Hyɛ Afoforo Nkuran Ma Wonkenkan Ɔwɛn-Aban No
1 May ne June mu no, yɛbɛpɛ sɛ yɛhyɛ nokware adɔfo nkuran ma wɔakenkan Ɔwɛn-Aban no daa. Osuahu a yɛn ankasa anya ama yɛagye adi sɛ nsɛmma nhoma a wotintim nnɛ nyinaa no mu biara nni hɔ a ɛde honhom fam aduan a ɛho hia, a wɔn a wosi asase so tebea bɔne no ho apini na wodi ho nkɔmmɔ no hia no ma, gye Ɔwɛn-Aban no nkutoo.—Hes. 9:4.
2 Ɔwɛn-Aban no aboa yɛn ma yɛate Bible nkɔmhyɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛte awiei bere mu, na ɛrenkyɛ na Onyankopɔn Ahenni de asomdwoe aba asase so no ase. Afoforo asetra ho a yedwen ankasa no kanyan yɛn ma yɛka anidaso a ɛyɛ nwonwa yi ho asɛm kyerɛ wɔn. Na ɛhyɛ yɛn nkuran bere a yehu sɛ wɔreboaboa komapafo pii ano ama nkwagye no.—Yoh. 10:16.
3 “So Aka Akyiri Sen Sɛnea Wususuw?” yɛ April 1, 1991 Ɔwɛn-Aban no mu nsɛm no biako asɛmti a ɛkanyan adwene. April 15 de no ka asɛm a n’asɛmti ne “Bere Bɛn na Asomdwoe Bɛba Ankasa?” ho asɛm. Yebetumi de nsɛm yi atoa mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti a ɛne sɛ “Wiase Asomdwoe, So Abɛn?” no so fɛfɛ. Sɛ wutumi hu sɛ ebia ofiewura no ani gye asɛmpa no ho ampa a, ma ɔne wo mmɔ Bible mu nkɔmmmɔ a ɛyɛ anigye na ɛda adamfofa su adi. Eyi hwehwɛ sɛ wudi kan siesie wo ho, na woyɛ krado sɛ wobɛkyerɛ sɛnea nsɛmma nhoma a aba foforo no mu nsɛm betumi aboa ofiewura no ma asɛm a mususuw ho no mu ntease a ɔwɔ no ayɛ kɛse.
4 Kae sɛ ahyɛde a yɛwɔ ne sɛ yɛbɛka asɛmpa no na yɛayɛ asuafo. (Mat. 24:14; 28:19, 20) Sɛ onipa no yɛ obi a n’ani gye ho sɛ ɔbɛkenkan nsɛm pɔtee bi wɔ mmere bi mu a, ebia ɛbɛyɛ papa sɛ wode ne din bɛka wɔn a woma wɔn nsɛmma nhoma daa no ho, na wokɔsra no daa. Nkitaho a wo ne onipa no bedi daa no bɛma woakanyan n’anigye, na awiei koraa no, wabɛyɛ obi a ɔkenkan Ɔwɛn-Aban no daa.
5 May ne June bɛma yɛanya hokwan pii de atrɛw Yehowa Ahenni ho asɛmpa no mu wɔ afie afie ne bɔnnɔ so nkɔmmɔ a yɛne nnipa a yehyia wɔn no bɔ no mu. Yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛkɔ so ahyira mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛhwehwɛ ahobrɛasefo a wɔwɔ yɛn asasesin mu, na yɛama wɔn honhom fam aduan no so.