Nhoma a Yɛde Bɛma February a Yɛde Bedi Dwuma Ɔkwampa So
1 Abusua asetra mu repaapae wɔ yɛn bere yi mu. Nokware a aware mu ahokafo nni, nsenom ho a wɔde hyehyɛ mu, mmofra a wontie wɔn awofo asɛm, sika fam ahokyere, mmofra ɔbrasɛe ne nyinsɛn a wotu gu, nnubɔnenom a ɛrenya nkɔanim, ne adan pa a wonnya ntra mu no ka ɔhaw ahorow a ama ayɛ den sɛ yebenya abusua asetra a ɛyɛ anigye no ho. Abusua Asetra nhoma no de Onyankopɔn Asɛm mu afotu a mfaso wɔ so a ɛboa ma wodi ɔhaw ahorow a ɛyɛ den yi so ma. Nnianim nsɛm a edidi so yi betumi akanyan anigye.
2 Ebia wubetumi afi nkɔmmɔbɔ ase denam eyi a wobɛka so:
◼ “Nnipa pii bisa sɛ, ‘Ebetumi ayɛ yiye sɛ yebenya abusua asetra a biakoyɛ ne anigye wom?’ Wo nso woasusuw eyi ho?” Twɛn ma ommua, na afei ka sɛ: “Hyɛ no nsow sɛ Efesofo 3:14 ne 15 ka Onyankopɔn ho asɛm sɛ ɔne abusua asetra Hyehyɛfo. Onim adesamma ahiade na ɔpɛ sɛ yɛn ani gye, enti ɔde abusua asetra ho afotu ma yɛn.” Sɛ wokenkan kyerɛwsɛm no wie a, twe n’adwene kɔ Abusua Asetra nhoma no nkratafa 9 ne 10 so na kenkan nkyekyem 14 no. Eyi betumi akowie nkyekyem ahorow a edi hɔ wɔ saa ti no mu ho nkɔmmɔbɔ tiawa mu. Fa nhoma no ma no, na kyerɛ no sɛ ɔmpaw ti bi a sɛ wosan ba a mubesusuw ho. Sɛ ofiewura no annye nhoma no a, wubetumi de Nya Abusua Asetra Mu Anigye kratawa no ama no.
3 Esiane sɛ mmofrabɔnesɛm a adɔɔso haw nnipa pii nti, eyi betumi akanyan anigye bi:
◼ “Sɛ́ ɔwofo no, akyinnye biara nni ho sɛ wo ne me bɛyɛ adwene sɛ sɛ́ wobɛtete mmofra ma wɔabɛyɛ mpanyimfo a wotumi di wɔn asɛyɛde ho dwuma no nyɛ adwuma a ɛda fam. Mahu sɛ Mmebusɛm 22:6 hyɛ nkuran yiye.” Kenkan kyerɛwsɛm no, na afei ka sɛ: “Nanso, asɛnnennen no ne bere a wubefi saa ntetee yi ase ne sɛnea wobɛyɛ no.” Dan kɔ Abusua Asetra nhoma no nkratafa 114 ne 115, na munsusuw nkyekyem 2 ne 4 ho. Bere a woada no adi sɛ ɛho hia sɛ wɔtete mmofra fi mmofraase pɛɛ no, kyerɛ sɛ wode nhoma no rema no na wobɛsan aba abɛkyerɛ no sɛnea Bible boa yɛn ma yedi ntetee yi afã ahorow ho dwuma.
4 Esiane sɛ mpanyimfo ahokwafo pii dwen sɛnea wobenya aware mu ɔhokafo pa ho nti, wubetumi asɔ eyi ahwɛ:
◼ “Esiane sɛ aware pii resɛe nti, ahokwafo pii dwen sɛnea wobenya ahokafo pa ho. Ebinom susuw sɛ ɛyɛ papa sɛ wɔne ɔbarima anaa ɔbea bi bɛtra a wɔnwaree ankasa. Wote nka dɛn wɔ ɛno ho? [Twɛn ma ommua.] Bere a eyi ho adwenhorow a enhyia pii wɔ hɔ no, yɛn Yɛfo no adwene yɛ nea emu da hɔ. [Kenkan Hebrifo 13:4.] Ɛnde, sɛ yɛrehwehwɛ aware mu ɔhokafo a, dɛn na yebetumi ayɛ na ama yɛatumi anya aware pa?” Dan kɔ kratafa 13, na kenkan nkyekyem 5. Twe n’adwene si nsɛmti nketewa a ɛwɔ ti yi mu no so tiawa, fa nhoma no ma no, na yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan aba ne no abesusuw asɛm no ho bio.
5 Sɛ wuhyia obi a onni adagyew na sɛ ɛsɛ sɛ wutwa no tiaa a, wubetumi aka eyi:
◼ “Esiane sɛ wo bere sua nti, mepɛ sɛ migyaw saa kratawa a wɔato din Nya Abusua Asetra Mu Anigye no ma wo. [Dan kɔ kratafa 6 na kenkan Adiyisɛm 21:3, 4 fa kyerɛ sɛ daakye bi a ɛyɛ anigye a mmusua betumi ahwɛ kwan wɔ hɔ.] Mehyɛ wo nkuran sɛ kenkan. Bere foforo a mɛfa ha no, mɛpɛ sɛ mihu nea wususuw wɔ ho.” Wubetumi de nsɛmma nhoma bi a ɛfata asi kratawa no ananmu ama no.
6 Sɛ yɛde Abusua Asetra nhoma no di dwuma a, yebetumi aboa nnipa a wɔwɔ tebea ahorow nyinaa mu ma wɔde wɔn ho abɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no, na wɔanya aware mu haw ho mmuae a Bible de ma no so mfaso. Ɛyɛ hokwan a yɛanya sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ asɛnka adwuma no mu bere a yɛde Abusua Asetra nhoma no ma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so wɔ February mu no.