Mmofra Bisa Sɛ. . .
Mɛyɛ Dɛn Atumi Aka Dabi Wɔ Nnubɔne Ho?
AHOHURU bere bi a wim adwo anwummere no, mmerante baanu hyiaam sɛ wɔretie nnwom. Ná wɔyɛ abusuafo ne nnamfo nso paa. Joe a ɔyɛ kumaa no kae sɛ, “Ma yɛnyɛ nhyehyɛe bi.” Frank pɛe sɛ ohu nhyehyɛe ko. Joe toaa so sɛ, “Ɛmfa ho sɛ dɛn ara na obi bɛyɛ no, mma yenni nnubɔne ho agoru.” Frank ani gyee ne busuani no nyansahyɛ no ho na ɔkyerɛe sɛ ɔpene so, na ɔkae sɛ, “Ma yɛntwe yɛn ho mfi ho!”
Anka ɛbɛyɛ anigye sɛ wɔbɛka awiei a ɛyɛ anigye a efii asetra mu asɛm ankasa yi mu bae ho asɛm, nanso nea ɛyɛ awerɛhow no, wɔn mu biako mpo nni hɔ a ɛbaa saa wɔ ne fam. Mfe anum pɛ akyi no wohuu sɛ Joe awu wɔ ne kar mu esiane akwanhyia bi a ɛfa nnubɔne ho nti. Ná Frank abɛyɛ obi a ɔnom nnubɔne kɛse.
Dɛn na ɛma ɛbaa saa? Dɛn nti na mmerante baanu a wɔabɔ wɔn tirim kɛse sɛ wɔrennom nnubɔne no antumi anyɛ saa? Mmuae no wɔ kɔkɔbɔ a ɛho hia a ɛwɔ Bible mu yi mu: “Mommma wɔnnnaadaa mo! Nkɔmmɔ bɔne sɛe ɔbra pa.” (1 Korintofo 15:33) Nanso Joe ne Frank ne nnipa a wonnye bɔe. Bere a wɔne nnipa a wɔnom nnubɔne bɔe kɛse no, tumi a wɔde sɔre tiae no ano brɛɛ ase. Wofii ase sɔɔ nnubɔne no hwɛe.
Nhyɛso a Efi Mfɛfo Hɔ
Fekubɔ ho asɛm a Bible ka no yɛ nea yebetumi de adi dwuma wɔ wo mfɛfo, a ɛyɛ, w’atipɛnfo a wo ne wɔn bɔ kɛse no ho. Nea ɛbɛyɛ biara, wo mfɛfo yi benya wo so nkɛntɛnso. Akwan horow bɛn so? Sɛnea nhwehwɛmu biako a Sukuupɔn a ɛwɔ Minnesota yɛe kyerɛ no, “Mmofra nya wɔn ho wɔn ho so nkɛntɛnso a emu yɛ den kɛse wɔ ntadehyɛ ne ahosiesie, nea wɔbɛyɛ bere a wɔnyɛ hwee, kasa, ne nsa ne nnubɔne a wɔnom mu.”—Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.
Enti, sɛ wo nnamfo nom nnubɔne a, ebetumi aba sɛ wubesuasua. Aberante bi a wɔfrɛ no Mike a ɔwɔ ɔhaw a ɛfa nnubɔne ho abakɔsɛm tenteenten no ka sɛ, “Wɔ me fam de na nneɛma a ɛyɛ den kɛse ma me no mu biako ne nhyɛso a efi mfɛfo hɔ. Bere a edi kan a menom marijuana no, meyɛɛ saa esiane sɛ na mmofra a me ne wɔn bɔ no nyinaa reyɛ saa na mepɛ sɛ wogye me tom nti.”
Sɛ́ abofra no, so ɛtɔ bere bi a wote nka sɛ wo mfɛfo rehyɛ wo ma woayɛ nea ɛbɛma ‘wɔagye wo atom’? Ɛyɛ anigye sɛ wubehu sɛ pɛ a wobɛpɛ sɛ wogye wo tom no yɛ nea ɛtaa ba. Adolescent Peer Pressure kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mfɛfo ntam nkitahodi ne nkɛntɛnso a emu yɛ den yɛ nea ɛtaa ba a ɛho hia a ɛyɛ nea eye ma abofra nkɔso.” Enti bere a wunyin na wunya nnamfo a wopɛ wɔn asɛm kɛse no, ebia wubefi ase de wo ho ato nnamfo yi so kɛse sɛ awerɛkyekye, ntease ne nsɛm ho amanneɛbɔ fibea.
