Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 6/8 kr. 4-7
  • Ɛnnɛ Mmofra—Nsɛnnennen a Wohyia

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛnnɛ Mmofra—Nsɛnnennen a Wohyia
  • Nyan!—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsakrae a Aba Abusua no Mu
  • Sikasɛm Ho Dadwen
  • Abrabɔ Ho Mmara ne Gyinapɛn Ahorow a Ɛsakra
  • Daakye Bɛn?
  • Ɛnnɛ Mmofra—Wɔn Nsɛm Tebea Wɔ Wiase Nyinaa
    Nyan!—1991
  • Ɛnnɛ Mmofra—1990 Mfe No Nsɛnnennen A Wohyia
    Nyan!—1991
  • Mmabun, Monnantew Sɛnea Ɛsɛ Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Bere a Wɔsan Nya Anidaso ne Ɔdɔ
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 6/8 kr. 4-7

Ɛnnɛ Mmofra​—Nsɛnnennen a Wohyia

ƆBENFO Bettie B. Youngs kyerɛwee wɔ ne nhoma Helping Your Teenager Deal With Stress no mu sɛ: “Nhwehwɛmu da no adi sɛ akyinnye biara nni ho sɛ bere a obi nnii mfe aduonu no na ohyia dadwen ne adwenem basaayɛ a ɛsen biara wɔ asetram.” Tete no na agoru a mmofra di nkutoo na egye wɔn bere. Nanso nnɛyi de, ɛsɛ sɛ wodi mmofraase ɔbrɛ ne 1990 mfe no mu mpanyin bere mu nhyɛso ahorow a emu yɛ den no ho dwuma.

Oduruyɛfo Herbert Friedman kyerɛw wɔ World Health nsɛmma nhoma no mu sɛ: “Sɛnea abofra nyin yɛ ɔpanyin no mmae wɔ nsakrae kɛse a ɛte sɛɛ bere mu da, wɔ wiase nnipa a wɔn dodow akɔ anim sen biara, ne nea ɛka ho a ɛne nkurow akɛse a ɛreyɛ pii, ne mfiridwuma mu nsakrae a aba nkitahodi ne akwantu mu a ama tebea horow a wonhuu bi da aba mpofirim no nyinaa mu.”

Ɛma abeawa bi a onnii mfe aduonu a wɔfrɛ no Kathy ka sɛ: “Ɛyɛ den yiye sɛ wubenyin wɔ bere a ɛte sɛ yɛn de yi mu.” Nnubɔne a wɔde di dwuma, dɔm a wodi wɔn ho, asabow​—eyinom na “mmere a emu yɛ den” yi mu ɔhaw ahorow ne ahokyere no ma mmofra pii yɛ.​—2 Timoteo 3:1.

Nsakrae a Aba Abusua no Mu

Ɔbenfo Youngs ka sɛ: “Na yɛn awofo wɔ yɛn ho bere. Na yɛn mu pii wɔ ɛnanom a wɔn bere nyinaa adwuma ne abayɛn.” Nanso nnɛ, “mmea pii rentumi anaasɛ wɔrempɛ sɛ wɔbɛtra fie na wɔde wɔn bere nyinaa ahwɛ wɔn mma. Wɔyɛ adwuma na ɛsɛ sɛ wɔde nnwuma ne mmusua no hwɛ fra. Ɛda no mu nnɔnhwerew no sua; ɛma wɔhwere biribi. Ɛtaa ba sɛ nea wɔhwere ne bere ne mmoa a ɔwofo betumi de ama ne ba. Bere a obi a onnii mfe aduonu yɛ mmerɛw pii yi mu na wɔma ne nkutoo gyina honam, adwene ne nkate mu nsakrae ahorow no ano.”​—Helping Your Teenager Deal With Stress.

Akyinnye biara nni ho sɛ awaregyae (United States aware ɔha biara mu nkyem 50 wie awaregyae mu) , mpena mma ne mpenaware bɛkɔ so ama abusua nhyehyɛe ahorow asɛe pii wɔ 1990 mfe yi mu. Mprempren mpo, wɔ United States no mmusua anan biara mu biako ɔwofo nni ɔhokafo. Aware a wɔsan ware bio no ama mmusua pii ayɛ mmanoma mmusua.

