Ɛsɛ sɛ Obiara ‘Gye Asɛm no Fɛw So’!
1 Nnipa ɔpepem pii ne Yehowa Adansefo resua Bible no. Nea ɛbɛyɛ na wɔafata ama daa nkwa no, ɛsɛ sɛ ‘wogye asɛm no fɛw so,’ te sɛ nea nnipa 3,000 a wɔsakra ma wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Pentekoste da wɔ 33 Y.B. mu yɛe no. (Aso. 2:41) Asɛyɛde bɛn na eyi de to yɛn so nnɛ?
2 Ehia sɛ yɛboa yɛn Bible asuafo ma wotumi som Yehowa. (1 Tim. 4:7-10) Ne saa nti, krataa a ɛhyɛ July 1996 Yɛn Ahenni Som mu nkyekyem 20 no de nyansahyɛ ma sɛ: “Wɔ adesua no nyinaa mu no, hwehwɛ hokwan ahorow a wobɛfa so aboa no ma wanya Yehowa su horow ho anisɔ. Da ɔdɔ kɛse a w’ankasa wowɔ ma Onyankopɔn no adi. Boa osuani no ma onsusuw abusuabɔ a ɔdɔ wom a n’ankasa ne Yehowa benya no ho.”
3 Asɛnnennen a Yehyia: Nnipa dodow no ara a atoro som adi wɔn ti no ani gye ɔsom a ennye mmere pii na wɔmmrɛ ho, a ɛnhwehwɛ sɛ wɔyɛ nsakrae ankasa bi wɔ wɔn asetra kwan mu ho. (2 Tim. 3:5) Asɛnnennen a ɛda yɛn anim ne sɛ yɛbɛboa yɛn Bible asuafo ma wɔahu sɛ nokware som hwehwɛ pii sen sɛ yɛbɛyɛ Onyankopɔn asɛm no atiefo kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ wɔde nea wosua no di dwuma wɔ wɔn asetra mu. (Yak. 1:22-25) Sɛ Onyankopɔn ani nnye wɔn abrabɔ ho a, ehia sɛ wohu sɛ ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ ‘wɔdan wɔn ho’ na wɔyɛ nea ɛteɛ de sɔ n’ani. (Aso. 3:19) Sɛ wobenya daa nkwa a, ɛsɛ sɛ ‘wɔpere,’ na woso nokware no mu pintinn.—Luka 13:24, 25.
4 Sɛ moreka abrabɔ ahorow ho asɛm a, bisa wo Bible suani no ma ɔnkyerɛ sɛnea obu saa nneɛma yi ankasa ne nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ bere a ohu sɛ ehia sɛ ɔyɛ nsakrae wɔ n’asetra mu no. Twe n’adwene si ahyehyɛde a ɛso na ɔnam resua nokware no so, na hyɛ no nkuran sɛ ɔnkɔ asafo nhyiam ahorow daa.—Heb. 10:25.
5 Momma yɛmfa nyɛ yɛn botae sɛ yɛbɛma yɛn nkyerɛkyerɛ adu osuani no komam. Yebedi ahurusi bere a yɛkanyan wɔn a wɔyɛ foforo ma wogye Onyankopɔn Asɛm fɛw so na wogye asubɔ no!—1 Tes. 2:13.