Nhyiam a Yɛbɛkɔ Daa—Ɛho Hia na Yɛagyina Pintinn
1 Ɔsomafo Paulo hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkɔ so nyɛ “den gyidi mu.” (Tito 1:9, 13) Wɔ asafo nhyiam horow ase no, yesusuw nneɛma pa ho, na wɔkyerɛ yɛn ɔkwan a yebetumi afa so ahyɛ honhom mu akode nyinaa na yɛatumi “agyina ne ɔbonsam nnɛɛdɛe adi asi.”—Efe. 6:11; Fil. 4:8.
2 Nhyiam Horow Ma Yenya Nea Yehia: Asafo nhyiam a yɛbɛkɔ no daa ho hia na yɛatumi agyina pintinn. (1 Kor. 16:13) Wɔ nhyiam horow ase no, wɔbɔ mpae da Onyankopɔn ase yi no ayɛ, na afei wɔde asafo no abisade ne ahiade ahorow to n’anim. (Fil. 4:6, 7) Ahenni nnwonto mu kyɛfa a yenya no kanyan yɛn na ɛma yɛda yɛn tirim nsɛm ne yɛn nkate adi bere a yɛsom Yehowa no. (Efe. 5:19, 20) Fekuw a yɛbɔ wɔ Ahenni Asa so ansa na nhyiam afi ase ne bere a yɛapɔn no hyɛ yɛn nkuran, ma yɛn denhyɛ, na ɛma yɛn ahomeka.—1 Tes. 5:11.
3 April a etwaam no, ɔkasa titiriw a ɛne “Atoro Som Awiei Abɛn” no maa wɔn a wɔdɔ nokware no de hia a ɛho hia denneennen sɛ wɔyɛ ade ntɛm fi Babilon Kɛse mu no hyɛɛ wɔn adwene mu fann. (Adi. 18:4) Wɔ June ne July mu no, hwɛ sɛnea na ɛhyɛ nkuran sɛ yesuaa Ɔwɛn-Aban mu adesua nsɛm abiɛsa a ɛfa hann a ama atreneefo kwan so ahyerɛn ho no! (Mmeb. 4:18) Sɛ yɛmaa saa nhyiam horow no paa yɛn ti so a, susuw nea anka yɛahwere no ho.
4 Wɔ yɛn “Ayeyifo a Wɔwɔ Anigye” Ɔmantam Nhyiam a ɛreba no ase no, wobesi hia a adesua a ɛma yɛn som adwuma tu mpɔn ho hia so dua. Sɛnea Nhyehyɛe a Wɔayɛ ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma no da no adi wɔ kratafa 72 no, Teokrase Ɔsom Sukuu no yɛ nsiesiei a wɔnam so de nkyerɛkyerɛ a ɛkɔ so daa ma asafo mũ no nyinaa. Mprempren, dwumadi no fã biako boa yɛn ma yehu ahyehyɛde no nnɛyi abakɔsɛm mu yiye denam Proclaimers nhoma no a ɛde di dwuma so. Yentumi ntra hɔ mma adesua a ɛte sɛɛ mpa yɛn ti so.
5 Yɛn Ɔsom Nhyiam no boa yɛn ma yetu mpɔn kɛse wɔ ɔsom adwuma no mu. Eyi daa adi wɔ nhyiam a yenyaa akwankyerɛ a yɛde bɛkyekyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 34 no ama nnipa pii no ase. Yehowa hyiraa adwuma yi so pii sɛnea ɛdaa adi wɔ aba soronko a ɛsowee wɔ wiase nyinaa mu no. (Fa toto 2 Korintofo 9:6, 7 ho.) Ɛhyɛɛ wɔn a na wɔkɔ nhyiam daa no nkuran, na wɔkaa wɔn ti pam ho boa maa ɔsatu no kɔɔ so.
6 Wɔ Asafo Nhoma Adesua ase no, nneɛma a yɛnam Adiyisɛm Awiei nhoma no so resua fi Onyankopɔn Asɛm mu no ma yehu sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ no kɛse. Bere a nsɛm resisi ntɛmntɛm wɔ wiase no mu no, ehia sɛ yɛte Adiyisɛm nkɔmhyɛ ahorow a emu dɔ no ase.
7 Ma Nhyiam a Wobɛkɔ no Daa Nyɛ W’ahiasɛm Titiriw: Wɔ nsase pii a yɛn nuanom rehyia sɔhwɛ ahorow wɔ so so no, wɔda so ara hu hia a ɛho hia sɛ wobehyiam dapɛn biara. Sɛ nhwɛso no, wɔ Burundi, Rwanda, Liberia, ne Bosnia ne Herzegovina no, afoforo a wɔba nhyiam horow no dɔɔso araa ma wɔn a wɔkɔ no yɛ adawurubɔfo no dodow mmɔho abien anaa abiɛsa. Saa kwan yi na Yehowa nam so boa anuanom no ma wɔkɔ so gyina pintinn wɔ honhom koro mu.—Fil. 1:27; Heb. 10:23-25.
8 Ɛsɛ sɛ obiara a ebia ɔtoto nhyiam a ɛsɛ sɛ ɔkɔ no daa ase no yɛ ho biribi nnɛ de siesie tebea yi. (Ɔsɛnk. 4:9-12) Nea ɛbɛyɛ na yɛagyina pintinn no, ehia sɛ yɛne wɔn a wɔn ho akokwaw nya yɛn ho nkuranhyɛ a asafo nhyiam a yɛkɔ no daa de ma no.—Rom. 1:11.