So mmofra a wɔwɔ mmusua a ɛte saa mu no nkate anaa nsusuwii bɛsɛe? Sɛ nhwɛso no, ebinom ka sɛ mmofra a wɔn awofo nni ahokafo no tumi yɛ ankonam, wodi awerɛhow na wonni akomatɔyam kɛse te sɛ mmofra a wɔwɔ mmusua a awofo baanu wom ankasa mu no. Nokwarem no, ɔwofo biako mmusua ne mmusua a mmanoma wom no mu bi yɛ ade wɔ ɔkwan a empira mmofra no ahe bio ara so. Nanso, Kyerɛwnsɛm no ka sɛ Onyankopɔn hyɛe sɛ awofo abien na ɛsɛ sɛ wɔyɛn mmofra (Efesofo 6:1, 2) Nsakrae biara a wɔbɛyɛ wɔ nhyehyɛe pa yi mu no de ɔhaw ne amanehunu ahorow ba.

Abusua asetra mu nsakrae nso rekɔ so wɔ aman a wɔrenya nkɔso no pii so. Ɛhɔ no, wɔbɔ abusua a emu twe, na mpanyimfo a wɔwɔ abusua no mu nyinaa wɔ kyɛfa wɔ mmofra no ntetee mu. Nkurow akɛse ne mfiridwuma a ɛreyɛ pii no retetew mmusua a emu twe no ntam​—ne mmoa a mmofra hia no so.

Afrikani ababaa bi kyerɛw sɛ: “Minni sewaanom anaa obusuani foforo biara a obetu me fo wɔ nea onyin kyerɛ no ho. Awofo hwɛ kwan sɛ ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ eyi wɔ sukuu​—na sukuu no nso gyaw ma awofo. Adwene a ɛne sɛ mmofra yɛ ɔman no de no nni hɔ bio.”a

Sikasɛm Ho Dadwen

Mmofra dwen wiase no sikasɛm a ɛkɔ so sɛe no nso ho. Nokwarem no, mmofra 5 biara mu 4 tete aman a wɔrenya nkɔanim mu na ebia wobedi hia wɔn nkwa nna nyinaa na wonnya adwuma nyɛ. Luv a wadi mfe 17 a ɔte India ka sɛ: “Mprempren yɛn man yi mu mmofra mu binom nnya adwuma nyɛ, enti so ɛyɛ nwonwa sɛ mmofra yare na wɔn ani nnye, wobu bra bɔne, woguan fi fie anaasɛ wodi wɔn ho dɔm?”

Mmofra a wowɔ Atɔe Fam a ahonya wɔ hɔ no wɔ wɔn sika ho haw ahorow. Sɛ nhwɛso no, hwɛ U.S. mmofra a wonnii mfe aduonu ho nhwehwɛmu a wɔbɔɔ ho amanneɛ wɔ Children Today mu yi: “Sɛ wohyɛ da bisa wɔn a wonnii mfe aduonu no nea ɛhaw wɔn titiriw a, wɔtaa ka sika ne daakye ho asɛm.” Nneɛma atitiriw du a wɔn a wonnii mfe aduonu mu binom dwen ho ne “sika a wɔde bɛkɔ kɔlege,” “ɔman no a ɛkɔ [sika fam] ahokyere mu” ne “akatua a esua.”

Nanso, abenfo bi gye di mpo sɛ mmofra a wɔwɔ sika no mpo ho bɛkyere wɔn akyiri yi. Newsweek nsɛmma nhoma ka sɛ: “Wɔ 1980 mfe no mu no na [U.S.] ntoaso sukuu mufo baanan mu baasa de nnɔnhwerew 18 yɛ adwuma dapɛn biara, na na wɔtaa gye bɛboro $200 ɔsram biara”​—ebia sika a wɔde totɔ biribi di a ɛsen nea na wɔn awofo wɔ! Sɛnea wobetumi ahwɛ kwan no, “ntɛm ara wɔde akatua ahorow yi totɔɔ kar, ntade, mfiri a wɔde bɔ nnwom ne nea mmofra bu no asetra pa mu nneɛma afoforo.”

Ɔkyerɛwfo Bruoe Baldwin ka sɛ mmofra a wɔte saa no “nya anidaso ahorow. . . sɛ wɔyɛ anidahɔ na wɔma nea wobenya no kanyan wɔn anaasɛ wɔanyɛ saa mpo a, asetra pa yi bɛkɔ so bere nyinaa.” Nanso sɛ “wofi fie a, wonnya nea wɔhwehwɛ. Ebia wobehu sɛ fie tebea ne nea wohu wɔ abɔnten so ankasa no nhyia koraa, na mpanyinyɛ mu dwumadi ahorow no bɛyɛ wɔn ade foforo.”

Abrabɔ Ho Mmara ne Gyinapɛn Ahorow a Ɛsakra

Abrabɔ ne gyinapɛn ahorow mu nsakrae akɛse no nso ma mmofra adwenem yɛ wɔn basaa. Ramani a ɔyɛ ababaa bi a ofi Sri Lanka no ka sɛ: “Ɔbarima ne ɔbea nna. . . na wɔmmɔ so wɔ me nenabea mmofraberem. Na wonni ɔbarima ne ɔbea nna wɔ aware mu no ho nkɔmmɔ mpo wɔ abusua no mu, na wɔnka ho asɛm nkyerɛ oduruyɛfo na na wɔn a wɔnyɛ awarefo a wɔne wɔn ho wɔn ho da no nni hɔ.” Nanso, nea anka kan ɛyɛ akyide no nyinaa ayera. Ɔbɔ amanneɛ sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ ɔbarima ne ɔbea nna a wɔde wɔn ho hyɛ mu bere a wonnii mfe aduonu abɛyɛ asetra kwan.”

Ɛnde na ɛnyɛ wonwa sɛ bere a wɔyɛɛ nhwehwɛmu wɔ ntoaso sukuufo 510 mu wɔ United States no, na ade a ɛto so abien a wodwen ho ne sɛ “wosuro sɛ wobenya AIDS”! Nanso esiane sɛ wɔabue “abrabɔ foforo” ho kwan nti, mmofra kakraa bi na ɛte sɛ nea wɔpene ɔhokafo biako pɛ a wɔware no no so​—na mene sɛ wɔbɛtra ase atwɛn ma wɔaware ansa. Franseni abofra bi bisae sɛ: “Yɛn bere so yi, so yebetumi aka ntam sɛ yebedi nokware yɛn nkwa nna nyinaa mu?” Enti AIDS ne nyarewa afoforo a wonya fi ɔbarima ne ɔbea nna mu no bɛkɔ so aka mmofra pii nkwa ne akwahosan.

Daakye Bɛn?

Mmofra wɔ dadwen foforo a ɛto ntwa da. Asase a wɔasɛe no so a wɔbɛtra​—a ne mframa a ɛsɔn owia ahoɔden so a asɛe, ne wim a ɛyɛ hyew, n’akwae afɛfɛ a ayera, ne mframa ne nsu a wontumi nhome na wɔnnom​—ɛhaw mmofra pii. Ɛwom sɛ nuklea akodi ho ahunahuna so retew mprempren de, nanso ebinom ka sɛ daakye bi nni hɔ mma adesamma!

Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ mmofra wɔ nsɛnnennen akɛse nnɛ. Sɛ wɔannya mmoa, afotu ne akwankyerɛ a, wɔn nnɛ ne daakye anigye da asiane kɛse mu. Na sɛ anidaso nni hɔ ma daakye a, wɔrentumi nya ahotɔ. Nea ɛyɛ anigye ne sɛ mmoa ma nnɛyi mmofra wɔ hɔ.

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔfaa eyi ne nsɛm afoforo a efi mmofra a wɔwɔ aman a wɔrenya nkɔanim mu, hɔ no fii March 1989 World Health nsɛmma nhoma no mu.

[Kratafa 6 mfoni]

Mmusua mu mpaapaemu a awaregyae ne ntetewmu de ba no ama awofo hwɛ abɔ mmofra pii

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena