Ɔkwan a Wobɛfa so Abɔ Wo Mma Ho Ban
“Ɛkame ayɛ sɛ awofo ne nnipa a wobetumi abɔ wɔn mma ho ban wɔ nnubɔnenom ho asen obiara. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhwɛso pa ma wɔn mma na wɔka nnubɔnenom ho asɛm kyerɛ wɔn.”—DONNA SHALALA, U.S. ASOƐE A ƐHWƐ AKWAHOSAN NE NNIPA ASETRA HO NSƐM SO NO KYERƐWFO.
SƐ ƆWOFO no, wowɔ asɛyɛde a edi kan koraa wɔ nnubɔnenom ho sa a yɛretu no mu. Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnyɛ awofo nyinaa na wohu sɛnea saa dwuma a wobedi no ho hia. Ireneu, Brazilni abarimaa bi ka sɛ: “Na me papa nni ne ho adagyew koraa. Na ɔne yɛn mmɔ nkɔmmɔ nkɔ akyiri. Yɛannya nnubɔne ho afotu biara da.”
Nea ɛne eyi bɔ abira no, susuw nea Brazilni abarimaa foforo, Alecxandros, ka no ho hwɛ: “Sɛ wɔreyi TV so dwumadi ahorow a ɛfa wɔn a nnubɔnenom aka wɔn hɔ no ho a, na me papa frɛ me ne me nuanom mmarimaa kɔ dan mu ma yɛkɔhwɛ dwumadi ahorow no bi. Ɔkyerɛɛ yɛn tebea a ɛyɛ hu a wɔn a wɔanom nnubɔne ma ne nom aka wɔn hɔ no wom no. Ɛtɔ mmere bi a ɔde hokwan no bisa yɛn hwɛ sɛ ebia yɛahu mmabun a wɔwɔ sukuu a wɔnom nnubɔne no bi a. Ɔnam saa kwan no so bɔɔ yɛn kɔkɔ wɔ asiane ahorow a ɛwɔ nnubɔnenom mu ho.”
So wo ne wo mma asusuw asiane ahorow a ɛwɔ nnubɔnenom mu ho? Sɛ wubetumi ayɛ eyi a, ɛho hia sɛ wudi kan hu asiane ahorow no. Kristofo a wɔyɛ awofo betumi aboa wɔn mma ma wɔahu sɛ, sɛ wɔnom nnubɔne a, ebepira wɔn honhom fam. Bible no tu yɛn fo sɛ yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom fam fĩ nyinaa mu. (2 Korintofo 7:1) Bible no a obi ne ne mma besua daa no yɛ adwinnade a tumi wom a ebetumi abɔ wɔn ho ban.a
‘Adamfo a Wɔne No Ka Atirimsɛm’
Ɛho hia nso sɛ wo ne wo mma nya abusuabɔ a ahotoso wom. Yehowa yɛ ‘adamfo a wɔne no ka atirimsɛm’ ma n’asase so mma. (Yeremia 3:4) So woyɛ adamfo a wɔne no ka atirimsɛm ma wo ba? So wutie wo ba yiye? So ɛyɛ mmerɛw ma wo ba sɛ ɔbɛba abɛka ne haw akyerɛ wo? So woyɛ ntɛm kasa tia afoforo sen sɛ wobɛkamfo wɔn? Gye bere fa hu wo ba yiye. So ɔwɔ nnamfo? Wɔne henanom? Anyɛ yiye koraa no, Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Nkɔmmɔ bɔne [Fekubɔne, NW] sɛe ɔbra pa.” (1 Korintofo 15:33) Nsuro sɛ wode wo nan besi fam de anohyeto ama anaasɛ wubefi ɔdɔ mu de nteɛso ama. Bible ka sɛ: “Teɛ wo ba so na wama woahome, na wama wo kra anika.”—Mmebusɛm 29:17.
Bio nso, mmu asiane ahorow a wo ba rehyia no adewa. Awofo binom betumi agye wɔn ho adi dodo asusuw sɛ esiane sɛ wɔn mma fi abusua a ɛwɔ din pa mu nti, wɔnyɛ mmofra a wɔbɛnom nnubɔne. Nanso Oduruyɛfo José Henrique Silveira kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Obi a ɔtɔn nnubɔne pɛ mmofra a wɔn nkurɔfo wɔ din nnamfo efisɛ ɛma n’adwuma no kɔ so.” Yiw, sɛ wotumi daadaa ɔbabun a ɔwɔ din pa ma ɔde ne ho hyɛ nnubɔnenom mu a, mmofra foforo taa suasua no.
Enti hu sɛnea nneɛma te ankasa. Bɔ mmɔden sɛ wubehu nneyɛe a ɛkyerɛ sɛ obi afi nnubɔnenom ase. Sɛ nhwɛso no, so wo ba abɛyɛ obi a ɔnka ne ho nkɔ nnipa mu, wabotow, ɔda nitan adi, anaasɛ ɔnte asɛm ase mpofirim? So watwe ne ho afi nnamfo dedaw anaa abusua no mufo ho a ntease biara nnim? Ɛnde na wowɔ ɔhaw mu.
Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔ mmɔden a ɛfata nkamfo a awofo bɔ nyinaa akyi no, mmofra nkumaa bi kɔ so gyaa wɔn ho mu ma atipɛnfo nhyɛso nya wɔn so tumi ma wɔsɔ nnubɔne hwɛ. Sɛ wo ba yɛ saa a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?
Bere a Ɔbabun Bi Nom Nnubɔne
Ireneu ka sɛ: “Bere a m’awofo hui sɛ me nuabarima nom nnubɔne no, na asram pii atwam. Esiane sɛ wɔannwene ho da sɛ wɔn mma mu bi betumi abɛyɛ obi a ɔnom nnubɔne nti, ehu kaa wɔn ahyɛase no. Mfiase no de, na me papa adwene nyinaa ne sɛ ɔbɛtwe me nua no aso denneennen.”
Sɛ awofo behu sɛ wɔn abofra bi nom nnubɔne a, nea edi kan a ebetumi aba wɔn mu ne abufuw, abasamtu, na wɔbɛte nka sɛ wɔabrɛ agu. Nanso, kyerɛwtohɔ bi a U.S. Asoɛe a Ɛhwɛ Nhomasua So yɛe de afotu ma sɛ: “Mmɔ hu! Na mmu wo ho fɔ. Nea ɛho hia sɛ woyɛ saa bere yi ne sɛ wobɛyɛ koom [na] woayɛ nea ɛrekɔ so no mu nhwehwɛmu. . . . Nnubɔnenom yɛ adeyɛ a wotumi siw ano. Nnubɔnenom a ɛka obi hɔ yɛ yare a wotumi sa.”
Yiw, da ayamye adi na gyina pintinn sɛnea ɛbɛyɛ a tebea no nsɛe koraa. Wo bo a wobɛma afuw atra so anaa abasamtu pii a wobɛda no adi no betumi asiw wo ba no ho a ɛbɛtɔ no kwan. Afei nso, wopɛ sɛ woboa wo ba no ma onyin bɛyɛ ɔpanyin a otumi di nneɛma ho dwuma na n’ankasa tumi dwene sisi nneɛma ho gyinae. Ne saa nti, gye bere a ɛfata na fi koma mu ne abofra no nsusuw nsɛm ho fa boa no ma onhu mfaso horow a ɛwɔ nnubɔne a obegyae nom no so. Bɔ mmɔden sɛ wubehu nea ɛwɔ abofra a n’aso yɛ den no koma mu, na nya ɔpɛ sɛ wubetie no.—Mmebusɛm 20:5.
Ireneu ka bio sɛ: “Akyiri yi, m’awofo sesaa ɔkwan a na wɔpɛ sɛ wɔfa so di tebea no ho dwuma no, na wofii ase tuu me nuabarima no fo, maa no anohyeto ahorow wɔ baabi a obetumi akɔ ho, na wɔsesaa n’adesuakuw a ɔwom no sɛnea ɛbɛyɛ a onhu ne mfɛfo sukuufo koro no ara da biara. Wofii ase hwɛɛ wɔn a wɔne no bɔ fekuw no yiye, na wonyaa bere kɛse maa ɔne abusua no mufo a aka no.”
Susuw sɛnea awofo afoforo atumi adi nneɛma ho dwuma yiye bere a wohui sɛ wɔn mma nom nnubɔne no ho.
Nneɛma Ho Dwuma a Wodi no Yiye
Marcelo, ɔbarima bi a ɔte São Paulo, Brazil, kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ade bɔne a ato yɛn wɔ asetra mu pɛn ne no. Me ne me yere anhu su foforo biara a enye wɔ yɛn mmabarima nkumaa baanu no abrabɔ mu. Na wɔtaa ne mmabun foforo a yesusuw sɛ yenim wɔn yiye kodidi wɔ adidibea. Ɛyɛ asɛm a na ɛhaw adwene yiye bere a adamfo bi ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛn mmabarima baanu no nom wii no. Nanso, bere a yebisaa wɔn no, wogye toom ntɛm so sɛ ɛyɛ ampa.”
Ɔkwan bɛn so na Marcelo fa dii ne mma no nneyɛe no ho dwuma? Ɔka sɛ: “Me ne me yere amfa yaw a na yedi no ansie. Nanso bere a yɛkasa tiaa nnubɔne a wɔnom no, yɛammu yɛn ani angu bo a na wɔsom sɛ ankorankoro no so. Yɛpenee so sɛ efi saa bere no, yɛn botae ne sɛ yɛbɛboa yɛn mmabarima no ma wɔagyae nnubɔnenom. Yɛkaa nea na yɛabɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛyɛ nyinaa kyerɛɛ wɔn, na wɔn baanu no penee yɛn nsusuwii no so. Na wɔbɛkɔ so atoa wɔn adesua so wɔ sukuu na wɔakɔ so ayɛ adwuma. Na wɔn nkutoo renkɔ abɔnten bio. Yɛdaa ɔdɔ a yɛwɔ ma wɔn no adi kyerɛɛ wɔn daa, na ɛnyɛ da titiriw bi nko. Esiane sɛ na meyɛ ɔdansifo nti, me ne wɔn kɔyɛɛ adwuma mpɛn pii sɛnea metumi. Yefii ase dii agoru pii, na yɛde bere pii bɔɔ yɛn daakye ne hia a ehia sɛ yɛde botae ahorow a mfaso wɔ so wɔ asetram sisi yɛn anim ho nkɔmmɔ.” Wɔ saa kwan yi so no, Marcelo ne ne yere tumi boaa wɔn mmabarima no ma wogyaee nnubɔnenom.
San susuw osuahu a Brazilni agya foforo bi nyae ho hwɛ. Ne babarima Roberto ka sɛ: “Bere a me papa hui sɛ me nuabarima nom nnubɔne no, sɛ anka ɔbɛkasa atia no anaasɛ ɔbɛtwe n’aso denneennen no, ɔfaa no adamfo, na ɛmaa me nuabarima no benyaa ne mu ahotoso. Obehuu me nuabarima no nnamfo ne mmeae a na ɔtaa kɔ, na ofii ase ne no susuw ho sɛ ɛnsɛ sɛ ɔnom nnubɔne anaa ɔfa saa nnamfo no nso. Paapa ka kyerɛɛ no sɛ ɔmpɛ sɛ ɔbɛma no anya kɔdaanna ma wasɔre anadwo biara akyin ahwehwɛ no.” Ne papa yere gyinaa ne kunu akyi denneennen, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛboa aberante a wahaw yi ma ne ho atɔ no. Wɔn baanu gye toom sɛ ehia sɛ wɔyɛ ho biribi ntɛm na wosii gyinae sɛ wɔbɛboa no wɔ fie.—Hwɛ adaka “Sɛnea Wubenya Mmoa.”
Mpa Abaw!
Sɛ wobɛtete mma wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu no betumi ayɛ abasamtu ne asɛnnennen. (2 Timoteo 3:1) Nanso, ɛnsɛ sɛ wubu w’ani gu w’ankasa nkate ne honhom fam ahiade ahorow so. (Mateo 5:3) Hwɛ sɛnea nsɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 24:10 no yɛ nokware fa: “Wo nsa mu gow ahohia da mu a, w’ahoɔden sua.” Sɛ yɛne nokware Kristofo bɔ a yebetumi anya ahoɔden pii. Wubetumi anya mmoa ne nkuranhyɛ wɔ nhyiam ahorow a wɔyɛ wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so no ase.—Hebrifo 10:24, 25.
Ɛda adi pefee sɛ, wo mma a wobɛkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔanya Onyankopɔn mu gyidi no yɛ ade a eye sen biara a wubetumi de ako atia nnubɔnenom. Nokwarem no, Onyankopɔn nhyɛ mmabun sɛ wonni asetra kwan pɔtee bi akyi. Nanso ɔde afotu a mfaso wɔ so ma. Sɛnea wɔakyerɛw wɔ Dwom 32:8 no, Onyankopɔn ka sɛ: “Mebue w’adwenem, na makyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so, m’ani wɔ wo so, na metu wo fo.” Sɛ ɔsoro Agya a ɔwɔ dɔ no, Onyankopɔn pɛ sɛ ɔbɔ mmerante ne mmabaa ho ban fi nkate fam, honam fam, ne honhom fam ɔsɛe ho. (Mmebusɛm 2:10-12) Nya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bɛboa awofo a wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛtete wɔn mma wɔ “[Yehowa, NW] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu” no.—Efesofo 6:4.
