February Ɔsom Nhyiam Horow
Dapɛn a Efi Ase February 5
Dwom 96
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Teokrase Nsɛmmansɛmma.
18 min: “Ɔmantam Nhyiam De Nsato a Ɛka Koma To Gua!—Fa Anigye Yi Yehowa Ayɛ Da Biara!” Nsemmisa ne mmuae.
17 min: “Nhoma a Yɛde Bɛma February a Yɛde Bedi Dwuma Ɔkwampa So.” Ka nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔkamfo kyerɛ no ho asɛm, na ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ biako anaa abien. Kae adawurubɔfo ma wonnye Abusua Asetra nhoma no bi nni dwuma ɔsram yi mu.
Dwom 57 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase February 12
Dwom 191
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Ka dapɛn no awiei asɛnka adwuma ho nhyehyɛe no.
13 min: “Siesie Wo Ho Ma Nsɛmma Nhoma Dwumadi Wɔ April Mu.” Si sɛnea Ɔwɛn-Aban ne Nyan! som bo wɔ asɛmpa no a wɔda no adi mu no so dua. Kenkan asɛm a ekura nkyekyem abien no, na kyerɛ nea mo asafo no bɛyɛ ama April ayɛ ɔsram titiriw wɔ nsɛmma nhoma kyekyɛ mu.
22 min: “Mɛyɛ Dɛn Anya Otiefo?” Nsemmisa ne mmuae. Ma adawurubɔfo baanu nnyina nyansahyɛ ahorow a wɔde ama wɔ School Guidebook no nkratafa 165-7, nkyekyem 10-21 no so mmɔ sɛnea wɔbɛbɔ mmɔden ada anigye kɛse adi wɔ apon ano ho nkɔmmɔ.
Dwom 133 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase February 19
Dwom 72
8 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.
17 min: Asafo ahiade. (Anaa “Mma W’ani Mmpa Sɛnea Nneɛma Gye Ntɛmpɛ no So,” ɔkasa a egyina October 1, 1995, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 25-8 so.)
20 min: “Bible mu Anigye a Yɛbɛsan Akɔkanyan.” Ɔpanyin ne adawurubɔfo baanu anaa baasa bɔ Abusua Asetra nhoma no afã horow ne sɛnea wobetumi aka eyinom ho asɛm ho nkɔmmɔ. Yɛ asɛm a wɔka kyerɛ biako anaa abien ho ɔyɛkyerɛ. Fa ɔkwan a wɔfa so kanyan obi anigye kodu baabi a wobetumi ne no afi Bible adesua ase wɔ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no mu ho nyansahyɛ ahorow ma.
Dwom 53 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase February 26
Dwom 28
5 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.
12 min: “Nya 1996 Teokrase Ɔsom Sukuu no mu Mfaso—Ɔfã 2.” Ɔkasa a sukuu sohwɛfo ma. Si hia a ɛho hia sɛ wɔkenkan Onyankopɔn Asɛm da biara da no so dua.
13 min: Nsɛm a Wɔka Kyerɛ a Ɛkanyan Anigye a Wosiesie. Ɔsom adwuma sohwɛfo anaa ɔpanyin foforo ne adawurubɔfo baanu anaa baasa bɔ mfaso a ɛwɔ so sɛ wɔbɛma asɛm a wɔka kyerɛ wɔ apon ano no afa biribi a ɛho hia ɛhɔfo ho ho nkɔmmɔ. Sɛ nhwɛso no, ɛhɔ amanneɛbɔ nsɛm a ɛfa mmɔden a wɔrebɔ nnansa yi sɛ wɔbɛma asetra atu mpɔn; aware mu nsɛnnennen a ɛreyɛ kɛse, mmofra asoɔden, anaa adwuma a ne hwehwɛ ayɛ den; anaasɛ amanneɛbɔ nsɛm a ɛkyerɛ nea enti a nnipa adwenem akɔ so ayɛ wɔn naa wɔ ano aduru a amammuifo ne asɔfo de ma ho no. Ka nsɛm a asisi mo mpɔtam hɔ nnansa yi ho asɛm, na monka akwan a wobetumi afa so de afi nkɔmmɔbɔ ase ho asɛm.
15 min: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu Nhoma no a Yɛde Bɛma Wɔ March Mu. Kyerɛ nhoma no afã horow a ɛyɛ anigye a wobetumi de afi nkɔmmɔ ase. (1) Twe adwene si mfonini ahorow a ɛyɛ fɛ yiye te sɛ nea ɛwɔ nkratafa 4-5, 86, 124-5, 188-9 no so. (2) Kyerɛ sɛnea wɔde ntimu nsemmisa bi aba eti biara awiei, na kyerɛkyerɛ sɛnea wobetumi de adi dwuma sɛ nsɛm a wɔka kyerɛ. Wubetumi abisa ofiewura no sɛ ɔbɛpɛ sɛ onya ɛho mmuae anaa. Yiyi nsemmisa bi fi nea ɛwɔ nkratafa 11, 22, 61, 149 no mu. (3) Dan adwene kɔ adaka a ɛwɔ kratafa 102 no so, na fa sɛnea wobetumi de “Nna a Edi Akyiri no Mu Nneɛma no Bi” akanyan nkurɔfo anigye ho nyansahyɛ ahorow ma. (4) Si sɛnea wɔahyɛ da ayɛ nhoma no sɛ wɔmfa nyɛ adesua a etu mpɔn no so dua. Atiri no yɛ ntiantiaa, nsɛm no asete nyɛ den, ɛtwetwe adwene kɔ kyerɛw nsɛm a tumi wom so, na emu nsemmisa a wɔde hu afoforo adwene no si nsɛntitiriw so dua. Hyɛ obiara nkuran sɛ ɔmfa nhoma no mma a botae no ne sɛ obefi adesua horow ase.
Dwom 151 ne mpaebɔ a wɔde wie.