Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 4/8 kr. 3-4
  • Mmabun ne Nnubɔnenom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmabun ne Nnubɔnenom
  • Nyan!—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnubɔne—Dɛn Nti na Nkurɔfo De Di Dwuma?
    Nyan!—2001
  • Ɔkwan a Wobɛfa so Abɔ Wo Mma Ho Ban
    Nyan!—2003
  • Nnuru—Hena na Ɔde Di Dwuma?
    Nyan!—2001
  • Nnubɔne a Wɔnom—Ano Aduru Wɔ Hɔ!
    Nyan!—2001
Nyan!—2003
g03 4/8 kr. 3-4

Mmabun ne Nnubɔnenom

“So na ɛsɛ sɛ wowu?”

Saa asɛmmisa yi puei wɔ Brazil nsɛmma nhoma Veja akyi. Nea na ɛka saa nsɛm no ho ne mmabun a wɔn ho yɛ fɛ a na wɔawuwu mfonini—mmabun a nnubɔnenom adi wɔn awu.

ƐMFA ho asiane ahorow a ani tua no, nkurɔfo kɔ so nom nnubɔne, na nnubɔne a wɔnom no saa no kɔ so di wɔn awu. Wobu akontaa sɛ nnubɔnenom ma United States sɛe bɛyɛ dɔla ɔpepepem 100 afe biara wɔ ayaresa mu, ɛmma adwumayɛfo ntumi nyɛ adwuma sɛnea ɛfata, wɔhwere sika pii, na ɛde basabasayɛ ba. Nanso ɛkame ayɛ sɛ mmabun—mmofra—na wohu ho amane kɛse. Sɛnea nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Brazil na wɔde ho amanneɛbɔ baa Jornal da Tarde mu kyerɛ no, mmabun a wɔadi fi mfe 10 kosi 17 no mu ɔha mu 24.7 na wɔanom nnubɔne bi pɛn.

Bere a ɛte sɛ nea mmofra a wɔadu mpanyin afe so a wɔnom nnubɔne wɔ United States so atew wɔ nnansa yi mfe mu no, mmabun a wɔwɔ hɔ a nnubɔnenom aka wɔn hɔ no dodow redɔɔso ma ɛyɛ hu. Susuw sukuufo a wɔakɔ wɔn anim wɔ ntoaso sukuu mu no ho hwɛ. Sɛnea nhwehwɛmu bi kyerɛ no, wɔn mu ɔha mu 37 na anyɛ yiye koraa no wɔnom wii afe a etwaam no. Na nnipa 5 biara mu 1 anom wii wɔ ɔsram a na atwam no mu. Ɛkame ayɛ sɛ na nnipa 10 biara mu 1 anom nnubɔne a ɛma wɔkɔ anigye mu bi wɔ afe a na atwam no mu. Bɛboro ɔha mu 6 na na wɔasɔ adubɔne a wɔfrɛ no LSD ahwɛ.

Eyi ho amanneɛbɔ a efi wiase nyinaa no yɛ ahodwiriw. Britain Adwumayɛbea a Ɛhwɛ Ɔman Akontaabu so bɔ amanneɛ sɛ “sukuufo a wɔadi fi mfe 11-15 no mu ɔha mu 12 na na wɔanom nnubɔne wɔ afe a na atwam no mu . . . Ɛda adi sɛ wii ne adubɔne a wɔnom kɛse sen biara.” Nea ɛma asɛm no yɛ hu koraa ne sɛ sukuufo no mu “bɛboro nkyem abiɛsa mu biako (ɔha mu 35) na na wɔanom nnubɔne yi mu biako anaa nea ɛboro saa.”

Amanneɛbɔ bi a Europa Aman Nkabom Kuw na etuaa ho ka da no adi sɛ, “mmosa a wɔnom boro so tɔ mu ntontan abu so kɛse” wɔ mmabun mu. Amanneɛbɔ no san ka sɛ saa adeyɛ a ɛne “asabow no de bere tiaa mu nneɛma bɔne te sɛ akwanhyia ahorow, basabasayɛ ne awuduru a wɔnom, asetram haw ahorow ba.” Amanneɛbɔ a efi Japan kyerɛ sɛ “nnubɔne a mmofra a wɔadu mpanyin afe so taa de di dwuma wɔ Japan ne nnuru te sɛ pɛtro mu pampan a wɔtwe kɔ wɔn tirim a ebetumi ama wɔde wɔn ho ahyɛ nnubɔnenom mu no.”

Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ, UN Kyerɛwfo Panyin Kofi Annan kae sɛ: “Nnubɔne resɛe yɛn mmusua, ama nsɛmmɔnedi abu so, ama nyarewa te sɛ AIDS mu retrɛw, na ɛresɛe yɛn mmabun ne yɛn daakye.” Mpɛn pii no, wɔn a wɔnom nnubɔne na wɔde wɔn ho hyɛ nsɛmmɔnedi te sɛ nnubɔne a wɔde fa sum ase kɔtɔn ne nnubɔne a edi awu ho dwumadi ahorow mu. Afei nso, esiane nnubɔnenom nti, nnipa pii de wɔn ho hyɛ nsɛmmɔnedi mu, wopirapira, anaasɛ wɔde wɔn ho hyɛ ɔbarima ne ɔbea nna a wɔnhwɛ kwan na ɛyɛ asiane mu. Na sɛ wususuw sɛ ebi ntumi mma w’abusua mu a, ɛnde dwene ho bio! U.S. aban amanneɛbɔ bi kae sɛ: “Ɛnyɛ ahiafo, mmusuakuw nketewa, anaa wɔn a wɔtete nkurow akɛse mu nkutoo na wɔnom nnubɔne. . . . Wɔn a wɔnom nnubɔne no fi asetra mu gyinapɛn ahorow nyinaa mu wɔ ɔman no afã nyinaa. Nnubɔne ho haw no ka obiara.”

Nanso, awofo ani ntaa nkɔ asiane yi so, na wobehu no na aka akyiri dodo. Susuw Brazilni abeawa kumaa yi asɛm ho hwɛ. Ne nuabea Reginaa kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na ɔnom mmosa. Abusua no susuwii sɛ asiane biara nni ho. Nanso eyi maa ne nnamfonom mmarimaa kyerɛɛ no nnubɔnenom. Esiane sɛ na m’awofo bu ɔhaw horow a ɔde ba no sɛ asɛm biara nni ho bere nyinaa nti, ne tebea no gyee nsam. Ɔbɔɔ ko mpɛn pii. Na bere biara a polisifo behu sɛ ababaa bi awu da baabi no, na wɔfrɛ me papa ma no kɔhwɛ sɛ ɛyɛ ɔno anaa! Eyi maa m’abusua no dii awerɛhow pii.”

Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no ka nneɛma titiriw anum a ebetumi ama mmabun de wɔn ho akɔhyɛ nnubɔnenom mu ho asɛm:

(1) Wɔpɛ sɛ wɔte nka sɛ wɔanyin na wɔn ankasa sisi wɔn gyinae ahorow

(2) Wɔpɛ sɛ wɔyɛ sɛ wɔn atipɛnfo

(3) Wɔpɛ sɛ wɔn ho tɔ wɔn na wɔn ani gye

(4) Wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ho hyɛ nneɛma a asiane wom mu na wɔtew atua

(5) Wɔpɛ sɛ wohu sɛnea nneɛma bi te ankasa

Nnubɔne a abu so ne atipɛnfo nhyɛso nso betumi aboa ma ebia ɔbabun bi afi ase de ne ho ahyɛ adeyɛ a ɛsɛe n’ankasa nipadua yi mu. Luiz Antonio, Brazilni abarimaa bi kyerɛkyerɛ mu sɛ: “M’awofo anka nnubɔne ho asɛm biara ankyerɛ me da. Akyerɛkyerɛfo kaa ɔhaw no ho asɛm kyerɛɛ yɛn nanso wɔankyerɛkyerɛ mu ankɔ akyiri.” Afei ɛdenam mfɛfo sukuufo nkuranhyɛ so no, ofii ase nom nnubɔne bere a na wadi mfe 14. Akyiri yi, bere a ɔbɔɔ mmɔden sɛ obegyae no, ne “nnamfo” a na wɔma no nnubɔne nom no twee ne so sekan hunahunaa no sɛ ɔnkɔ so nnom!

Afei woabegye atom sɛ wo mma betumi aba asiane mu? Dɛn na woayɛ de rebɔ wɔn ho ban wɔ nnubɔnenom ho? Asɛm a edi hɔ no bɛka akwan a awofo bɛfa so abɔ wɔn mma ho ban ho asɛm.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔasesa edin no bi.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]

“Nnubɔne resɛe yɛn mmusua, ama nsɛmmɔnedi abu so, ama nyarewa te sɛ AIDS mu retrɛw, na ɛresɛe yɛn mmabun ne yɛn daakye.”—KOFI ANNAN, UN KYERƐWFO PANYIN

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

© Veja, Editora Abril, May 27, 1998

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena