Fa Wiase no mu Nsɛmma Nhoma a Eye Sen Biara no Ma
1 Ɔwɛn-Aban no atirimpɔw a wɔada no adi ne sɛ “ɛbɛkamfo Yehowa Nyankopɔn sɛ Amansan Hene.” Nyan! ‘ma abusua mũ no nyinaa adwenem bue. Nsɛmma nhoma yi ma wonya Ɔbɔadeɛ no bɔhyɛ a ɛfa nhyehyɛe foforo a asomdwoe wom a ɛbɛba no mu awerɛhyem.’ Nsɛm yi fi nsɛmma nhoma no ankasa mu. Botae horow yi akyidi ama ayɛ awerɛkyekye fibea ama nnipa ɔpepem pii a wɔkenkan no.
2 Yɛbɛma wɔakra nsɛmma nhoma ahorow yi wɔ yɛn asɛnka adwuma mu April ne May. Nea ɛbɛyɛ na yɛatu mpɔn no, ɛho hia sɛ yehu emu nsɛm no yiye. Kenkan ebiara a ɛba no, na hyɛ nsɛm a ebia wubetumi de adi dwuma bere a wode rema no nsow. Susuw nneɛma a ɛhaw nkurɔfo ho. Asetra, abusua ne nkate mu nsɛm bɛn na wo mpɔtam hɔfo dodow no ara susuw ho? Bɔ mmɔden susuw biribi a wubetumi aka a ɛbɛka wɔn koma yiye na ama wɔanya ɔpɛ sɛ wobesua pii no ho.
3 Adwene a Yɛbɛtwe Asi April 1 Ɔwɛn-Aban no So: Nnipa dodow no ara pɛ sɛ wonya wiase a eye, nea ɔhaw pii a ɛtaa ma wɔhwerew wɔn anigye nnim.
Bere a woada wo ho adi awie no, wubetumi aka sɛ:
◼ “Mɛpɛ sɛ mekyerɛ wo anigyesɛm bi a wɔaka wɔ asɛm yi a ne ti ne sɛ ‘Wiase a Eye—So Ɛyɛ Adaeso Ara Kwa?’ no mu. Ɛka sɛ: ‘Nokwarem no, yɛn wiase yi nyɛ beae a asomdwoe wɔ. . . . Ɛkame ayɛ sɛ mprempren amanehunu nni ano.’ Tebea yi ma ɛyɛ den sɛ yebenya daakye ho anidaso, ɛnte saa? Nanso, ma menkyerɛ wo nea Dwom 37:11 ka fa daakye ho.” Sɛ wokenkan nkyekyem no wie a, bisa ofiewura no sɛ ɔte nka dɛn wɔ bɔhyɛ yi ho. Sɛ obua sɛ n’ani gye ho a, bue asɛm a ɛne “Wiase a Eye—Abɛn!” a ɛwɔ kratafa 4 no, na ka sɛ: “Wɔabobɔ Kyerɛw nsɛm dodow bi din wom a nea yɛakenkan seesei ara afi Dwom 37:11 no ka ho. Migye di sɛ w’ani begye ho sɛ wobɛkenkan nsɛm yi na woabue kyerɛw nsɛm no wɔ wo Bible mu akenkan. M’ani begye ho sɛ mede bɛma wo.” San kodi anigye no ho dwuma denam sankɔhwɛ ho nhyehyɛe a wobɛyɛ so.
4 Adwene a Yɛbɛtwe Asi April 15 Ɔwɛn-Aban no so: Kratafa 4 hɔ asɛm no bisa sɛ: “Ɛhe na Wubetumi Anya Akwankyerɛ a Edi Mu?”
Bere a woada wo ho adi awie no, wubetumi aka sɛ:
◼ “Ɔhaw pii wɔ wiase no mu nnɛ, te sɛ [ka biribi a ɛhaw mpɔtam hɔfo mprempren anaa biribi a asi a wɔka ho asɛm]. Ɛmma yentumi nhu sɛ ebia obi betumi anya ɔkwan bi a ɔbɛfa so afi ɔhaw yi mu. Anigyesɛm ne sɛ 2 Timoteo 3:16, 17 ma yɛn awerɛhyem sɛ Bible no yɛ akwankyerɛ nhoma a ɛma yenya asetra a anigye ne ahotɔ wom.” Bere a woakenkan nkyekyem yi awie no, kyerɛ sɛnea Ɔwɛn-Aban no boa ma yɛte nea enti a Bible no yɛ nokware akwankyerɛ nhoma no ase, na ka nsɛmma nhomakra ho nhyehyɛe kyerɛ no.
5 Sɛ wopɛ sɛ wode Awake! no di dwuma a, wubetumi de March 22 de no mu asɛm “How Can I Avoid Toying With Immorality?” no adi dwuma. Ɛda adi sɛ wubehu sɛ aba bɔne a ɔbrasɛe asow no haw nnipa dodow no ara, na wɔpɛ sɛ wohu nea wobetumi ayɛ wɔ ho.
6 Sɛ yɛkyerɛ yɛn nsɛmma nhoma a eye sen biara wɔ wiase no mu ho anigye a, yɛn ho bɛpere yɛn sɛ yɛde bɛma afoforo na ama wɔn nso atumi agye Ahenni anidaso no atom, na wɔanya Yehowa a yɛbɛkamfo no sɛ Amansan Hene no mu kyɛfa.—Dw. 83:18.