Nanso, ɛnyɛ den sɛ eyi bɛdan tebea a enye ɔkwan bɛn so? Ɛne sɛ, sɛ mmofra a woanya wɔn mu ahotoso yi fi ase nom nnubɔne a, wobɛte nka kɛse sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ bi na ama wɔagye wo atom. Ɛmfa ho sɛnea wowɔ adwempa no, sɛ woanyɛ nsakrae wɔ wɔn a wɔyɛ wo nnamfo no mu a, nea ɛbɛyɛ biara wo nso wobɛnom nnubɔne.
Ebia wobɛka sɛ, ‘Ɛrentumi mma saa!’ Ebia wobɛte nka sɛ wo gyidi mu yɛ den araa ma biribiara rentumi nsakra no. Nanso eyi ankasa mpo betumi ayɛ afiri. Ɔkwan bɛn so? Wiɛ, kae, nea na edi kyerɛwsɛm a yedii kan kaa mu asɛm no kɔkɔbɔ a ɛfa fekubɔ bɔne ho no anim ne, “Mommma wɔnnnaadaa mo.” Enti Bible no kyerɛ sɛ, sɛ ɛba fekubɔ bɔne so a, ebia yebenya su a ɛne brɛ a yɛbɛbrɛ asiane no ase na yɛadaadaa yɛn ho asusuw sɛ, ‘Me nnamfo rentumi nnya me so /!’
Saa na Frank ne Joe susuwii. Nanso, ɛmfa ho sɛ na wɔwɔ adwempa no, wɔantumi annyina mfɛfo nhyɛso bɔne no ano, na wɔn mu biako de ne nkwa sesae. Enti sɛ wopɛ sɛ woka dabi wɔ nnubɔne ho ampa a, ɛho hia titiriw sɛ wɔbɛtwe wo ho afi wɔn a wɔnom nnubɔne ho.
“Wo ne Anyansafo Mmɔ”
Wɔ mfe kakra a atwam no mu no Mike atumi agyae nnubɔne nom. Dɛn na ɛboaa no? Ade biako ne sɛ ɔyɛɛ nsakrae wɔ n’adamfofa mu. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nnipa a me ne wɔn te mprempren no mpɛ nnubɔne. Enti biribiara nni hɔ a ɛhyɛ me sɛ mennom nnubɔne; obiara nni hɔ a ɔka ho asɛm anaasɛ ɔbɔ so mpo.”
Enti ɔkwan bɛn so na Mike nnamfo aboa no ma waka dabi wɔ nnubɔne ho? Yebetumi aka bio sɛ ɛyɛ nhyɛso a efi mfɛfo hɔ—ɛnyɛ nea enye a efi fekubɔ bɔne mu ba no na mmom nea eye a efi fekubɔ pa mu ba no. Bible mu bɛ bi ka sɛ: “Dade sew dade ano, na onipa sew ne yɔnko anim.” (Mmebusɛm 27:17) Enti adamfo a ɔma wo nkuranhyɛ a ehia betumi asew mmɔden a wobɔ sɛ wobɛpow nnubɔne no ano.—Fa toto Hebrifo 10:24; 1 Samuel 23:15, 16 ho.
Dɛn nti na eyi yɛ nokware? Sɛnea yɛadi kan aka no, ɛyɛ ade a ɛtaa ba sɛ wobɛpɛ sɛ wo mfɛfo gye wo tom. Ɛno nti na ɛho hia sɛ wopaw mfɛfo a woye no. Sɛnea Bible kyerɛkyerɛ mu no: “Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.”—Mmebusɛm 13:20.
Sɛ eyi ho nhwɛso no, susuw ahwɛyiye ahorow bi a ɛho hia ma wo sɛnea ɛbɛyɛ a ɔpakum renkyere wo no ho. Ebia wobɛhwɛ aduan a wudi yiye, agye w’ahome sɛnea ɛsɛ, na wɔahwɛ sɛ woremmɛn nnipa a ebi akã wɔn no kɛse. Adolescent Peer Pressure nhoma no ka sɛ, “Saa ara na sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi . . . nnubɔne ho a . . . ɛho hia sɛ yɛkari pɛ sɛnea ɛsɛ na yɛtew yɛn ho mu a yebegyaa ama nkɛntɛnso bɔne no so.—Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.
Enti, so wopɛ sɛ woka dabi wɔ nnubɔne ho ankasa? Ɛnde hwɛ wo fekubɔ yiye! Hwehwɛ nhyɛso a eye a efi fekubɔ pa mu ba no.
“Onyankopɔn Asomdwoe”
Wɔ sɛnea fekubɔ pa ho hia wɔ nnubɔne nom a wosiw ano no nyinaa mu no, ebia ɛno nkutoo renyɛ nea ɛdɔɔso. Ebia wɔbɛkɔ so ara de nnubɔne akyerɛ wo wɔ mmere bi mu. Enti ɛho hia sɛ wubegyina pintinn wɔ wo tirim a woabɔ no mu. Mma ɛnyɛ te sɛ nea wusuro wɔ nnubɔne a wopow no mu. Fa ahotoso ka sɛ dabi! Eye nso sɛ wubedi kan ate nea enti a mmofra pii nom nnubɔne no ase. Susuw ho.
Bere a abofra renyin no nsakrae ahorow kɔ so wɔ ne ho. Sɛ nhwɛso no, ebia na nsakrae ahorow rekɔ so wɔ wo nipadua mu a ɛma woyɛ basaa. Ebia nsakrae ba wɔ w’asetra mu nsɛm mu nso. Bere koro no ara mu no ebia na w’awofo anaa w’akyerɛkyerɛfo hwɛ pii kwan fi wo hɔ. Dɛn na efi mu ba? Adolescent Peer Pressure nhoma no bua sɛ: “Sɛ wɔma nsakrae ahorow yi ba wɔ bere koro mu wɔ asetra mu bere a onipa no da so ara hinhim wɔ nsɛm ho dwumadi mu a, ɛyɛ nkɔso ho gyinaesi kɛse. Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ mmofra a wɔrebɛn mpanyin afe so pii tumi yɛ saa.”
Yiw, bere a wobɛn mpanyin afe so no betumi ayɛ nea emu yɛ den ampa. Ebia eyi bɛsɔ wo ahwɛ ma woadan akɔ bere tiaa mu ahotɔ a ebia nnubɔne de ba no so. Nanso nea eye sen saa wɔ hɔ. Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so.”—Filipifo 4:6, 7.
Paulo se, “Onyankopɔn asomdwoe” yi betumi ayɛ sɛ ɔwɛmfo na ahwɛ wo koma ne w’adwene so. Ɔkwan bɛn so na wubetumi anya “Onyankopɔn asomdwoe” yi? Ɛdenam abusuabɔ a emu yɛ den a wo ne Onyankopɔn benya no so. Ɛdenam ne ho ade a wubesua na woabɛdɔ no so no, wubenya asomdwoe a worentumi nnya denam nnaadaa kwan biara a nnubɔne ka ho so. Enti ɛmfa ho sɛnea w’asetra bɛyɛ biara no, wubetumi de ahotoso adan aba Onyankopɔn nkyɛn ma waboa wo na ama woanya ahotɔ a Onyankopɔn mu gyidi nkutoo na ebetumi de aba no.
[Kratafa 14 adaka]
Sɛ Wobɛka Dabi wɔ Nnubɔne ho a . . .
Wo ne wɔn a wɔnom nnubɔne mmmɔ fekuw Pow nnuru biara a wɔde bɛma wo! Yɛ saa wɔ ɔkwan a ɛkyerɛ sɛ woasi wo bo kɛse sɛ worennom nnubɔne so
Hwehwɛ nnamfo pa a wɔbɛhyɛ wo den wɔ wo tirim a woabɔ sɛ worennom nnubɔne no mu
Ka wo haw ahorow ho asɛm kyerɛ. Wo ne w’awofo anaa mpanyimfo afoforo a wobetumi aboa wo ma woadi nneɛma ho dwuma nsusuw ho
[Kratafa 14 mfoni]
Ensuro wɔ nnubɔne a wopow no mu. Fa ahotoso ka dabi!