Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 8/8 kr. 12-14
  • Mmofra Ani Gye Nyamesom Ho Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmofra Ani Gye Nyamesom Ho Dɛn?
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Ɛte Wɔ Nnipa Ani So
  • Nhwehwɛmu a Ɛkɔ Akyiri a Wɔyɛ
  • Nyamesom a Obiara Paw Nea Ɔpɛ
  • Nyamesom Hwehwɛ Mmofra
  • Mmuae a Mmofra Hwehwɛ
  • Mmuae a Ɛma Akomatɔyam
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Mmofra
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Ɛnnɛ Mmofra—1990 Mfe No Nsɛnnennen A Wohyia
    Nyan!—1991
  • Mmofra A Wɔbɛboa Wɔn Ama Adebɔne Apare Wɔn Honam
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Honhom Fam Gyinapɛn Ahorow Ɛhe na Ani Kyerɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 8/8 kr. 12-14

Mmofra Ani Gye Nyamesom Ho Dɛn?

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ FRANCE HƆ

WƆ MMOFRA 750,000 a na wɔka atiefo no ho fam no, na eyi bɛyɛ anwummere a ɛyɛ anigye. Wohim frankaa, too nnwom, bɔɔ wɔn nsam. Wɔtotow nneɛma bi a ɛhyerɛn ne nea ɛsɔ gya kɔɔ wim, na nnwontofo gyee dɔm no ani. Ná tebea no te sɛ “disko kɛse bi a wɔrebɔ nnwom wɔ ase.” Awiei koraa no, wɔbɔɔ anigyese, na onipa a wɔretwɛn no no baa adehwɛpon no so.

So na rock nnwontofo bi a wɔrekyinkyin wiase na wɔreyɛ saa nhyiam yi? Dabi. Ná ɛyɛ nyamesom nhyiam kɛse bi a wɔreyɛ wɔ Paris bere a na wɔredi Katolek Wiase Mmofra Nna no, na na ɔbarima no nyɛ obiara sɛ Pope John Paul II!

Wɔ ebinom fam no, anigye a mmofra kyerɛ wɔ nyamesom afahyɛ ahorow te sɛ eyi ho no betumi ayɛ wɔn nwonwa. Nanso seesei nsɛm ho amanneɛbɔfo reka nyamesom ho anigye a wɔrekanyan wɔ mmofra mu ho asɛm.

Sɛnea Ɛte Wɔ Nnipa Ani So

Nnipa ani so de, ɛte sɛ nea nyamesom renya nkɔso. Europa mmofra ɔha mu 68 na wɔka sɛ wɔwɔ ɔsom bi mu, na wɔ Ireland no, saa dodow yi boro ɔha biara mu 90. Wɔ Armenia, kan Soviet adehyeman a bere bi na nnipa pii bu nyamesom sɛ abakɔsɛm mu ade a ne bere atwam no, ɔsɔfo bi kaa asɔre ahorow a nkurɔfo gyaee a nnipa ayɛ mu mã seesei ho asɛm sɛ: “Sɛnea mmofra rekyerɛ nyamesom ho anigye nnɛ no ama me ho adwiriw me.”

Wɔ aman pii mu no, nsɛm ho amanneɛbɔfo aka mmofra ho a wɔde rehyɛ ɔsom ahorow ne honhonsɔre akuw mu ho asɛm kɛse. Ɔsom mu afahyɛ ahorow te sɛ nea yɛkaa ho asɛm mfiase no, yɛ nea wɔkyerɛ ho anigye. Nanso, sɛ yɛyɛ nhwehwɛmu kɔ akyiri a, dɛn na yehu?

Nhwehwɛmu a Ɛkɔ Akyiri a Wɔyɛ

Nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri a wɔayɛ da no adi sɛ wɔ 1967 no, na France mmofra ɔha mu 81 na wogye Nyankopɔn di, nanso wɔ 1997 mu no, na dodow no nnu emu fã. Wɔ Europa nyinaa no, mmofra ɔha mu 28 pɛ na wogye di sɛ Onyankopɔn teasefo bi wɔ hɔ. Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ Europa mmofra ɔha mu 12 pɛ na wɔbɔ mpae daa. Ɔkwan bɛn so na eyi da adi wɔ sɛnea mmofra bu nyamesom no mu?

Wɔ Denmark no, mmofra ɔha biara mu 90 ka sɛ wɔyɛ ɔman asɔre no mufo. Ɔha biara mu 3 pɛ na wɔka wɔn ho asɛm sɛ wɔyɛ nsi. Wɔ 1997 mu no, nhwehwɛmu bi a La Croix, Katolek atesɛm krataa bi a ɛwɔ France, yɛe no daa no adi sɛ France mmofra ɔha biara mu 70 na wogye tom sɛ nyamesom nni afã titiriw biara wɔ wɔn asetra mu. Wɔn mu baanan biara mu baasa bu wɔn asetram osuahu sen ɔsom mu nkyerɛkyerɛ. Saa ara na ɛte wɔ Europa aman foforo mu.

Dɛn nti na mmofra regyaw asɔre ahorow no? Wɔ wɔn mu dodow no ara fam no, ɔsom atitiriw no mma wonnya ahotoso. Wɔ France sɛ nhwɛso no, mmofra mu fã kɛse no ara susuw sɛ nyamesom na ɛde mpaapaemu aba wiase. Bio nso, mpɛn pii na mmofra te nka sɛnea Judith a wadi mfe 15 a ɔyɛ Katolekni wɔ Spain te nka no. Ɔkae sɛ: “Me ne asɔre no nyɛ adwene wɔ nea ɛka fa abrabɔ ho no ho.” Saa ara na Joseph a wadi mfe 20 a ofi Taiwan no hu sɛ nyamesom “yɛ atetesɛm nkutoo.” Nanso sɛ mmofra dodow no ara nnye wɔn ankasa som mu nkyerɛkyerɛ ntom a, dɛn na wobegye adi?

Nyamesom a Obiara Paw Nea Ɔpɛ

Seesei mmofra pii taa paw ɔsom mu gyidi ahorow te sɛ nea wɔpaw aduan bi no. Nsɛmma nhoma bi kaa nyamesom ho asɛm sɛ “nea wɔhwɛ mu paw nea wɔpɛ.” Katolek nsɛmma nhoma bi kaa ho asɛm sɛ “ɔsom mu a wɔhwehwɛ paw bi.” Nsusuwii a na ɛretwam no abɛyɛ nneɛma a wɔde gye wɔn ani seesei. Enti wɔ Europa no, mmofra ɔha biara mu 33 na wogye asumansɛm di, ɔha biara mu 40 na wogye di sɛ akɔmfo betumi ahu nea ɛbɛba daakye, na ɔha biara mu 27 na wogye di sɛ nsoromma di nnipa asetra so. Nsusuwii te sɛ obi a owu a wɔsan wo no yɛ nea Europa mmofra pii gye di seesei.

Ɔsom mu gyidi ahorow pii a ɛwɔ hɔ ma mmofra tumi paw nsusuwii a wɔn ani gye ho. Kakraa bi na wogye di sɛ ɔsom biako pɛ na ekura nokware no. Bere a mmofra repaw nea wɔpɛ no, ɔsom mu gyidi ahorow a wɔwɔ no rebɛyɛ nea nsonsonoe biara nnim. Enti, asetra ho animdefo ka gyidikasɛm a “wɔrepopa no nkakrankakra” anaa “wɔresɛe no koraa” ho asɛm. Dɛn na ɔsom akɛse no reyɛ wɔ saa honhom fam tebea yi ho?

Nyamesom Hwehwɛ Mmofra

Ɛyɛ asɛnnennen ma ɔsom ahorow sɛ wɔbɛtwetwe mmofra. France sɔfo bi bisaa nnipadɔm a wɔkɔɔ Katolek Wiase Mmofra Nna ho afahyɛ wɔ Paris no ho asɛm sɛ: “Ɛhe na saa mmofra yi fi? Minni mmofra wɔ m’asɔre mu. Minhu wɔn koraa.” Katolek Asɔre no reyɛ nsakrae wɔ ɔkwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ ne wɔn nsusuwii mu de atwetwe mmofra.

France atesɛm krataa Le Figaro kae sɛ: “Asɔre no sakra n’akwan!” Wɔ Wiase Mmofra Nna ho afahyɛ a ɛto so 12 a wɔyɛe wɔ Paris ase no, asɔre no faa nkurɔfo a wɔn ho akokwaw wɔ rock kɔnsɛt yɛ mu ma wɔhwɛɛ dwumadi no so. Ɔyɛkyerɛ bɛboro 300 na wɔyɛ de gyee mmofra a wofi aman bɛboro 100 mu bae no ani, na wɔhyɛɛ da pam ntade a ne bo yɛ den maa asɔfo no.

Esiane sɛ ɔsom ahorow pii nte mmofra a wɔwɔ hɔ nnɛ ase, nanso wohu sɛ ɛho hia sɛ wɔyɛ nsakrae nti, wɔrema gyidi ahorow nyinaa ho kwan. Bere a Michel Dubost, ɔsɔfo a ɔyɛɛ Wiase Mmofra Nna ho afahyɛ a wɔyɛe wɔ Paris no ho nhyehyɛe no reka nsakrae yi no asɛm no, ɔkae sɛ: “Nokwarem no, mepɛ sɛ wɔn a wɔabɔ wɔn asu no nyinaa di Kristo nokware. Na sɛ wɔanni nokware mpo a, yegye wɔn tom wɔ asɔre no mu.”

Mmuae a Mmofra Hwehwɛ

Bere a atesɛm krataa bi resi so dua sɛ hwehwɛ a mmofra rehwehwɛ mmuae no yɛ paara no, ɛkaa ɔsom mu afahyɛ a mmofra kɔe wɔ Paris no ho asɛm sɛ “ɛyɛ gyidi a wɔhwehwɛ, na ɛnyɛ gyidi a wɔda no adi.” So Katolek Asɔre no dii ahiade a ɛte saa ho dwuma?

Sɛ woyɛ nhwehwɛmu kɔ akyiri anaa wogyen w’ani hwɛ nea Katolek atesɛm krataa bi frɛ no nyamesom afahyɛ akɛse “mu nnaadaasɛm” no a, dɛn na wuhu? France atesɛm krataa Le Monde kae sɛ sɛ wɔyɛ nhwehwɛmu kɔ akyiri a, “wonhu biribi titiriw biara.”

Ɛwom sɛ aduan a wɔbɛma ayɛ akɔnnɔ ho hia de, nanso ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea ahoɔden wom. Nsɛm a mmofra bisa fa nea nkwa kyerɛ ho no hia mmuae a ahoɔden wom wɔ honhom fam. Mmuae a ɛtwetwe adwene nanso asɛntitiriw biara nnim a wɔde ma mmofra no mma wɔmmee.

Esiane sɛ asɛntitiriw biara nnim nti, so nyamesom mu afahyɛ a ɛtete saa nya ɛnnɛyi mmofra so nkɛntɛnso pa? Franseni nnipa fekubɔ ho nimdefo Danièle Hervieu-Léger kae sɛ: “Ɔyɛkyerɛ ahorow a ɛyɛ nwonwa yi ntumi mma wonnya fekubɔ a emu yɛ den wɔ asetra mu.” Ɛnde, ɛhe na mmofra betumi anya wɔn nsɛmmisa ho mmuae a ɛma akomatɔyam?

Mmuae a Ɛma Akomatɔyam

Wɔ 1997 no, France nsɛmma nhoma Le Point tintim asɛm bi faa nsɛnnennen a mmofra hyia ho. Sɛ nsɛm a mmofra dodow no ara taa bisa fa nea asetra kyerɛ ho no da nkyɛn a, ɛsɛ sɛ wogyina nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ nso ano. So wobetumi adi eyi so? Nsɛmma nhoma no mu asɛm no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Bere a David nyaa mfe 30 no, ofii ase dwennwen ɔhaw a asabow, nnubɔne, ne basabasayɛ de reba ne nipadua so no ho. Yehowa Adansefo kɔbɔɔ ne pon mu kɔmaa no sakra a ɔpɛ sɛ ɔsakra no ho mmuae. Osuaa ade. Ɔyɛɛ nsakrae. Otuatuaa ka a ɔde wɔ kyakyatow mu, na otuatuaa wɔn a na wonnim mpo sɛ wasisi wɔn no nyinaa ka. Wagyae sigaret ne n’asanom, na ɔnko ntɔkwa bio.”

Ɛdefa mmofra foforo a wɔne Yehowa Adansefo suaa Bible ho no, asɛm no toaa so sɛ: “Wɔanya wɔn nsɛmmisa nyinaa ho mmuae.” Ɔdansefo aberante bi kaa ho asɛm tiawa sɛ: “Bible no aka nokware mfe mpem abien ni, dɛn nti na menkɔ baabi foforo nkogye akwankyerɛ?”

Onyankopɔn Asɛm kura asɛm bi ma mmofra. Emu afotu a mfaso wɔ so no boa wɔn ma wogyina nnɛyi haw ahorow ano, na ɛma wonya biribi a wobegyina so pintinn agye adi sɛ wobenya daakye a asomdwoe ne onuadɔ wom. Wɔ wiase a ɛresakra daa mu no, anidaso a Bible de ma no yɛ “ɔkra sɛkyɛ a ɛntew na etim hɔ,” a ɛma yenya asomdwoe ne awerɛkyekye. (Hebrifo 6:19) Mmofra ɔpehaha pii nam Bible a wɔne Yehowa Adansefo sua so anya asetram atirimpɔw ankasa. Wɔn ankasa ahu sɛnea Bible de nsakrae a ɛnyɛ aniani de ba nnipa mu. Sɛ mmofra gye mmuae a Bible de ma no tom a, wohu sɛ wɔanya nokware gyidi a wɔhwehwɛe no so akatua.

[Kratafa 12 mfonini]

Mmofra mpempem pii kyerɛ nyamesom afahyɛ ho anigye wɔ Paris

[Kratafa 13 mfonini]

Wiase Mmofra Nna wɔ Paris—So ɛyɛ nyamesom ho anigye a wɔkanyan no ɔkwampa so?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena