Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/94 kr. 7
  • Siesie Bible Asuafo ma Ɔsom Adwuma No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Siesie Bible Asuafo ma Ɔsom Adwuma No
  • Yɛn Ahenni Som—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Wɔde Nimdeɛ Nhoma no Yɛ Asuafo
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Sɛnea Yɛbɛboa Yɛn Bible Asuafo Ama Wɔanya Nkɔso Abɔ Asu—Ɔfã a Edi Kan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Boa Afoforo Ma Wonni Nea Bible Kyerɛkyerɛ So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Boa Wo Bible Asuafo Ma Wɔmmɔ Asu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1994
km 5/94 kr. 7

Siesie Bible Asuafo ma Ɔsom Adwuma No

1 Botae titiriw nti a yɛyɛ Bible adesua ne sɛ yɛbɛma afoforo ayɛ asuafo, adwumayɛfo a wɔbɛba abɛka yɛn ho ma yɛakyerɛkyerɛ afoforo. (Mat. 28:19, 20) Enti ɛnyɛ adesua no atirimpɔw ne sɛ yɛbɛma wɔanya nimdeɛ ara kwa; ɛsɛ sɛ yɛn asuafo nya gyidi a efi komam na esiesie wɔn ma wɔka wɔn anidaso ho asɛm kyerɛ afoforo. (2 Kor. 4:13) Akwan pa bɛn na yebetumi afa so aboa wɔn ma wɔafata akyerɛkyerɛ afoforo?—2 Tim. 2:2.

2 Ma Wɔmfa Ɔsom Adwuma no Nyɛ wɔn Botae: Efi mfiase pɛɛ no, ma ɛnna adi pefee sɛ ‘asɛm a wɔpae mu ka kɔ nkwagye mu’ ka nokware som ho. (Rom. 10:10) Yɛn din Yehowa Adansefo no ankasa kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛka asɛm kyerɛ afoforo. Boa wɔn ma wonhu sɛ ɛnyɛ wɔn ankasa nkwagye nkutoo nti na wokyerɛkyerɛ wɔn. Sɛ wɔn ankasa bɛyɛ akyerɛkyerɛfo a, wɔn atiefo nso benya hokwan a ɛbɛma wɔanya nkwa.—1 Tim. 4:16.

3 Muntĩ Nea Musua no Mu: Nea osua a mutĩ mu bere ne bere mu no boa kɛse wɔ nkyerɛkyerɛ mu. Ɛboa osuani no ma onyin wɔ honhom mu bere a nokware foforo a wasua no ka n’adwene ne ne koma mu no. Aba saa wɔ yɛn ankasa fam bere a yebua ntĩmu nsemmisa a ɛka Ɔwɛn-Aban Adesua no ho no. Siesie nsemmisa a asete nyɛ den a ɛyɛ tẽẽ na osuani no ankasa de ne nsɛm abua.

4 Wubetumi ayɛ ntĩmu no te sɛ nea woyɛ wɔ asɛnka mu no. Bisa asɛm bi anaa ka tebea bi a wotaa hyia bere a wudi afoforo adanse ho asɛm. Bere a woayɛ wo ho te sɛ ofiewura no, ma osuani no nyɛ nea ɔbɛka no ho ɔyɛkyerɛ. Kamfo no wɔ nea ɔyɛɛ no yiye no ho, na fa nyansahyɛ a eye a ɛbɛboa no ma watu mpɔn kɛse bere foforo ma. Ntetee yi bɛkyerɛ no sɛnea ɔde nea wasua no bedi dwuma na ɛbɛma ne ho akokwaw wɔ Bible no a ɔde di dwuma no mu.

5 Reasoning Nhoma: Hwɛ hu sɛ wo suani no wɔ Reasoning nhoma no bi, na tete no ma ɔmfa nni dwuma. Kyerɛ no sɛnea ɛde nkɔmmɔbɔ a wofi ase ho nyansahyɛ ahorow ma, ebua Bible nsemmisa, anaa edi anoyi ahorow ho dwuma. Bere a moresua ade no fa nhoma no kyerɛ no akwan a ɔbɛfa so akasa akyerɛ afoforo ma wɔagye atom. Nhoma yi betumi ama wanya ahotoso kɛse, na ama ne ho apere no sɛ ɔbɛka Ahenni nkrasɛm no.

6 Si Sɛnea Nhyiam Horow no ho Hia so Dua: Wɔayɛ asafo mu nhyiam horow no, titiriw Ɔsom Nhyiam ne Teokrase Ɔsom Sukuu no na asiesie yɛn ama asɛnka. Wɔn a wɔn ho akokwaw tĩ nsɛntitiriw a ɛma wodi adanse a etu mpɔn mu yɛ ho ɔyɛkyerɛ. Si sɛnea nhyiam horow no hia so dua, na yɛ nea wubetumi fa boa no ma ɔmmra. Nhyiam a wo suani no bɛba daa no betumi ama wanya nkuranhyɛ a ohia na wabɛyɛ Yesu nokware suani.

7 Nea ɛnsɛ sɛ wubu ani gu so ne nhwɛso a w‘ankasa wobɛyɛ. Wo pɛ mu a wufi yɛ asɛnka adwuma no daa kyerɛ sɛ w‘ani sɔ nokware no kɛse. Saa adeyɛ no hyɛ wo suani no nkuran ma ɔyɛ pii de da ne gyidi adi. (Luka 6:40) Eyi nyinaa betumi aboa ɔfoforofo ma wabu ɔsom adwuma no sɛ hokwan, na ɔde aseda ama sɛ onya mu kyɛfa.—1 Tim. 1:12.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena