Siesie Wo Ho Ma Nsɛmma Nhoma Dwumadi Wɔ April Mu
Sɛnea wɔakyerɛ wɔ yɛn 1996 Calendar so no, wɔbɛhyɛ Awurade Anwummeduan ho fã no afe yi wɔ April 2. Bere a saa da kɛse yi kanyan yɛn no, momma yɛn nyinaa mfa nsi nnya nsɛmma nhoma kyekyɛ mu kyɛfa April mu nyinaa. Hwɛ nsɛmma nhoma a ɛyɛ ne bere mu de a yɛde bedi dwuma! April 1 Ɔwɛn-Aban no bɛtwe adwene asi nnansa yi ara ɔmantam nhyiam baguam ɔkasa, “Yi Mmeresanten Hene no Ayɛ!” so. April 15 Ɔwɛn-Aban no bɛka April a etwaam ɔkasa titiriw, “Atoro Som Awiei Abɛn” no asɛmti ho asɛm. Ɛsɛ sɛ afe yi ɔkasa titiriw a ɛbɛba so April 21, “Sɛnea Yɛbɛkɔ So Ayɛ Kronn Wɔ Awo Ntoatoaso Kɔntɔnkye Mu” no de nkuranhyɛ pii ma. Yɛde April 22 Engiresi Nyan! a ekura asɛmti “Bere a Akodi Befi Hɔ” bedi dwuma.
Sɛ ade a wɔde bɛtoa afe a etwaam Ahenni Asɛm ho ɔsatu no so no, ɛsɛ sɛ April yi yɛ ɔsram soronko ma nsɛmma nhoma kyekyɛ ne ne kra. Mprempren ne bere a ɛsɛ sɛ woyɛ nhyehyɛe ahorow. Pii bɛpɛ sɛ wɔde wɔn ho hyɛ akwampae boafo adwuma no mu. Ɛsɛ sɛ mokra April nsɛmma nhoma no bi ka nea mugye no daa no ho sɛnea ebehia. Mubetumi ayɛ Nsɛmma Nhoma Ɔsatu Nna ho nhyehyɛe ma obiara a ɔwɔ hokwan de ne ho ahyem—anɔpa, owigyinae, ne/anaa anwummere. Momma yɛn nyinaa ‘nyɛ asɛm no yɛfo.’ Sɛnea wɔkaa Mesia no ho asɛm siei wɔ Dwom 69:9 no, ɛmmra sɛ yɛn nso yebetumi aka sɛ: “Wo fi ho mmɔdenbɔ amene me.”—Yak. 1:22; Yoh. 2:17.