Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 11/8 kr. 15-17
  • Mɛyɛ Dɛn Ntumi Anya Ahotɔ Bere A Magyae Nnubɔne Nom No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mɛyɛ Dɛn Ntumi Anya Ahotɔ Bere A Magyae Nnubɔne Nom No?
  • Nyan!—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahotɔ a Wobɛsan Anya wɔ Nkate Mu
  • Abusuabɔ a Eye Kɛse​—Ɛho Hia
  • “Biribi a Eye Kɛse” a Wubenya
  • Nnubɔne—Dɛn Nti na Nkurɔfo De Di Dwuma?
    Nyan!—2001
  • Ɔkwan a Wobɛfa so Abɔ Wo Mma Ho Ban
    Nyan!—2003
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Aka Dabi Wɔ Nnubɔne Ho?
    Nyan!—1986
  • Nnuru—Hena na Ɔde Di Dwuma?
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1986
g86 11/8 kr. 15-17

Mmofra Bisa Sɛ. . .

Mɛyɛ Dɛn Ntumi Anya Ahotɔ Bere A Magyae Nnubɔne Nom No?

Esiane sɛ mmofra pii kɔ so nom nnubɔne nti, ɛma asɛm a ɛfa sɛnea obi betumi anya ahotɔ bere a wagyae nnubɔne nom ho no ho hia kɛse. Asɛm yi fa nea ɛbɛma wɔagyae basaayɛ no ho. Yetintim eyi sɛnea ɛbɛyɛ a, ɛbɛboa wɔn a wɔrebɔ mmɔden sɛ wobegyae nnubɔne nom no. Wɔ bere koro no ara mu no, yɛwɔ anidaso sɛ bere a yɛama wɔahu nea ɛbɛma wɔn ho atɔ wɔn no, ɛbɛboa mmofra afoforo ma wɔannom nnubɔne.

ALLEN ka sɛ: “Bere a edi kan a migyaee nnubɔne nom no, na metaa yɛ basaa. Na ɛtɔ bere bi a, mintumi nhu sɛ m’ani agye anaasɛ me werɛ ahow. Ná nsɛm a ɛho nhia ahe biara na ɛtaa ma me bo fuw kɛse. Na minnim nea mɛyɛ a metumi edi me nkate ahorow so.’

So ɛyɛ ade a ɛntaa mma? Ɛnte saa ankasa. Sɛ nnipa a wɔnom nnubɔne gyae nom nea edi kan a, wɔtaa yɛ basaa. Enti adwene a wotaa nya ne sɛ wɔbɛsan akɔnom bio sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ho bɛto wɔn. Enti na ɛho hia sɛ wɔhwɛ sɛ wɔremma biribiara nhaw wɔn no.a Nanso wɔ ɔkwan bɛn so?

Ahotɔ a Wobɛsan Anya wɔ Nkate Mu

Allen a wagyae nnubɔne nom mfe abien ni no ka sɛ: “Sɛnea ɛbɛyɛ a merenyɛ basaa bere a meresiesie m’asetra no, mebɔ mmɔden sɛ medi ahyɛde biako yi so: “Mma ɔkɔm nne wo pii, mma wo bo mfuw pii, nyɛ ankonam pii, na nyɛ biribi a ɛbɛma woabrɛ pii. (Sɛ́ ade a ɛbɛboa wo ma woakae no, susuw asɛmfua g-y-a-e

no ho.) Mitumi hu sɛ sɛ midi ahyɛde yi so a, me ho tɔ me kɛse.” Yiw, susuw nea abenfo a wɔboa nnipa a wɔagyae nnubɔne nom no ka wɔ nneɛma anan a wubekwati yi ho no ho:

Ɔkɔm: Abenfo ka sɛ ɔkɔm a etumi ma asikre a ɛwɔ mogya no mu no so tew no betumi ama woayɛ basaa kɛse. Enti ɛho hia sɛ obi a wagyae nnubɔne nom no di nnuan pa a nnuadewa ne nnuan ahorow a protein wom nso ka ho. Eye sɛ ɔrenni nnuan a ahoɔden nnim​—nea carbohydrates wom, te sɛ asikretɛ, keeki, nnɔkɔnnɔkɔwade ne nsa a ɛmmow a asikre wom. Wɔkamfo kyerɛ nso sɛ sɛ ɛnsɛ sɛ ɔnom nsa a ano yɛ den efisɛ etumi sakra obi su.

Abufuw: Fuw a obi ma ne bo fuw denneennen no ma ɛyɛ den sɛ ne ho bɛtɔ no. Abufuw ma woyɛ nneɛma a ebetumi ama woanu wo ho akyiri yi. Eyi nso ma obi a wagyae nnubɔne nom no te afobu nka, ɔyɛ basaa, onnya obu mma n’ankasa ho na ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ ɔbɛsan akɔnom nnubɔne bio. Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ, ‘yɛn bo mfuw, na yɛnnyɛ bɔne.’ (Efesofo 4:26) Enti ɛwom sɛ ɛtɔ bere bi a wo bo betumi afuw de, nanso ɛyɛ w’asɛyɛde sɛwubedi abufuw no so. Enti bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn nti na me bo afuw? Dɛn na eye a metumi ayɛ wɔ tebea no ho?’ Bɔ mmɔden sɛ wo ne ɔpanyin bi a wotumi de ho to no so besusuw ho ansa na woaka asɛm bi anaasɛ woayɛ biribi a ɛbɛma woanu wo ho akyiri yi. Fa odwo ne ahokokwaw ka sɛnea wote nka no ho asɛm kyerɛ no. Sɛnea wote nka ho asɛm a wobɛka no yɛ ɔkwan pa a wobɛfa so adi ho dwuma no mu biako.

Ankonamyɛ: Ankonamyɛ betumi ama woanya su a enye te sɛ ahopɛ, ahoɔyaw, awerɛhowdi ne adwenemhaw. Bio nso su ahorow a enye a ɛte sɛɛ betumi ama obi a wagyae nnubɔne nom no asan akɔnom bio sɛnea ɛbɛma wanya ahotɔ. Sɛ wuhu sɛ woayɛ ankonam a, bɔ mmɔden kɔfrɛ w’adamfo paa bi na ka sɛnea wote nka no ho asɛm kyerɛ no. (Mmebusɛm 17:17) Anaasɛ bɔ mmɔden sɛ wobɛka ho asɛm akyerɛ wo papa anaasɛ wo maame ɔkwan pa a wobɛfa so adi ankonamyɛ so ne sɛ wobɛboa afoforo. Kae sɛ, “Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.”​—Asomafo no Nnwuma 20:35.

Ɔbrɛ: Wokyerɛ sɛ eyi ne nneɛma a ɛmma obi nnya ahotɔ no mu nea enye koraa. Ɛnyɛ sɛ brɛ a wobrɛ no ma wo bo fuw na woyɛ basaa nko, na mmom ɛmma wuntumi nsusuw nneɛma ho yiye nso. Enti wɔkamfo kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ obi a wagyae nnubɔne nom no yɛ ne nna ho nhyehyɛe na ama watumi ada yiye anadwo.

Eyinom nyinaa tumi boa wo ɔkwan bɛn so? Allen kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ me bo fuw anaasɛ meyɛ basaa wɔ da no mu a, migyina na midwennwen ho sɛ: ‘So ɔkɔm de me, me bo afuw, mayɛ ankonam anaasɛ mabrɛ dodo? Mpɛn pii di a midi eyi mu biako ho dwuma no ma minya ahotɔ bio​—mennom nnubɔne!

Abusuabɔ a Eye Kɛse​—Ɛho Hia

Obi a ɔnom nnubɔne no taa ne ne nnuru no nya abusuabɔ a emu yɛ den​—ɔde ne ho to nnubɔne so sɛnea ɛbɛyɛ a ne ho bɛtɔ no, obenya anigye anaa ahotɔ kɛse wɔ tebea a emu yɛ den mu.

Fred a ɔnom nnubɔne mfe pii no ka sɛ: “Na misuro sɛ mɛkɔ apontow ahorow ase. Ná mefɛre ade na sɛ mewɔ nnipa mu a, m’ani nnye. Meyɛ basaa kɛse, nea ɛma mete nka sɛ menka wɔn ho. Na ɔkwan biako pɛ a mɛfa so atumi adi ho dwuma ne sɛ mɛnom nnubɔne. Nanso ankyɛ biara na ɔhaw no fii ase. Ɔhaw bɛn? Ɔtoa so sɛ, “Wɔkyeree me mprenu esiane basabasa a meyɛe ne nsa a menom bowee de kaa afiri nti. Wɔ bere no nyinaa mu no, na biribi ama mabow kɛse.”

Sɛ obi a ɔnom nnubɔne anto mmara a, ebia ɔne n’akyerɛkyerɛfo benya akasakasa wɔ sukuu. Anaasɛ ɔne n’adɔfo ntam abusuabɔ bɛsɛe. Sɛ nneɛma toto kɛse saa a, ebia ɔbɛbɔ mmɔden sɛ obegyae nnubɔne nom. Nanso gye sɛ onya biribi pa de si nnubɔne a wagyae nom no ananmu, anyɛ saa a, ɔbɛsan akɔnom bio. Sɛnea asɛm a Ɔbenfo Sidney Cohen kyerɛwee wɔ The Journal of the American Medical Association no mu kyerɛ no: “Nkurɔfo nnyae nnubɔne a ɛma wɔn su sakra no nom gye sɛ wohu biribi a eye kɛse.”

