Ɔsom Nhyiam no Siesie Yɛn ma Adwuma Pa Biara
1 Ɔsom Nhyiam no atirimpɔw ne sɛ ɛbɛkanyan yɛn asiesie yɛn ma yɛanya asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no mu kyɛfa kɛse. (2 Tim. 3:17) Nanso, sɛ yɛansiesie yɛn ho yiye amma nhyiam no anaasɛ yɛamfa nea yesua anni dwuma a, mfaso kakraa bi na yebenya afi mu.
2 Ahosiesie a wubedi kan ayɛ bɛboa wo ma woate nea wɔkyerɛkyerɛ no ase yiye. Kenkan nhoma ahorow a wɔde bedi dwuma no, na fa kɔ nhyiam no ase na woatumi adi nea wɔka no akyi anya mu kyɛfa. Yɛ komm tie asɛm no yiye, na kyerɛw nsɛm to hɔ na wode adi dwuma akyiri yi.
3 Ɔhwɛfo guamtrani no kenkan nhyiam no afã horow a wɔayɛ ho nhyehyɛe no mu yiye. Ɔkyekyɛ dwumadi no ma mpanyimfo ne asafo mu asomfo a wɔfata ma wosiesie. (omTW kr. 70) Asafo ahorow a wɔwɔ mpanyimfo ne asafo mu asomfo kakraa bi no betumi apaw anuanom afoforo a wɔfata ma wɔaboa wɔn. (kmTW 2/77, Asemmisa Afã) Ɛsɛ sɛ ɔkasafo biara siesie ne ho yiye, di akwankyerɛ a wɔde ama no akyi pɛpɛɛpɛ, na ɔhwɛ hu sɛ ɔremma bere a wɔde ama no no mpa ho.
4 Wɔtaa de nkaebɔ ahorow na efi nhyiam no ase. Ɛsɛ sɛ onua a ɔde nkaebɔ no bɛma di kan kohu ɔhwɛfo guamtrani no bisa no nea ehia sɛ ɔka. Eyi bi betumi ayɛ nkrataa a efi Asafo ti no hɔ anaa asɛnka ho nhyehyɛe anaasɛ ɔsram biara akontaabu ho nkaebɔ. Ebia yɛbɛte sɛ ayarefo bi wɔ hɔ a ɛho hia sɛ wɔkɔsra wɔn anaasɛ asafo no dwumadi ahorow a wɔayɛ ho nhyehyɛe ama daakye ho asɛm. Yɛ komm tie no yiye na woahu nea ɛsɛ sɛ woyɛ wɔ ho na woafi wo pɛ mu ayɛ.
5 Sɛ nhyiam no fã bi hwehwɛ sɛ atiefo nya mu kyɛfa a, siesie wo ho denam asɛm ne kyerɛw nsɛm a wobɛkenkan no so. Susuw sɛnea wobɛyɛ nhyehyɛe de nyansahyɛ ahorow no adi dwuma ne nsɛm a wubetumi aka de ahyɛ afoforo nkuran ho. Wubetumi aka osuahu tiawa bi de akyerɛ sɛnea akwankyerɛ no so wɔ mfaso.
6 Sɛ wɔreyɛ ɔyɛkyerɛ bi a, bɔ mmɔden fa no sɛ wowɔ saa tebea no mu, na susuw nea anka wobɛka no ho. Hyɛ anoyi ne nsɛm a wɔka de kyerɛkyerɛ mu no nsow. Bɔ mmɔden kae nea wokae bere a etwa to a wuhyiaa tebea a ɛte sɛ eyi no, na susuw sɛnea nsɛm a wɔyɛ ho ɔyɛkyerɛ no betumi aboa wo ma woasow aba pii daakye no ho.
7 Ɛsɛ sɛ mudi kan bobɔ ɔyɛkyerɛ ne nsɛm a wobisabisa afoforo no so yiye. Ɛmfata koraa sɛ mubepue afi Asa no so akɔbobɔ so bere a nhyiam no rekɔ so no. Afã horow a wɔanni kan ammobɔ so yiye no nkanyan atiefo anaasɛ ɛnhyɛ wɔn nkuran. Ebinom siesie wɔn ho sɛ wɔbɛbobɔ wɔn dwumadi no so wɔ Ɔwɛn-Aban adesua no akyi, na ama anuanom a wɔhwɛ asɛnka agua ne akasam so no ahu nea wobehia. Eyi yɛ papa.
8 Ɛtɔ mmere bi a, asafo no ahiade pɔtee bi anaa Ɔwɛn-Aban mu nsɛm a ɛyɛ ne bere mu de ho ɔkasa ka dwumadi no ho. Yɛ komm tie no yiye, fa afotu no sie na bɔ mmɔden sɛ wode bedi dwuma.
9 Yɛpɛ sɛ ‘yesiesie yɛn ho ma adwuma pa biara.’ (2 Tim. 2:21) Ɔsom Nhyiam no yɛ nsiesiei ahorow a Yehowa yɛ de boa yɛn ma yɛyɛ saa no mu biako. Akyinnye biara nni ho sɛ nhyiam a yɛbɛkɔ daa ne koma mu a yefi bɔ mmɔden sɛ yɛde nea yesua bedi dwuma no bɛboa yɛn ma ‘yɛawie yɛn som adwuma no koraa.’—2 Tim. 4:5.