Teokrase Nsɛmmansɛmma
◆ Antigua nyaa adawurɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara foforo 274 wɔ November mu, nkɔanim a ɛyɛ ɔha biara mu nkyem 14.
◆ Labanon yɛɛ wɔn ɔmantam nhyiam wɔ November mu, nnipa 3,794 na wɔkɔɔ ase, na wɔbɔɔ 111 asu.
◆ Peru November akontaabu no mu ade titiriw ne akwampaefo nkabom 8,440. Eyi yɛ saa ɔman no mu Ahenni adawurubɔfo mu ɔha biara mu nkyem 24.
◆ Taiwan nyaa nkɔanim a ɛyɛ ɔha biara mu nkyem 9 wɔ November mu, 1,770 na wobuu akontaa. Wonyaa Bible adesua dodow nkɔanim a ɛsen biara foforo 2,848.
◆ Thailand nyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara foforo 1,164 wɔ November mu. Wobuu Bible adesua 1,191 ho akontaa, nea ɛsen biara wɔ November biara mu.