San Kɔ Wɔn a Woma Wɔn Nsɛmma Nhoma ne Brochure no Nkyɛn
1 Yesu hyɛɛ n’akyidifo nkuran sɛ wɔnyere wɔn ho nyɛ asuafo. (Mat. 28:19) Saa asɛm no nkyerɛ sɛ yɛmfa nhoma mma kɛkɛ; yɛpɛ sɛ yɛboa nkurɔfo ma wonya honhom mu nkɔso. Sɛ yɛbɛyɛ saa a, ɛsɛ sɛ yɛsan kɔboa wɔn a wɔda anigye adi no.
2 Sɛ wotwee adwene sii nsɛmma nhoma bi mu asɛm bi so wɔ wo nsrahwɛ a edi kan no mu a, ɛbɛyɛ papa sɛ mobɛbɔ asɛm koro no ara ho nkɔmmɔ bere a wosan kɔ hɔ no:
◼ “Bere a mebaa ha nnaano no, metwee w’adwene sii Ɔwɛn-Aban (anaa Nyan!) mu asɛm bi a ɛboaa yɛn ma yehui sɛ ɛho hia sɛ yɛhwehwɛ Bible mu no so. Onyankopɔn atirimpɔw a ɛfa daakye bi a eye a adesamma benya no gyina n’Ahenni nniso no so. Mika 4:3, 4 ka ne bɔhyɛ no ho asɛm sɛ Ahenni yi bɛma akodi nyinaa aba awiei.” Sɛ wokenkan kyerɛwsɛm no wie a, da “Hwɛ!” brochure no adi na fa anim mfonini no kyerɛ no. Munsusuw nkyekyem a edi kan ne ɛho kyerɛw nsɛm no ho (hwɛ kratafa 4 ase hɔ asɛm no mu), na monhyɛ no nsow sɛ Mika 4:3, 4 yɛ mu biako. Yɛ sankɔhwɛ ho nhyehyɛe na wode nkyekyem 2 akɔtoa nkɔmmɔbɔ no so.
3 Sɛ ɛte sɛ nea ofiewura no anigye sua mpo anaasɛ onni bere a mode bɛbɔ nkɔmmɔ a, wubetumi asi gyinae sɛ wobɛkyerɛw ne din ato hɔ na ama woasan akɔsra no:
◼ “Esiane sɛ wokyerɛɛ nsɛmma nhoma a mede gyaw wo nnaano no ho anigye nti, misusuwii sɛ w’ani begye nea aba foforo yi ho. Migye di sɛ w’ani begye asɛm yi ho titiriw.” Fa asɛm bi a wote nka sɛ n’ani begye ho kyerɛ no. Ka sɛ wode foforo a ɛbɛba no bɛbrɛ no na twe n’adwene si ne kra ho nhyehyɛe so.
4 Sɛ ofiewura no kenkan nsɛmma nhoma no kyerɛɛ ho anisɔ a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ den sɛ wobɛma wakra:
◼ “Esiane sɛ w’ani gye ho sɛ wobɛkenkan Ɔwɛn-Aban no nti, wubetumi akra ma wɔde afa post office abrɛ wo daa, na ama wo nsa aka ebiara a ɛbɛba no bi.” Ka bo no kyerɛ no, na kyerɛ no sɛnea wɔhyehyɛ krataa a wɔde kra no.
5 Sɛ wode brochure maa no na woannya kwan anyɛ adesua nhyehyɛe no ho ɔyɛkyerɛ a, yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛyɛ saa bere a wosan kɔsra no no.
Sɛ́ nhwɛso no, sɛ wode “Nniso” “brochure” no maa ofiewura no a, ma ɔnkɔfa ne de no mmra na ka sɛ:
◼ “Hwɛ nea kratafa 3 ka kyerɛ yɛn fa nkrasɛm a Yesu kae bere a na ɔwɔ asase so no asɛmti ho.” Afei wo ne no nsusuw kratafa 3 hɔ asɛm no ho bere tiaa bi. Bisa ofiewura no nea osusuw sɛ ohia na ama wasua pii. Afei ka sɛ: “Ɛho hia sɛ yehu nea enti a yehia Onyankopɔn Ahenni no kɛse saa. Mɛpɛ sɛ mesan ba na yesusuw nea enti a ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn nniso so sɛ yɛn anidaso koro pɛ no ho.”
6 Yɛwɔ brochure ahorow pii. Hwehwɛ nsɛm a ɛyɛ anigye wɔ nea woayɛ nhyehyɛe sɛ wode bedi dwuma no mu. Ɛbɛboa wo ma woahyɛ nnipa komapafo nkuran ma wɔasua Yesu ahyɛde no ho ade pii.—Mat. 28:20.