Asemmisa Afã
◼ Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama mmuae a etu mpɔn yiye wɔ nhyiam horow ase?
Yɛde ahopere hwɛ kwan sɛ yebehyiam wɔ asafo nhyiam horow ase dapɛn biara. Ɛhɔ na yɛnam mmuaema so nya hokwan da yɛn gyidi adi, hyɛ afoforo nkuran. (Mmeb. 20:15; Heb. 10:23, 24) Ɛsɛ sɛ yebu mmuaema sɛ ɛyɛ hokwan bi, na yɛbɔ mmɔden nya mu kyɛfa daa. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi ma atu mpɔn paa?
Ahosiesie ne ade a edi kan. Nea yebesua no a wubedi kan akenkan adwennwen ho no ho hia. Bɔ mmɔden te nea woresua no ase yiye. Ɛwom sɛ ebia na wɔakyerɛkyerɛ asɛm no mu pɛn de, nanso hwɛ sɛ wubehu nsɛm foforo a wɔde aka ho anaa ɔkwan a emu da hɔ a wɔafa so aka ho asɛm no a. Ma adesua no asɛmti titiriw no ntra w’adwene mu. Sɛ woresiesie mmuae horow a wobɛma wɔ nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Bible nhoma bi mu kɔ akyiri, te sɛ Adiyisɛm Awiei nhoma no mu a, bɔ mmɔden hwɛ sɛnea nkyekyem pɔtee bi ne nkyekyem a ɛkeka ho no hyia. Saa nyansahyɛ ahorow yi a wubedi akyi no bɛma woatumi asusuw nneɛma ho yiye. Ɛbɛboa wo ma woasiesie mmuae pa na woama ama w’ani agye.
Mmuae a eye sen biara ne nea ɛyɛ tiawa, emu da hɔ, na egyina nhoma a wɔresua no so. Ɛsɛ sɛ nea odi kan ma asɛm bi ho mmuae no bua asemmisa no tẽẽ, na ogyaw nsɛm foforo no ma afoforo ka ho asɛm. Kwati mmuae atenten a ɛman fi asɛm no ho a egye bere pii na ɛmma afoforo nnya mu kyɛfa. Fa w’ankasa wo nsɛm ma mmuae sen sɛ wobɛkenkan wo mmuae no afi nhoma no mu tẽẽ. Sɛ obi de mmuae foforo reka ho a, obetumi aka Kyerɛwnsɛm a wɔabobɔ din no ho asɛm. Tie nea afoforo ka yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wonka nea obi aka dedaw wɔ ɔkwan a ɛho nhia so.
Eye sɛ wobɛma wo nsa so mpɛn pii, nanso nyɛ saa wɔ nkyekyem biara mu. Yɛhyɛ mmofra nkuran sɛ wɔmma mmuae no bi. Sɛ ɛyɛ wo den sɛ wobɛma mmuae a, wubetumi adi kan ama nea ɔhwɛ adesua no so no ahu nkyekyem a wobɛpɛ sɛ woma ho mmuae no, na akyinnye biara nni ho sɛ obetumi ama wo hokwan ma woayɛ saa.
Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa bɔ mmɔden kɛse nya biribi ka wɔ asafo nhyiam horow a atiefo nya mu kyɛfa ase. Kae sɛ sɛ nhyiam horow a ɛte saa no bɛkɔ so yiye a, egyina ɔpɛ a yebenya sɛ yɛbɛma mmuae na yɛama atu mpɔn so kɛse.—Dw. 26:12.