Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/94 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Ma April

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Ma April
  • Yɛn Ahenni Som—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase April 4
  • Dapɛn a Efi Ase April 11
  • Dapɛn a Efi Ase April 18
  • Dapɛn a Efi Ase April 25
Yɛn Ahenni Som—1994
km 4/94 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Ma April

Dapɛn a Efi Ase April 4

Dwom 16

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow. Kae wɔn nyinaa sɛ wɔbɛma ɔkasa titiriw a n’asɛmti ne “Nokware Som De Adesamma Ahiade Ahorow Ma” no April 10. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden yiye boa afoforo ma wɔba bi.

15 min: “Ɔwɛn-Aban ne Nyan!—Nsɛmma Nhoma a Ɛka Nokware.” Nsemmisa ne mmuae. Ma atiefo nka akwan a wɔafa so ama nsɛmma nhoma dodow a wɔma no akɔ anim ho asɛm. Ma ebinom nka osuahu ahorow sɛnea bere ma kwan.

20 min: “Fa Wiase no mu Nsɛmma Nhoma a Eye Sen Biara no Ma.” Wo ne atiefo nsusuw asɛm no ho, na si nsɛmma nhoma no so mfaso titiriw so dua. Sɛ moresusuw nkyekyem 2 ho a, bisa ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw ma ɔnkyerɛ sɛnea wobetumi ahu emu nsɛm na wɔasiesie nsɛm a wɔbɛka akyerɛ de ama. Yɛ nhyehyɛe ma wɔnyɛ akwan a wɔbɛfa so de April 1 Ɔwɛn-Aban ne March 22 Awake! ama ho ɔyɛkyerɛ abien. Fa nsɛm a wobetumi aka na wɔde Nyan! a aba afoforo ama ho nyansahyɛ wie.

Dwom 69 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase April 11

Dwom 80

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Munsusuw Asemmisa Afã hɔ nsɛntitiriw ho.

15 min: “Ɔsom Nhyiam no Siesie Yɛn ma Adwuma Pa Biara.” Nsemmisa ne mmuae. Fa sɛnea abusua bi siesie wɔn ho ma nhyiam ho ɔyɛkyerɛ ka ho; si hia a ɛho hia sɛ (1) wodi kan siesie wɔn ho, (2) wɔyɛ komm tie asɛm yiye na (3) wonya mu kyɛfa so dua.

20 min: “Som Yehowa a Womma Biribiara Ntwetwe W’adwene.” Krataa a ehyem. Nsemmisa ne mmuae. Ka nkyekyem 1 kosi 6 ho asɛm.

Dwom 90 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase April 18

Dwom 100

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sika ho amanneɛbɔ ne ntoboa biara a Asafo ti kyerɛ sɛ nsa aka ho nkrataa.

15 min: “San Kɔ Wɔn a Woma Wɔn Nsɛmma Nhoma ne Brochure no Nkyɛn.” Wo ne atiefo mmɔ ho nkɔmmɔ. Ma wɔnka nea enti a ɛho hia sɛ wohu nsɛmma nhoma no mu nsɛm yiye, na wɔhwehwɛ nea ofiewura no kaa kan no mu yiye, na wɔahu ɔkwan a eye sen biara a wɔbɛfa so. Ma adawurubɔfo a wɔfata nyɛ nea wɔbɛka akyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa no ho ɔyɛkyerɛ sɛnea bere ma kwan.

20 min: “Som Yehowa a Womma Biribiara Ntwetwe W’adwene.” Krataa a ehyem. Nsemmisa ne mmuae. Ka nkyekyem 7 kosi 12 ho asɛm.

Dwom 51 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase April 25

Dwom 70

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma. “Mmoa a Ɛbɛma Yɛadi Da Biara Nsɛnnennen So.”

15 min: Gyidi. Egyina Reasoning nhoma no nkratafa 129-32 so. Ɔpanyin ne mmofra kuw bi ntam nkɔmmɔbɔ. Ɔpanyin ne wɔn susuw nea gyidi kyerɛ ho, na afei obisabisa mmofra kuw no nsɛm. Dɛn nti na nnipa pii nni gyidi? Dɛn na yɛn gyidi gyina so? Yɛbɛyɛ dɛn atumi akura gyidi a emu yɛ den mu? Yɛyɛ dɛn da gyidi a ɛte sɛɛ adi? Ɔpanyin kamfo kuw no hyɛ wɔn nkuran de wie.

20 min: “Ahotew Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam.” Ɔpanyin ne atiefo susuw asɛm no ho. Fa ɔkasa tiawa a ɛfa afotu a wɔde ama wɔ June 1, 1989, Watchtower no nkratafa 15-20 ho no wie.

Dwom 75 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena