Afie Afie Som Adwuma ho Nsɛnnennen a Yebedi ho Dwuma
1 Adwene a ɛne sɛ wɔbɛkɔ afie afie, nnipa a wonnim wɔn a wɔkɔ wɔn nkyɛn no yɛ asɛnnennen ankasa ma nnipa a wogye nokware som tom no mu pii. Nanso, nokware dɔ ma Yehowa boa obi ma odi asɛnnennen yi so, na wɔn a wɔfɛre ade yiye mpo anya nkɔso abɛyɛ asɛmpa no ho bere nyinaa asɛnkafo.
2 Yehu pefee fi Bible no mu sɛ Kristofo a wodi kan no kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa kyerɛɛ afoforo denam afie afie a wɔkɔe no so. (Aso 5:42; 20:20, 21) Sɛ́ afeha 20 yi mu Kristofo no, yɛn nso yenya adwuma yi mu kyɛfa. Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn yɔnko no kanyan yɛn ma yɛyɛ adwuma yi, ɛwom mpo sɛ ebia yebehyia anibiannaso, abufuw, animtiaabu anaa ɔsɔretia ankasa de.
3 Nea Asɛnnennen no ho Dwumadi Tumi De Ba: Bere biara a yɛkɔ obi nkyɛn no, yɛbɔ mmɔden sɛ yebegu nokware aba kakra, a yenim sɛ awiei no, ne nyinaa betumi ama wasow Ahenni aba. (Ɔsɛnk. 11:6) Ankorankoro nsɛm tebea sakra. Ebia biribi besi a ebetumi ama ofiewura bi akae nea yɛn mu biako kae wɔ ne pon ano, na ebia watie asɛm no kɛse bere foforo.
4 Yɛn afie afie som adwuma no ma wɔn a wɔpɛ nokware ne trenee no nya hokwan sua Yehowa ne n’atirimpɔw ahorow ho ade, na wofi ase nantew daa nkwa kwan no so. Yɛnam saayɛ so fi ɔdɔ mu de kɔkɔbɔ ma wɔn a wodi wiase anigyede ahorow akyi no sɛ ehia sɛ wɔsakra na ama wɔanya Yehowa anim dom. Ɔsom adwuma yi nso ma wohu Yehowa din na ɛhyɛ no anuonyam, sɛ ebia afiewuranom tie anaa wontie no.—Hes. 3:11.
5 Ɔsom adwuma no a yɛyɛ no boa yɛn ma yenya honhom aba te sɛ ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim, anigye, asomdwoe, ne abodwokyɛre. (Gal. 5:22) Ɛboa yɛn ma yenya ahobrɛase ne ayamhyehye, efisɛ ɛma yɛyɛ nneɛma pa ma afoforo. Pii a yɛyɛ wɔ Yehowa adwuma mu no bɔ yɛn ho ban wɔ wiase no ho.—1 Kor. 15:58.
6 Mmoa a Ɛbɛma Yɛadi Asɛnnennen no ho Dwuma: Ehia sɛ afoforofo sua sɛnea wobenya adwuma a anigye wom sen biara yi mu kyɛfa. Mpɛn pii no wonni ahotoso, ma enti ebia afie afie a wɔbɛkɔ no ho a wususuw kɛkɛ no bebu wɔn aba mu. Yebetumi ne wɔn asusuw anoyi ahorow a wɔtaa de ma ne nea yebetumi aka de abua no ho. Yebetumi asua sɛnea yɛde Reasoning nhoma no mu nyansahyɛ pa a ɛfa sɛnea yebebua wɔn a wosiw nkɔmmɔbɔ kwan ho no adi dwuma. Dɛn nti na womfa wo ho mma sɛ wobɛboa wɔn ma wɔasiesie wɔn ho ama asɛnka? Wobetumi anya mmoa pii nso denam asɛnka nhyiam horow a wɔbɛkɔ daa na wɔne adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw kɛse ayɛ adwuma wɔ ɛno akyi no so. Kuw bi a wɔne wɔn bɛyɛ adwuma no betumi ahyɛ wɔn den yiye.
7 Bere a yɛkɔ afie afie no, yenya hokwan a ɛma yɛyɛ yɛn Nyankopɔn, Yehowa, no ananmusifo. Anuonyam kɛse bɛn ara na obi betumi anya sen sɛ ɔyɛ Onyankopɔn yɔnko dwumayeni ankasa? (1 Kor. 3:9) Sɛ yɛde yɛn ho to no so a, ne honhom bɛboa yɛn ma yɛadi afie afie adwuma no ho nsɛnnennen ho dwuma.—2 Kor. 3:5.