Akwankyerɛ Ma Wɔn a Wɔyɛ Ɔsom Nhyiam Dwumadi
Efi September Yɛn Ahenni Som yi so no, wɔatwa Ɔsom Nhyiam nhyehyɛe no mu nsɛm so tiawa. Akwankyerɛ a edi so yi bɛma nea wɔde mae wɔ May 2009 Yɛn Ahenni Som asɛm a ɛne “Sɛnea Yebesiesie Yɛn Ho Ama Ɔsom Nhyiam,” no mu ada hɔ:
◼ Ɔkasa: Eyi yɛ ɔkasa a egyina nhoma a wɔakyerɛ so a atiefo renka bi. Ɛsɛ sɛ ɔkasafo no de n’adwene si emu nsɛm a ɛbɛboa asafo no so kɛse.
◼ Asɛmmisa ne Mmuae: Wɔbɛyɛ ɔfã yi te sɛ Ɔwɛn-Aban Adesua no; wɔde nnianim nsɛm tiawa befi dwumadi no ase na wɔde awie, na wɔabisa nsɛm wɔ nkyekyɛm biara ho. Ɛnsɛ sɛ nea ɔbɛhwɛ so no kasa pii. Wobetumi akenkan kyerɛw nsɛm atitiriw sɛnea bere bɛma kwan. Ɛnsɛ sɛ wɔkenkan nkyekyɛm no, gye sɛ wɔde akwankyerɛ ma sɛ wɔnyɛ no saa.
◼ Ɔkasa ne Nkɔmmɔbɔ: Eyi yɛ ɔkasa, nanso atiefo bɛka bi. Ɛnyɛ ɔkasa kɛkɛ, na saa ara nso na ɛnyɛ asɛmmisa ne mmuae nkutoo.
◼ Ɔyɛkyerɛ ne Nsɛm a Wobisabisa: Sɛ wɔka sɛ wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ a, ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ onua a ɔreyɛ dwumadi no hwɛ ma wɔyɛ ɔyɛkyerɛ; enhia sɛ n’ankasa yɛ ɔyɛkyerɛ no. Ɛsɛ sɛ ɔpaw wɔn a wɔyɛ nhwɛso pa a wobetumi ayɛ, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a ɔne wɔn nyɛ ho nhyehyɛe bere tenten. Ɛwom sɛ wobetumi ama adawurubɔfo a wɔyɛ foforo na wonni osuahu no ayɛ afiewuranom de, nanso ɛnsɛ sɛ wɔma wɔyɛ ɔyɛkyerɛ de kyerɛ sɛnea yɛyɛ yɛn adwuma no esiane sɛ wɔpɛ sɛ wɔba asɛnka agua so nti. Sɛ adawurubɔfo reyɛ ɔyɛkyerɛ a, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn anim kyerɛ atiefo no. Sɛ ɛyɛ nsɛm a wobisabisa a, ɛsɛ sɛ wɔn a wobebisa wɔn nsɛm no ba asɛnka agua no so, na ɛnsɛ sɛ wɔtena nnipa no mu kasa. Ɛsɛ sɛ wɔbobɔ ɔyɛkyerɛ ne nsɛm a wobisabisa no so yiye. Sɛ bere di tia onua a ɔreyɛ dwumadi no, na ɛsɛ sɛ otwa so a, ɛnsɛ sɛ oyi ɔyɛkyerɛ anaa nsɛm a wobisabisa no fi mu. Ansa na asafo mu asomfo bɛpaw obi ma wayɛ dwumadi a ɛte saa no, ɛsɛ sɛ wɔne mpanyimfo ntam nkitahodifo anaa ɔpanyin foforo susuw ho.
Sɛ wɔde akwankyerɛ pɔtee bi ma wɔ dwumadi bi ho a, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ di so pɛpɛɛpɛ. Sɛ anuanom yɛ Ɔsom Nhyiam no sɛnea wɔde akwankyerɛ ama wɔ atifi hɔ no a, ɛbɛma ‘biribiara akɔ so fɛfɛɛfɛ a nhyehyɛe da ho.’—1 Kor. 14:40.