Monhyehyɛ Mo Ho Den Denam Mmuae a Mobɛma Wɔ Asafo Nhyiam Ase So
1 Wotu yɛn fo wɔ Hebrifo 10:24 sɛ ‘yɛntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.’ Nea ɛka eyi ho ne yɛn ho den a yɛbɛhyehyɛ denam mmuae a ɛfata a yɛbɛma wɔ asafo nhyiam ahorow ase so. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma mmuae? Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ eyi? Henanom na wobenya mu mfaso?
2 Susuw mfaso a wunya mpɛn pii bere a wote sɛ afoforo ka nsɛm tiawa a emu da hɔ a ɛma wote nneɛma ase yiye na ɛhyɛ wo den wɔ honhom fam no ho hwɛ. Wowɔ hokwan sɛ woyɛ saa ma wɔn. Sɛ wunya mu kyɛfa a, na woreda ɔpɛ a wowɔ sɛ ‘wo de honhom fam akyɛde bi bɛma’ de ahyɛ wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa nkuran no adi.—Rom. 1:11, 12.
3 Sɛnea Wɔma Mmuae Pa: Mma mmuae atenten, na nka biribiara a ɛwɔ nkyekyem no mu. Mpɛn pii no, mmuae atenten mma mmuae no ankasa nna adi, na ɛmma afoforo ntumi nka bi. Ɛsɛ sɛ nkyekyem no ho mmuae a edi kan no yɛ tiawa, na ɛfa asɛmmisa no ho tẽẽ. Afei wɔn a wɔbɛma mmuae wɔ ɛno akyi no betumi akyerɛ sɛnea asɛm no fa yɛn ho ankasa anaa wɔakyerɛ sɛnea yɛde kyerɛw nsɛm no bedi dwuma.—Hwɛ School Guidebook, nkratafa 90-2.
4 Sɛ ɛyɛ wo den sɛ wobɛma mmuae a, di kan siesie mmuae tiawa bi, na hu nea ɔhwɛ so no sɛ sɛ mudu saa nkyekyem no so a, ɔmfrɛ wo. Sɛ woyɛ eyi wɔ nhyiam kakraa bi ase a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo sɛ wode wo ho bɛhyem. Kae sɛ na Mose ne Yeremia nni ahotoso sɛ wobetumi akasa wɔ baguam. (Ex. 4:10; Yer. 1:6, New World Translation Reference Bible asehɔ asɛm.) Nanso Yehowa boaa wɔn ma wogyinaa n’ananmu kasae, na ɔbɛboa wo nso.
5 Henanom na Wobenya Wo Mmuaema Mu Mfaso? W’ankasa wunya mu mfaso efisɛ wo mmuae no kanyan nokware no ho anigye yiye wɔ w’adwene ne wo komam, na ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛkae asɛm no akyiri yi. Afei nso, afoforo nya mfaso fi wo nsɛm a ɛma denhyɛ no mu. Sɛ́ yɛyɛ mpanyin anaa mmofra, yɛfɛre ade anaa yɛyɛ foforo no, sɛ yɛn nyinaa bɔ mmɔden sɛ yɛbɛda yɛn gyidi adi wɔ asafo nhyiam ahorow ase a, ɛhyɛ yɛn nkuran.
6 Akyinnye biara nni ho sɛ, yebehu sɛ sɛ yɛde ‘nsɛm a wɔka no ne bere mu’ di dwuma de hyehyɛ yɛn ho den wɔ asafo nhyiam ahorow ase a, ‘hwɛ ye a eye!’—Mmeb. 15:23.