Nnuru—Hena na Ɔde Di Dwuma?
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ SOUTH AFRICA HƆ
“OBIARA nom aduru.” Wɔtaa ka asɛm a ɛte saa de daadaa wɔn a wonnim nnubɔne nom no ma wɔnom bi. Sɛ asɛm a ɛte saa betumi ayɛ nokware a, ebegyina sɛnea wɔkyerɛ “aduru” ase no so.
Wɔkyerɛ “aduru” ase sɛ: “Nnuru biara a wɔboapa yɛe anaasɛ wonya fii abɔde mu a ebetumi asesa sɛnea obi te nka, ne nsusuwii anaa ne nneyɛe no.” Eyi ne sɛnea wɔkyerɛ nnuru biara a etumi nya adwene ne nipadua so nkɛntɛnso no ase, ɛwom sɛ ɛmfa nnuru pii a wɔde sa nyarewa binom ho de.
Nkyerɛkyerɛmu a ɛte saa no ma ɛda adi sɛ mmosa nso yɛ aduru. Nea enye wɔ ho ne sɛ yɛbɛnom ama aboro so, sɛnea nnipa pii yɛ no no. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ ntoaso sukuu ne sukuupɔn ahorow mu wɔ atɔe fam man bi mu daa no adi sɛ “nsa a wɔnom ma ɛtra so no da so ara yɛ ɔhaw kɛse wɔ kɔlege ahorow mu.” Nhwehwɛmu no daa no adi sɛ sukuufo no ɔha biara mu 44 na wɔnom nsa ma ɛboro so.a
Te sɛ mmosa no, wɔma kwan ma wɔyɛ sigaret ɛmfa ho sɛ awuduru te sɛ nicotine wom no. Sɛnea Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no kyerɛ no, afe biara nnipa ɔpepem anan na sigaretnom kunkum wɔn. Nanso, wɔn a wodi akoten wɔ sigaret tɔn mu no anya wɔn ho kɛse na wɔyɛ nkurɔfo a wobu wɔn wɔ asetram. Afei nso, sigaretnom tumi ka nnipa hɔ kɛse na ɛkame ayɛ sɛ ne nom tumi ka nkurɔfo hɔ sen nnubɔne a aka no mu pii.
Nnansa yi, aman pii mma kwan mma wɔmmɔ sigaret ho dawuru na wɔde anohyeto ahorow bi atoto so. Nanso, nnipa pii da so ara bu sigaretnom sɛ ade a wogye tom wɔ asetram. Sini ahorow no kamfo sigaretnom kyerɛ kɛse. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ California Sukuupɔn a ɛwɔ San Francisco mu no daa no adi sɛ wɔ sini akɛse a wɔyɛe wɔ 1991 ne 1996 mu no nnipa a na wobu wɔn no mu ɔha mu 80 na na wɔnom sigaret.
Na Nnuru a “Wɔde Sa Nyarewa” no Ɛ?
Nnuru a wɔde sa nyarewa aboa nnipa pii, nanso wobetumi de ɛno nso adi dwuma wɔ ɔkwammɔne so. Ɛtɔ da bi a, nnuruyɛfo yɛ ntɛm kyerɛw nnuru ma afoforo anaasɛ ayarefo tumi hyɛ wɔn ma wɔkyerɛw nnuru a ɛho nhia pii no ma wɔn. Oduruyɛfo bi kae sɛ: “Nnuruyɛfo ntaa nnye bere mfa nhwehwɛ yare ko a ɛhaw ɔyarefo no mu. Ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛka sɛ ‘Gye aduru yi nom.’ Nanso na wonnii ɔhaw no ankasa ho dwuma.”
Wɔ nnuru a obiara tumi de ne pɛ tɔ te sɛ aspirin ne paracetamol mpo fam no, sɛ wɔamfa anni dwuma yiye a, ebetumi ahaw obi akwahosan. Paracetamol a wɔmfa nni dwuma yiye no tumi kunkum nnipa bɛboro 2,000 afe biara.
Sɛnea nkyerɛkyerɛmu a edi kan no kyerɛ no, tii ne kɔfe nso yɛ aduru, ɛwom sɛ bere a yɛrenom bi anɔpa no yensusuw saa de. Na ɛbɛyɛ nea ntease nnim sɛ yebebu anonne a obiara ani gye ho te sɛ tii ne kɔfe no te sɛ wii a etumi di awu kɛse no. Ɛno te sɛ nea obi de agyinammoa ba retoto gyata a ne ho yɛ hu ho. Nanso, sɛnea nnuruyɛfo binom kyerɛ no, sɛ wonom kɔfe nkuruwa anum anaa tii nkuruwa akron da biara a, ebetumi ahaw wo. Afei nso, sɛ wotew nea wonom no so prɛko pɛ a, “wo bo bɛfono wo, wo ti bɛpae wo, na wuntumi nhwɛ kanea,” te sɛ nea ɛtoo ɔbea bi a na ɔpɛ tii paa no.
Na Nnubɔne a Wɔnom No Nso Ɛ?
Ade a ɛhaw adwene pii ne sɛnea wɔde nnubɔne di dwuma wɔ agumadi mu no. Eyi daa adi wɔ 1998 Tour de France no ase, bere a woyii agumadi kuw a wɔbɔ mmɔden paa wɔ sakreka mu sii nkyɛn esiane sɛ na wɔanom nnubɔne a ɛma wɔyɛ ade boro so no nti no. Agumadifo no anya akwan pii a wɔfa so yɛ wɔn ade na amma wɔanhu sɛ wɔanom nnubɔne bi. Time nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ “agumadifo binom mpo ma wɔyɛ wɔn oprehyɛn a mpɛn pii no ɛyɛ yaw de ‘obi dwensɔ gu wɔn dwensɔtwaa mu.’”
Yennya nsusuw nnubɔne pii a wɔde di dwuma wɔ “anigyede” mu no ho. Eyinom bi ne wii, nnuru a ɛma nkurɔfo yɛ ade boro so (methylenedioxy-methamphetamine, anaa MDMA), LSD (lysergic acid diethylamide), nnuru a ɛma nkurɔfo nya ahoɔden soronko (te sɛ cocaine ne amphetamines), nnuru a ɛbrɛ adwenemhaw ase te sɛ heroin. Nea ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so nso ne nnuru a mmofra pii twe kɔ wɔn mu no. Nokwasɛm no ne sɛ, wonsiw nnubɔne a ɛtete saa no ano ma enti obiara tumi nya bi.
Adwene a ɛne sɛ wɔn a wɔde nnubɔne di dwuma no yɛ nnipa a wɔafonfɔn a wɔwɔ dan a emu ntew mu na wɔde nnubɔne wowɔ wɔn ho paane no betumi ayɛ atoro. Nnipa pii a nnubɔnenom aka wɔn hɔ no tumi yɛ asetram nneɛma a nnipa pii tumi yɛ no bi, ɛwom sɛ nnubɔnenom a aka wɔn hɔ no betumi aka nneɛma a wɔyɛ wɔ asetram no ɔkwan bi so de. Nanso, enni sɛ yebu yɛn ani gu ɔhaw a nnubɔnenom de ba no so. Nhoma kyerɛwfo bi kaa wɔn a wɔde cocaine di dwuma no ho asɛm sɛ “wɔtaa de aduru no wowɔ mpɛn pii wɔ bere koro mu, na ɛma wohu paane no ananmu pii ne mogya wɔ wɔn ho.”
Wɔ 1980 mfe no awiei mu hɔ no, nnubɔne a wɔde di dwuma no yɛɛ sɛ nea ɛso retew, nanso asan agye ntini wɔ wiase nyinaa. Newsweek nsɛmma nhoma no kae sɛ: “Nnubɔne pii a wɔde fa sum ase kɔtɔn no ho asɛm haw atumfoɔ no efisɛ ɛkame ayɛ sɛ nnubɔne ahyeta wɔ mmaa nyinaa na wonni sika—ne ɔkwampa biara—a wobetumi afa so asiw ano.” The Star nsɛmma nhoma a wotintim wɔ Johannesburg, South Africa, no kae sɛ sɛnea aban akontaabu kyerɛ no, “sɛ woyi nnipa baanan biara si hɔ wɔ South Africa a, wɔn mu biako nom mmosa ne nnubɔne daa.”
UN Asoɛe a Ɛhwehwɛ Asetram Nsɛm Mu no kae sɛ “wɔn a wɔyɛ nnubɔne ho adwuma wɔ sum ase no . . . abu so wɔ wiase nyinaa, na wɔde mfaso a wonya no mu fa kɛse no ara boa sikakorabea horow na wɔde afoforo nso buebue nnwuma ahorow a ɛma wonya mfaso kɛse. . . . Seesei wɔn a wɔde nnubɔne di dwuma no tumi fa kɔmputa so kɔ wiase mmeae ahorow a afoforo ani ntaa mma wɔn so.”
Ɛte sɛ nea Amerikafo pii de cocaine di dwuma daa a wɔn ani nni wɔn ho so. Discover nsɛmma nhoma mu asɛm bi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ebetumi aba sɛ nnubɔne na ama Amerikafo anya sika pii saa.
Nokwasɛm no ne sɛ ɛnnɛ nnipa pii de nnuru ahorow ne nnubɔne nso di dwuma wɔ wɔn asetram da biara. Sɛ yesusuw sɛnea nnubɔne ahorow ne sigaret ne mmosa asɛe ade kɛse no ho a, yebetumi abisa ama afata sɛ, Dɛn nti na nkurɔfo de di dwuma wɔ ɔkwammɔne so? Bere a asɛmmisa a ɛte saa wɔ yɛn adwenem no ɛfata sɛ yesusuw adwene a yɛn ankasa kura wɔ nnuru a ɛtete saa ho no ho.
[Ase hɔ asɛm]
a Nea nsa a wɔnom boro so kyerɛ ne sɛ ‘wɔ mmarima fam no, sɛ wɔtra ase pɛnkoro a wɔbɛnom nsa nkɔtoa anum anaa nea ɛboro saa, na wɔ mmea fam no, wɔbɛnom nkɔtoa anan anaa nea ɛboro saa.’
[Mfonini wɔ kratafa 3]
Nsa a wɔnom ma ɛtra so da so ara yɛ ɔhaw kɛse wɔ ntoaso sukuu pii mu
[Mfonini wɔ kratafa 5]
Nnipa pii bu sigaret ne nnuru a wɔde di dwuma wɔ “anigyede” mu sɛ nea asiane biara nni mu