“Biribi a Eye Kɛse” a Wubenya

Allen ne Fred nyinaa nyaa “biribi a eye kɛse” sen nnubɔne. Wofii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no. Ɛdenam Onyankopɔn Asɛm, Bible, a wosuae no so no, wohuu Onyankopɔn su horow a eye no ne nea wɔbɛyɛ a wobetumi ne no anya abusuabɔ te sɛ agya ne ɔba de.

Allen ka no sɛɛ se: “Onyankopɔn mmɔborohunu a mihui no atwe me abɛn no kɛse ma metumi de ahotoso abu me bra. Mprempren mewɔ anigye sen bere biara.” Fred gye tom na ɔde ka ho sɛ: “Ɛwom sɛ ɛnyɛ nna nyinaa na nneɛma tumi kɔ so yiye ma me de, nanso metumi aka wɔ nokwarem sɛ manya asomdwoe a nnubɔne amma mantumi annya da no.” “Onyankopɔn asomdwoe” a ‘ɛhwɛ koma ne adwene so’ yi yɛ nea wɔde ahyɛ nnipa a wɔne Onyankopɔn nya abusuabɔ a emu yɛ den no bɔ.​—Filipifo 4:6, 7.

Ade a obi ankasa tumi yɛ biara nni hɔ a ɛte sɛ saa asomdwoe yi na ɛyɛ nea ebetumi aboa wo ma woagyina ɔhaw ahorow a wunni so tumi biara te sɛ ɔyare anaasɛ wo dɔfo bi wu ano. (Ɔsɛnkafo 9:11) Wo nso wubetumi anya ahoɔden a wode bedi nsɛnnennen a wuhyia da biara no ho dwuma​—ma woatumi ne afoforo a wɔne wo di wɔ ɔkwammɔne so no adi yiye anaasɛ woagyina ɔhaw ahorow ano.

Sɛ wuhyia ɔhaw a, sua sɛnea wubetumi anya mfaso afi abusuabɔ a wo ne Onyankopɔn wɔ no mu denam mpae a wobɛbɔ no so. Ka wo nsusuwii, wo nkate ne w’ahiade ho asɛm kyerɛ no. Ka nneɛma a wusuro, wo dadwene ne nea ɛma w’aba mu bu ho asɛm kyerɛ no. So wobɔ mpae a ɛte saa a efi koma mu wɔ “gyidi mu” a, ɛbɛma wo koma atɔ wo yam. (Yakobo 1: 6-8) Kae nea ɔsomafo no kae no​—adesrɛ a ɛte saa no ma wunya “Onyankopɔn asomdwoe” a ‘ɛbɛhwɛ wo koma so’ na aboa wo ma ‘w’annwen biribiara anhaw wo ho.’

Dodow a wobɛn Yehowa no, dodow no ara na wubehu sɛ ɔwɔ wo ho anigye te sɛ nea akokoaa tumi hu ɔdɔ a ɔwofo a osusuw ne ho wɔ ma no no. Na akwanside biara a wonam Onyankopɔn mmoa so bedi so no bɛhyɛ wo gyidi den kɛse na ɛbɛbɔ wo ho ban ma basaa a woyɛ no agyae

Yiw, sɛ obi a wagyae nnubɔne nom benya ahotɔ a, ɛho hia sɛ onya akomatɔyam a abusuabɔ a emu yɛ den a obi ne Onyankopɔn wɔ de ba no de si nnubɔne ananmu. Abusuabɔ a ɛte saa no bɛma wanya anigye wɔ n’asetra mu a ɔrensan nkɔnom nnubɔne bio sɛnea ɛbɛyɛ a obenya ahotɔ a ɛnyɛ nokware. Sɛnea Fred a wagyae nnubɔne nom bɛyɛ mfe abiɛsa ni ka no: “Manya asomdwoe a nnubɔne antumi amma manya da no.”

[Ase hɔ nsɛm]

a Sɛ wopɛ sɛ wususuw nea enti ne sɛnea wobɛka dabi wɔ nnubɔne ho ne nea ɛbɛma wo ahoɔden bere a woagyae nnubɔne nom no ho a, yɛsrɛ wo, hwɛ March 8, ne September 22, 1985 Awake! ne February 8, 1986 Nyan! mu.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 15]

“Mebɔ mmɔden sɛ medi ahyɛde tiaa yi akyi: Mma ɔkɔm nne wo pii, mma wo bo mfuw pii, nyɛ ankonam pii na nyɛ biribi a ɛbɛma woabrɛ pii”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 17]

“Munya asomdwoe a nnubɔne antumi amma manya da no”

[Kratafa 16 mfoni]

Ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔagyae nnubɔne nom no nom nsa a ɛyɛ den efisɛ etumi sakra tebea a obi wom

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena