Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Ma Atu Mpɔn Kɛse Denam Asɛm A Wotie So
1 Sɛ yebetu mpɔn wɔ yɛn som adwuma no mu a, ɛsɛ sɛ yehu sɛ nnipa baanu biara nsɛ. Ɛsono osuahu ahorow a wɔn mu biara wɔ wɔ asetra mu ne nneɛma a ɛho hia wɔn na wɔpɛ. Asɛnnennen no ne sɛ yɛbɛma Ahenni nkrasɛm no afa onipa no ankasa ho, a nea ɛkyerɛ ne sɛ yɛbɛma onipa a yɛkasa kyerɛ no no ahu nea nkrasɛm no kyerɛ ma ɔno ankasa. Sɛ yebetumi ayɛ eyi wɔ ɔkwan a etu mpɔn so a, ɛsɛ sɛ yesua sɛnea yetie asɛm yiye nso.
2 Adawurubɔfo pii nam anifere kwan so de nsemmisa di dwuma wɔ wɔ nnianim nsɛm mu, na eyi boa ma ofiewura no nso nya nkɔmmɔbɔ no mu kyɛfa. Nsemmisa a wɔde hu ofiewura no adwene a ɛnhyɛ no aniwu no tu mpɔn yiye. Nanso sɛ ofiewura bi rekasa a, ehia sɛ yetie nea ɔreka no. Asɛm a wotie da yɔnko dɔ ne obu adi, na yɛnam saayɛ so hu nea onipa no dwen ho. Sɛ yehu tebea a obi wom a, ɛma yenya tema, na yɛfa no sɛ yɛwɔ ne tebea no mu. Afei yebetumi aka awerɛkyekye ne anidaso a efi Bible mu ho asɛm akyerɛ no.
YƐ NSAKRAE
3 Ɔsomafo Paulo tuu fo sɛ: “Munsua ɔkwan pa a mobɛfa so ne obiara a mubehyia no no akasa.” (Kol. 4:6, New English Bible) Ɛwom sɛ yennim asɛm pɔtee a ebia obi bɛka no de, nanso yenim ɔhaw ahorow a nnipa hyia nnɛ no. Enti, yebetumi ‘asua,’ na yɛasiesie yɛn ho wɔ adwenem de adi tebea horow pii ho dwuma.
4 Sɛ nhwɛso no, ebia na yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛne ofiewura no besusuw wiase asomdwoe ho, nanso ɔka sɛ n’adwuma afi ne nsa. So ɛsɛ sɛ yebu yɛn ani gu asɛm a waka yi so? Akyinnye biara nni ho sɛ n’abusua a ɔbɛhwɛ wɔn ho asɛm hyɛ ne koma ne n’adwene so. Wubetumi adi n’ahiade ho dwuma dɛn? Wubetumi anya tema ama no, na wakyerɛ sɛ ne tebea no haw wo ankasa. Afei fa ayamye twe n’adwene si kyerɛw nsɛm so, na kyerɛ sɛnea Onyankopɔn nniso bɛma yɛanya adwuma a ɛma akomatɔyam ne nea yehia nyinaa.—Yes. 65:17, 21, 22, 24.
5 Ebia yenim sɛ wɔadi onipa no anaa ne busuani bi nsɛmmɔne, anaasɛ wɔasisi no nnansa yi. Ayamye mu a yebefi ada no adi sɛ tebea no haw yɛn no betumi ama onipa no koma atɔ ne yam, na ɛbɛma yɛatumi akyerɛ no sɛ Yehowa Nyankopɔn nim ɔhaw a emu yɛ den yi yiye, na ɛrenkyɛ ɔbɛyɛ ade de ayi nsɛmmɔnedi nyinaa afi hɔ.—Hwɛ Reasoning From the Scriptures, nkratafa 10, 12, 229-31.
6 Nnipa ntam abusuabɔ taa sɛe efisɛ wonni nkitaho yiye. Sɛ obiako kasa a, ebia ɔfoforo no remfa n’adwene ne ne koma nsi so ankasa. Saa nsɛm a wontie no yiye no betumi de akasakasa aba, anaasɛ ɛbɛma hokwan ahorow a ɛbɛma wɔaboa obi no abɔ wɔn. Ɛdenam su a ɛne asɛm a yɛde obu betie so no, yebetumi aka asɛmpa no akyerɛ ɔkwan a etu mpɔn so, yɛada afoforo ho anigye a Yehowa kyerɛ a pɛsɛmenkominya nnim no adi, na yɛaboa afoforo ma wɔne yɛn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no, ne ne nkurɔfo anya abusuabɔ pa.—Yak. 1:19; g74 11/22 pp. 21-3.