Mɛyɛ Dɛn Anya Otiefo?
1 Wɔ Filipi kurow mu no, ‘ɔbea bi a ne din de Lidia a ɔtɔn ɔtankɔkɔɔ, . . . tee; na Awurade buee ne komam sɛ ontie nea Paulo ka no.’ (Aso. 16:14) Dɛn na saa kyerɛwtohɔ yi kyerɛ yɛn? Tie a obi tie no na ebue kwan ma osua nokware no. Aba a yɛsow wɔ Ahenni asɛm no a yɛka kyerɛ mu no gyina ɔpɛ a ofiewura no wɔ sɛ obetie no so titiriw. Sɛ onya tie a, ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛka yɛn asɛm no. Nanso obi a yebenya no ma watie yɛn no betumi ayɛ asɛnnennen. Dɛn na yebetumi ayɛ?
2 Ansa na yebefi yɛn som adwuma no ase no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ahosiesie ne adwinnade a yɛde bedi dwuma no sɛ ɛte dɛn. Dɛn ntia? Ɛyɛ mmerɛw ma nkurɔfo sɛ wobetie obi a ɔde animduru da ne ho adi. So yɛn ahosiesie yɛ nea ɛfata na ɛnyɛ kyenkyerenn? Ɛwom sɛ ebia atade biara kɛkɛ a yɛbɛhyɛ no yɛ nea wogye tom wɔ wiase no mu de, nanso yɛkwati anibiannaso a ɛte saa efisɛ yɛyɛ asomfo a yegyina Onyankopɔn Ahenni no ananmu. Yɛn ahosiesie a ɛho tew na ɛfata no nso ka Ahenni asɛm a yɛde ma no ho asɛm pa.
3 Da Adamfofa Su ne Obu Adi: Ɛmfa ho sɛ su horow resesa nnɛ no, nnipa pii da so ara wɔ obu ma Bible no, na wɔbɛma obu ne adamfofa kwan so nkɔmmɔbɔ a ɛfa nea ɛwɔ Bible mu no ho kwan. Obi anim a ɔtew na ɔnwenwene no betumi adwudwo ofiewura no koma na abue nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ anigye ho kwan. Ɛsɛ sɛ adwene ne su pa a yekura no da adi nso wɔ yɛn kasa ne nneyɛe mu, a obu mu a yebefi atie ofiewura no adwene nso ka ho.
4 Yɛn atirimpɔw ne sɛ yɛne afoforo bɛkyɛ Bible mu anidaso no. Bere a eyi wɔ yɛn adwene mu no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ yɛn nkɔmmɔbɔ no kanyan anigye, ɛnyɛ kasatia anaa mpoatwa kwan so de. Ɛho nhia sɛ yɛsɛe bere ne obi a ɛda adi pefee sɛ ɔsɔre tia gye akyinnye. (2 Tim. 2:23-25) Yebetumi apaw nsɛm a wɔka kyerɛ a ɛhyɛ nkuran na ɛyɛ ne bere mu de a wasiesie ama yɛn wɔ Yɛn Ahenni Som ne Reasoning nhoma mu no. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yesiesie eyinom yiye sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi akasa wɔ anigye ne ɔkwan a emu da hɔ so.—1 Pet. 3:15.
5 Yɛn nsrahwɛ no akyi no, afiewuranom kakraa bi na wotumi kae nea yɛkae no pɛpɛɛpɛ. Nanso ɛkame ayɛ sɛ wɔn nyinaa betumi akae ɔkwan a yɛfaa so kaa no no. Ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu tumi a papayɛ ne ayamye wɔ so da. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wɔte sɛ nguan pii wɔ yɛn asasesin no mu a wobetie nokware no sɛnea Lidia yɛe wɔ afeha a edi kan mu no. Yɛn ahosiesie ne ɔkwan a yɛfa so kasa a yɛbɛhwɛ no yiye no betumi akanyan komapafo ma wɔatie Onyankopɔn Asɛm na wɔagye atom.—Marko 4:20.