Ahotew Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam
1 Mose Mmara no kura ahwehwɛde a na ɛhyɛ obiara sɛ onni so pɛpɛɛpɛ na ama ne ho atew. Ɛmaa Israelfo daa nsow sɛ nnipa a wɔhwehwɛ sɛ wɔma wɔn ho tew wɔ ɔhonam fam ne honhom fam. (Lev. 11:35, 36; 15:1-11; Isa. 52:11) Ahotew yi hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam na ɛboa maa ɔman no nyaa apɔwmuden.
2 Ɛnnɛ nso, ahotew yɛ Yehowa nkurɔfo agyiraehyɛde. Ɛwom sɛ eyi hyɛ Yehowa nkurɔfo nsow sɛ kuw de, nanso so ɛte saa wɔ yɛn mu biara fam? Faako a yɛma yɛn ankasa ahotew ho hia yɛn kodu no kyerɛ sɛnea yɛn ani sɔ Yehowa ahwehwɛde ahorow fa.
3 Yɛn fie te dɛn? So ɛma nkurɔfo nya Ahenni nkrasɛm a yɛka no ho adwene a ɛmfata? So ebetumi aba sɛ ebia ebinom nnye ntom sɛ nea yɛka no yɛ nokware, sɛ yɛka asase no a ɛbɛdan paradise ho asɛm bere a yɛn ankasa fie ayɛ basaa na adiwo hɔ afuw kusuu a yɛnnɔw no? Sɛ yɛn fie yɛ basaa anaasɛ hɔnom bɔn esiane sɛ hɔ ntew nti a, so yebetumi aka sɛ yɛanya “ahotew su ne nhwɛso horow a ɛbɛfata ama [wiase foforo] no wɔ Onyankopɔn Ahenni no ase”?—omTW nkr. 130-1.
4 Na yɛn kar, moto anaa baesekre nso ɛ? So emu ne ho tew sɛnea ɛsɛ, ma enti sɛnea ɛte no mma wonnya yɛn adwuma no ho adwene a ɛmfata? Na yɛn ntade anaa ntama, yɛn nhoma bag ne yɛn ankasa ahosiesie nso? So ɛho ne ani tew na ɛnhaw afoforo? Ntease wom sɛ yɛkɔ so ma yɛn honam ne yɛn ntade anaa ntama ani atew denam guare a yɛbɛguare na yɛahoro yɛn nneɛma daa no so.—w89 6/1 nkr. 16-19.
5 Na sɛ onua bi abɛyɛ anibiannaso ma enti ne ho anaa baabi a ɔte no ma wɔbɔ asafo no ahohora nso ɛ? Ebia nea ohia ara ne mmoa a efi ɔdɔ mu esiane sɛ ne mfe akɔ anim anaasɛ ɔyare nti. Sɛ saa a, ɛbɛyɛ ayamye sɛ yɛbɛboa no. Ebia na obi te saa nanso onnim mpo; afotu a efi ayamye mu betumi ama wadi tebea no ho dwuma. Ankorankoro a wɔkɔ so yɛ nhwɛso bɔne wɔ eyi mu no remfata sɛ wonya hokwan soronko wɔ asafo no mu. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo hwɛ yiye na wɔanhyɛ afoforo sɛ wonnye wɔn mpanyimfo no gyinapɛn ahorow anaa nea wɔpɛ ntom.
6 Yɛto nsa frɛ anigyefo a yɛanya wɔn foforo no ma wobedi honhom fam aduan wɔ yɛn Ahenni Asa so. Yɛtaa wɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yɛbɛto nsa afrɛ wɔn efisɛ asa no so yɛ fɛ na ɛhɔ tew. Nanso, egye adwumayɛ na yɛama hɔ ayɛ saa. Monhwehwɛ mo asa no so. So nkongua, fam hɔ ne afasu no ho tew? So mutwiw adwensɔe ne baabi a mugyaw mo anan no daa? Sɛ yɛkɔ so hwɛ kapet anaa afasu a nnuru a wɔde kaa ho no rewaawae nkakrankakra na ɛnhaw yɛn a, ɛrenkyɛ yebetumi abu no sɛ ɛnsɛe hwee. Nanso, ebetumi ama ahɔho a wɔba hɔ bere a edi kan no anya adwene a ɛnteɛ bi. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara de ma yɛn asa no ho ne so tew fɛfɛɛfɛ, na yenya ɛho ne emu asiesie mu kyɛfa.
7 Yebetumi de sɛnea yɛn ankasa yɛn ho, yɛn fie ne Ahenni Asa so tew no ahyɛ Onyankopɔn anuonyam a yɛnkasa mpo. Yɛn nhwɛso pa no rento obiara hintidua, na mmom ebedi adanse sɛ yɛn som no ho tew na ɛyɛ nokware.—1 Kor. 10:31, 32; Yak. 1:27.