Ɛno mpo no, ɛtɔ mmere bi a ahokyere a wɔfa mu tete mmofra wɔ nnɛ wiase mu no mu betumi ayɛ den dodo. So mmoa bi wɔ hɔ?
[Ase hɔ asɛm]
a Yehowa Adansefo atintim nsɛm a ebetumi aboa awofo ma wɔne wɔn mma asusuw nsɛm te sɛ asiane a ɛwɔ nnubɔne mu ho. Sɛ nhwɛso no, hwɛ Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no ti 33 ne 34.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]
“Nnubɔnenom yɛ adeyɛ a wotumi siw ano. Nnubɔnenom a ɛka obi hɔ yɛ yare a wotumi sa.”—U.S. ASOƐE A ƐHWƐ NHOMASUA SO
[Adaka wɔ kratafa 6]
Sɛnea Wubenya Mmoa
Ebia awofo binom besi gyinae sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ wɔbɛma nnuruyɛfo aboa wɔn ba no ma wagyae nnubɔnenom. Ayaresa pɔtee a awofo bɛhwehwɛ no yɛ wɔn ankasa gyinaesi. Nanso esiane sɛ ɛsono sɛnea ayaresabea biara boa nkurɔfo ma wogyae nnubɔnenom koraa nti, ɛyɛ papa sɛ awofo bɛyɛ nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri ansa na wɔapene aduruyɛ bi so. Sɛnea adwenem ɔyaresafo Arthur Guerra de Andrade, Ɔbenfo a ɔwɔ Sukuupɔn a ɛwɔ São Paulo, Brazil mu kyerɛ no, nnipa a nnubɔnenom aka wɔn hɔ a wɔde wɔn kɔ ayaresabea kɔhwɛ wɔn yare no mu ɔha mu 30 pɛ na wɔn ho tumi yɛ wɔn den ma wogyae nnubɔne no. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ awofo yɛ mmoa wɔ ayaresa a wɔn mma benya no mu paa, sɛ nnuruyɛfo nsa wom mpo a.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 7]
Mmoa a Ɛwɔ Hɔ Ma Wɔn a Wɔnom Nnubɔne a Wɔn Ho Retɔ Wɔn
So woyɛ ɔbabun a worebɔ mmɔden sɛ wubegyae nnubɔnenom? Sɛ ɛte saa a, wubetumi ahu sɛ Bible no a wobɛkenkan na wode adi dwuma no bɛboa wo wɔ mmɔden a worebɔ ma wo ho atɔ wo no mu. Ebia wubehu sɛ ɛho hia paa sɛ wobɛkenkan Dwom nhoma no, efisɛ ɛka nkate fam yaw a ebia worehyia no mprempren no ho asɛm. Koma mu a wubefi abɔ Onyankopɔn mpae, aka nea ɛwɔ wo koma mu nyinaa akyerɛ no no nso bɛboa. (Filipifo 4:6, 7) Afei wubefi ase ahu sɛ ɔdwene wo ho ankasa, na ɔpɛ sɛ esi wo yiye. Nanso esiane sɛ Onyankopɔn de obiara pɛ ama no nti, ɛho hia paa sɛ wunya ɔpɛ pa sɛ wubegyae nnubɔnenom. Odwontofo Dawid a Onyankopɔn boaa no mpɛn pii no kae sɛ: “Ɔtwɛn na metwɛn [Yehowa, NW] na ɔyɛɛ aso maa me, na ɔtee me sufrɛ. Na oyii me fii ɔsɛe amoa mu, fii atɛkyɛ mu, na ɔde me nan sii ɔbotan so, ɔmaa m’anammɔn tintimii.” (Dwom 40:1, 2) Saa ara na nnɛ nso Onyankopɔn boa wɔn a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛtew wɔn ho na wɔasom no no.
[Mfonini wɔ kratafa 5]
“Me papa bɔɔ yɛn kɔkɔ wɔ asiane ahorow no ho”—Alecxandros
[Mfonini wɔ kratafa 8]
Gye bere fa bɔ wo mma kɔkɔ wɔ honam fam ne honhom fam asiane ahorow a ɛwɔ nnubɔnenom mu ho
[Mfonini wɔ kratafa 8]
Hwɛ wo ba fekubɔ yiye
[Mfonini wɔ kratafa 8, 9]
Abotare a wode bedi nneɛma ho dwuma no betumi asiw tebea a enye a anka ebegye nsam no ano