Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/94 kr. 3-4
  • Som Yehowa a Womma Biribiara Ntwetwe W’adwene

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Som Yehowa a Womma Biribiara Ntwetwe W’adwene
  • Yɛn Ahenni Som—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Som Yehowa, Mma Biribiara Nnye W’adwene
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Yɛrewɛn—Yɛmma Biribiara Nnye Yɛn Asabawmu?
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • “Munsiesie Mo Ho Nsie”
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • ‘Monkɔ So Nhwehwɛ Ahenni No Kan’
    Biako a Wɔayɛ De Resom Nokware Nyankopɔn Koro No
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1994
km 4/94 kr. 3-4

Som Yehowa a Womma Biribiara Ntwetwe W’adwene

1 “[Anigye] ne ɔman a [Yehowa] ne wɔn Nyankopɔn.” (Dw. 144:15) So nsɛm a Ɔhene Dawid kae yi yɛ nokware ara, wɔ nna bɔne yi mu mpo? (Efe. 5:16) Yiw! Kristofo da so ara nya Yehowa som mu anigye. Ɛnyɛ bere nyinaa na nneɛma yɛ mmerɛw ma yɛn. Satan ma yehyia nsɛnnennen wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu, nanso yɛmpa abaw. (2 Tim. 3:1, 2) Tebea horow a ɛresɛe no yɛ adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ bere adu sɛ Onyankopɔn Ahenni pra wiase dedaw a ɛreporɔw yi kɔ na ɛde wiase foforo a emu tew si n’ananmu. (2 Pet. 3:13) Wiase yi mu sum no mma yɛn anidaso mmrɛ ase; mmom no yɛn Ahenni anidaso no kɔ so hyerɛn yiye. So ɛnyɛ wo anigye sɛ wɔresom Yehowa sɛ kanea wɔ wiase a aduru sum yi mu?—Fil. 2:15.

2 Sɛ ankorankoro no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛnea yɛresom Yehowa no bere nyinaa. Dɛn ntia? Efisɛ Satan yɛ Obi a ɔtwetwe nkurɔfo adwene kɛse. Nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ ‘twe adwene’ ase sɛ, “sɛ wɔbɛdan obi ani afi biribi so,” “sɛ wɔbɛtwe anaa wɔbɛdan (obi adwene) asi biribi foforo so anaa nneɛma afoforo so wɔ bere koro mu,” ne “sɛ wɔde nkate anaa adwenhorow a abirabɔ wom bɛkanyan obi anaasɛ wɔbɛma n’adwene atu afra.” Efi bere a wɔtow Satan kyenee asase yi so no, watumi ‘adaadaa’ adesamma. Ɔde nneɛma pii dan nnipa adwene fi yɛn bere yi mu nsɛmpɔw ankasa so. (Adi. 12:9) Ɛwom sɛ Yehowa Adansefo ayere wɔn ho aka Ahenni no ho asɛm mfe ɔha ni de, nanso nnipa baahe na wohu nsɛmpɔw a ɛho hia sen biara a ɛne Onyankopɔn Ahenni a wɔnam so bɛtew Onyankopɔn din ho na wɔabu ne tumidi bem no? Sɛ wɔde toto ho a, wɔyɛ nnipa kakraa bi. (1 Yoh. 5:19) Sɛ Satan tumi dan nnipa ɔpepepem pii a wɔwɔ asase yi so adwene a, ɛnde asiane wom bere nyinaa sɛ obetumi adan yɛn adwene ma yɛagyae Yehowa som. Awerɛhosɛm ne sɛ nneɛma a Satan de dan adwene no ama yɛn nuanom binom adwene atu afra. Wɔama kwan ma wɔn adwene akɔ nneɛma afoforo so. Nneɛma a ɛdan adwene pii wɔ hɔ nnɛ. Susuw emu kakraa bi ho.

3 Sika Fam Ahokyere ne Honam Fam Nneɛma ho Dɔ: Wɔ wiase no mu aman no dodow ara mu no, adwuma a wonnya nyɛ ne asetra a ayɛ den no ayɛ dadwen. Ampa, ɛsɛ sɛ yenya aduan, ntade ne dabere ma yɛne yɛn mmusua. Nanso sɛ yedwennwen asetrade ho tra so a, nneɛma yi bɛhyɛ yɛn adwene so. Ebetumi ama ahoɔden a yebenya de atra nkwa mu no abɛyɛ ade a ehia yɛn sen biara wɔ asetra mu sen sɛ yɛbɛboa Ahenni no ho ɔsɛmpɔw no. Ɔsomafo Paulo de eyi ho afotu mae wɔ Hebrifo 13:5, 6. Yesu Kristo ma yɛn awerɛhyem sɛ ɛho nhia sɛ wɔn a wɔhwehwɛ Ahenni no kan no dwennwen; Yehowa ma yɛn nea yehia ankasa. (Mat. 6:25-34) Akwampaefo ne bere nyinaa asomfo afoforo a wɔwɔ wiase nyinaa betumi asi so dua sɛ eyi yɛ nokware.

4 Satan wiase no kanyan honam fam nneɛma ho dɔ. Ahode pii a wobenya anaa wɔbɛbɔ ho ban ne ade a ɔpepem pii asetra gyina so. Na nneɛma a ɛtwetwe adwene a ɛte saa ara wɔ hɔ wɔ Yesu bere so. Ɔdefo sodifo kumaa bi bisaa Yesu nea ɛho hia sɛ ɔyɛ na wanya daa nkwa. Yesu buae sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ [anaa wudi mũ] a, kɔ na kɔtɔn nea wowɔ, na fa ma ahiafo, na woanya ademude ɔsoro, na bra bedi m’akyi!” (Mat. 19:16-23) Ɛda adi sɛ aberante yi honam fam nneɛma pii no dan n’adwene fii Onyankopɔn a obefi ne kra nyinaa mu asom no no so. Ná ne koma akom kɔ n’ahode no so. Ná Yesu nim sɛ, sɛ aberante no tow nneɛma yi a na ɛtwetwe n’adwene no gu a, anka obenya mu mfaso. Amma wamfa ɔsom a edi mũ amma Onyankopɔn. Na wo nso ɛ? So wuhu sɛ wode bere pii yɛ honam fam adwuma na ama woakura w’asetra gyinapɛn mu kɛkɛ? So eyi aka ɔsom a wode ma Yehowa, sɛ nhwɛso no, nhyiam ne asɛnka a wokɔ no? So wo honam fam nneɛma sɛe wo bere ne w’ahoɔden fã kɛse no ara ma wunnya bere mma Ahenni nneɛma? (Mat. 6:24) So wubetumi ama w’asetra akwati akɛsesɛm na woanya bere pii ama honhom fam nneɛma?

5 Da Biara Asetra mu Nneɛma: Sɛ yɛanhwɛ yiye a, da biara asetra mu nneɛma betumi agye yɛn bere pii araa ma yɛafi ase abu yɛn ani agu honhom fam nneɛma so. Kae nnipa a wɔtraa ase wɔ Noa bere so no. Ná asetra mu nneɛma, adidi ne ɔnom, aware ne wɔn mma a wɔma wɔwaree no agye wɔn adwene araa ma wɔantie Nsuyiri a na ɛreba no ho kɔkɔbɔ a Noa de mae no. Ansa na wɔn ani bɛba wɔn ho so no, na Nsuyiri no apra wɔn nyinaa kɔ. Nneɛma a ɛtwetwee wɔn adwene no maa ɔsɛe baa wɔn so. Yesu kae sɛ: “Saa ara nso na onipa Ba no ba bɛyɛ.” (Mat. 24:37-39) Nokwarem no, nnipa a wɔte ase nnɛ no dodow no ara asetra gye wɔn bere pii araa ma wontie kɔkɔbɔ nkrasɛm a yɛde kɔ wɔn nkyɛn no. Wɔyɛ honhom fam nneɛma ho anibiannaso kɛse.

6 So asetra mu dwumadi ahorow regye wo bere nyinaa ma wunnya bere mma honhom fam nneɛma? Bere bi wɔtoo nsa frɛɛ Yesu kɔɔ Marta ne Maria fie. Ná Maria ayɛ komm retie nea Yesu wɔ ka no. Nanso, Marta ‘fenaa ne ho ɔsom pii ho.’ Marta de n’adwene sii ofiewura pa a na ɔbɛyɛ no so dodo. Wantumi anhu hia a na ɛho hia sɛ ogye bere de tie Yesu. Yesu de ayamye ka kyerɛɛ Marta sɛ nsiesiei a ɛtra so ho nhia; ɛsɛ sɛ wɔde adwene si honhom fam nneɛma so kɛse. So ɛho hia sɛ wode saa afotu no di dwuma? (Luka 10:38-42) Yesu bɔɔ kɔkɔ nso sɛ yɛnhwɛ yɛn ho yiye na yɛannidi na yɛannom nsa antra so, na yɛanyɛ tebɔɔ. Ɛho hia sɛ yɛma yɛn ani da hɔ yiye wɔ nnipa abakɔsɛm bere a emu yɛ den yi mu.—Luka 21:34-36.

7 Anigyede Akyidi: Nneɛma a Ɔbonsam de twe adwene fi Ahenni ɔsɛmpɔw no so sen biara no mu biako ne anigyede akyidi. Kristoman mu nnipa ɔpepem pii pɛ anigyede sen Onyankopɔn. Wɔpɛ sɛ wɔde biribi a ebetumi atwetwe wɔn adwene begye wɔn ani sen sɛ wobesusuw Onyankopɔn asɛm ho anibere so. (2 Tim. 3:4) Nokwarem no, anigyede ne ahomegye a ɛfata nyɛ bɔne. Nanso bere pii a yɛbɛsɛe wɔ nneɛma te sɛ television, sini, video, agumadi, wiase nhoma akenkan, anaa anigyede ho dapɛn biara no betumi ama yɛn koma adaadaa yɛn na atwe yɛn afi Yehowa ho. (Yer. 17:9; Heb. 3:12) Ɛbɛyɛ dɛn na atumi aba saa? Ebia wubehu sɛ w’adwene kyinkyin wɔ Kristofo nhyiam horow ase; ebia wobɛpɛ mpo sɛ nhyiam no ba awiei na ama woatumi akogye w’ani. Ɛrenkyɛ, wubehu sɛ wohwehwɛ biribi a wubetumi agyina so atra fie sen sɛ wobɛkɔ nhyiam anaasɛ asɛnka. Mprempren ne bere a ɛsɛ sɛ wohwɛ hu pefee sɛ ebia eyinom retwetwe w’adwene wɔ w’asetra mu. (Luka 8:14) So wuntumi mfa mmere a ɛsom bo a wosɛe no wɔ ­anigyede ho no bi nni honhom mu nkɔso ho dwuma?

8 Nneɛma Afoforo a Ɛsɛe Bere: Ebinom rebɔ mmɔden sɛ wobedi ɔhaw ahorow a nnɛyi adesamma abusua no hyia ho dwuma. Ɛho hia sɛ Kristofo kwati sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ akyinnye a wiase no kɔ so gye wɔ asetra mu nsɛm ho anaa mmɔden hunu a wɔbɔ sɛ wobedi nsisi ho dwuma no mu. (Yoh. 17:16) Eyinom nyinaa yɛ Satan nneɛma a ɔde dan adwene fi Bible no afotu ne nokwasɛm titiriw a ɛne sɛ ano aduru a ɛbɛtra hɔ akyɛ biako pɛ na ɛwɔ hɔ no so—Onyankopɔn Ahenni no. Sɛ wɔahaw yɛn anaa wɔasisi yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanyɛ aweredifo anaa ­anhaw yɛn araa ma yɛn werɛ amfi nnipa ko a yɛyɛ—Yehowa Adansefo. Nea ɛsen ne nyinaa no, Yehowa na wɔafom no, na ne din na ɛsɛ sɛ yɛtew ho.—Yes. 43:10-12; Mat. 6:9.

9 Ɛwom sɛ obiara pɛ sɛ onya akwahosan pa de, nanso adwene a obi de besi nkyerɛkyerɛ ne ayaresa bebree a wɔde ma so no bɛma wasɛe bere pii wɔ akwahosan nsɛm ho. Nnipa pii wɔ hɔ a wɔkamfo nnuan, nnuru, ne honam fam ne nkate mu haw ayaresa, a emu pii bɔ wɔn ho abira kyerɛ. Obi ankasa na ɛsɛ sɛ osi n’akwahosan ho nsɛm ho gyinae mpɛn dodow a ɛne Bible mu nnyinasosɛm ahorow hyia no. Momma yenkura ahotoso a edi mũ a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu sɛ adesamma haw ahorow no ano aduru ankasa no mu daa.—Yes. 33:24; Adi. 21:3, 4. 

10 Tintim, Nhinhim: Bere a awiei no bɛn no, Satan bɛma mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛtwe w’adwene afi ɔsom a wode ma Yehowa so no anya nkɔanim. ‘Fa gyidi gyina hɔ pintinn siw no kwan.’ (1 Pet. 5:9) Ɔkwan bɛn so? Ɛsɛ sɛ wode Onyankopɔn nsusuwii hyɛ wo ho den. (Mat. 4:4) Mma wiase no mu nneɛma a ɛtwetwe adwene nsɛe bere a wo ne w’abusua hia na mode asusuw Onyankopɔn Asɛm ho komm no. Sɛ mudidi sɛ abusua a, mommom nsusuw osuahu ahorow a ɛma denhyɛ ne honhom fam nneɛma afoforo ho. Di kokoam adesua ne ahosiesie a woyɛ ma nhyiam horow no ho nhyehyɛe so.

11 Sɛ adwennwene reyɛ ama w’adwene ayɛ basaa a, fa w’adesoa to Yehowa so wɔ mpaebɔ mu. Nya awerɛhyem sɛ odwen wo ho. (1 Pet. 5:7) Ma Onyankopɔn asomdwoe nhwɛ wo koma ne w’adwene tumi so. (Fil. 4:6, 7) Mma nneɛma a ɛtwetwe adwene mfura w’ani wɔ honhom fam. Dwen Yehowa ho bere nyinaa te sɛ nea Yesu yɛe no. (Aso. 2:25) Hwɛ wo botae no tẽẽ sɛnea Mmebusɛm 4:25-27 hyɛ yɛn nkuran no: “Ma w’ani nhwɛ tẽe, na w’anisuatɛtɛw nteɛ nhwɛ w’anim. Taataa w’anammɔn pɛpɛɛpɛ, na ma w’akwan nyinaa ntim. Mmãn nifa anaa benkum.”

12 Kɔ nhyiam horow nyinaa daa, na teɛ wo ho so na ama woatie afotu a efi Onyankopɔn Asɛm mu no. (Heb. 2:1; 10:24, 25) Na sɛ́ anka wobɛhwehwɛ anigyede ahorow a wiase a aporɔw yi de ma no, fa yɛ wo botae sɛ wubekura ɔsom adwuma a ɛsow aba mu. Eyi na ɛde anigye ne akomatɔyam a enni awiei ba. (1 Tes. 2:19, 20) Nea etwa to no, mma biribiara anaa obiara nnan w’adwene mfi wo som kronn no so. ‘Tintim, nhinhim, kɔ so Awurade adwuma mu daa, efisɛ wunim sɛ wo brɛ nyɛ ɔkwa, Awurade mu.’—1 Kor. 15:58.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena