɔn a wɔtɔn saa aduru yi no ma afoforo te nka sɛ aduru no betumi aboa wɔn ma wɔn ani agye na ama wɔanya ahoɔden de asaw anadwo mu no nyinaa. Aduru no boa wɔn ma wɔsaw nnɔnhwerew pii kosi sɛ sɛnea nhoma kyerɛwfo bi kae no wɔbɛte nka sɛ “wɔreso dae.” Ababaa bi kyerɛkyerɛɛ sɛnea aduru no tumi ma obi te nka no mu sɛ: “Efi ase wɔ wo nansoaa ano na ɛma awɔse gu wo na ɛde nkakrankakra foro kɔ wo honam nyinaa mu.”

Nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ wɔn a wɔde aduru yi bi di dwuma no amemene mu no ada no adi ankasa sɛ ɛyɛ mfomso sɛ wɔn a wɔtɔn no bɛka sɛ enni awu. Aduru a ɛte saa no tumi sɛe ɛhon ntini a ɛwɔ amemene no mu no na ɛmma mogya a ɛwɔ nipadua no mu no ntumi mmɔ yiye. Dɛmdi a ɛte saa no tumi tra hɔ daa. Bere kɔ so no, ɛma obi nya adwenemhaw anaasɛ ɛma ɔyare awerɛfiri. Aduru yi a wɔde di dwuma no ama ebinom mpo awuwu. Afei nso, nnutɔnfo pii de aduru no fra heroin sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔtɔ no bɛnom abow.

Ɔkwan Bɛn so na Ɛyɛ Mmerɛw sɛ Wobenya Nnubɔne?

Wɔ aman pii mu no nnubɔne bo nyɛ den esiane sɛ abu so nti. Nea ama aba saa no bi ne amammui ne sikasɛm mu nsakrae. Nhwɛso titiriw biako ne South Africa, faako a amammui mu nsakrae ama aguadi akɔ so kɛse wɔ wɔne aman pii ntam no. Esiane eyi ne anibiannaso a wɔyɛ wɔ aman ahye so nti, nnubɔne tɔn anya nkɔso kɛse. Esiane sɛ yɛ ara na adwuma ho reyɛ den nti, nnipa pii tɔn nnubɔne na ama wɔanya sika. Wɔ mmeae a wɔde nnubɔne di dwuma kɛse no, nsɛmmɔnedi mpa hɔ da. Sɛnea atesɛm krataa bi bɔ amanneɛ no, polisifo kɔ so tetɛ mmofra a wɔkɔ sukuu wɔ Gauteng, South Africa—a wɔn mu bi adi mfe 13 pɛ—no, esiane nnubɔne a wɔtɔn nti. Sukuu pii a ɛwowɔ hɔ no afi ase reyɛ emu mmofra no mu nhwehwɛmu sɛ ebia wɔnom nnubɔne anaa.

Dɛn Ankasa na Ɛma Nkurɔfo Nom Nnubɔne?

Akyinnye biara nni ho sɛ ntease pii nti na nkurɔfo nom nnubɔne. Nanso, ade titiriw bi na akɔfa eyinom nyinaa aba. Nhoma kyerɛwfo Ben Whitaker twe adwene si saa ade titiriw yi so sɛ: “Nnubɔne a wɔde di dwuma kɛse no fi nnipa mmerɛwyɛ ne wɔn sintɔ, a ɛnyɛ ankonamyɛ ne abasamtu nko; sɛ anka ɛnte saa a, adɛn nti na nnipa a wɔwɔ nimdeɛ na wodi yiye no nso nom nnubɔne sen sɛ wɔbɛma wɔn ani ada hɔ na wɔadi wɔn haw ho dwuma?”

Asɛmmisa yi fata efisɛ ɛma yehu nea enti a yentumi nnya yɛn honhom ne nkate fam ahiade wɔ wiase a honam fam nneɛma abu so wom na wodi yiye mu no. Nyamesom ahorow no mpo ntumi mfaa ahiade yi mmae esiane sɛ wɔabu wɔn ani agu ade titiriw a ɛde ɔhaw brɛ nnipa no so nti.

Ɛsɛ sɛ yehu saa ade titiriw no efisɛ ɛno na ɛbɛma yɛanya nnubɔnenom ano aduru ankasa. Yebesusuw eyi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Ɛtɔ da a, wɔn a wɔagye din ka nnubɔnenom ho asɛm ma ɛyɛ akɔnnɔ

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Nnubɔnenom abu so wɔ ɛnnɛ nnwonto mu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 8]

Wɔtaa tɔn nnubɔne ma nkurɔfo na ama wɔatumi asaw anadwo mũ nyinaa

[Nsɛm Fibea]

AP Photo/Greg Smith

Gerald Nino/U.S. Customs

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena