Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/96 kr. 1
  • Yennyaa Honhom Fam Nneɛma Pa Pii Saa Da!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yennyaa Honhom Fam Nneɛma Pa Pii Saa Da!
  • Yɛn Ahenni Som—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Nhyira na Ɛma Yɛyɛ Adefo
    Yɛn Ahenni Som—2000
  • Komam a Yebefi De Yɛn Ho Ama Ayɛ Adwuma Pa Biara
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Monkɔ So Mfa Ɔkwan A Eye Sen Biara No So!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Mmabun, Mo Bɔfo No Pɛ Sɛ Mo Ani Gye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1996
km 5/96 kr. 1

Yennyaa Honhom Fam Nneɛma Pa Pii Saa Da!

1 Nnipa dodow no ara hwɛ da bi a wobetumi aka sɛ, ‘Yennyaa nneɛma pa pii saa da’ no kwan. Wɔ wɔn adwene mu no, saa da no bɛba bere a wɔanya honam fam nneɛma pii, na ɛma ‘wɔhome, wodidi, wɔnom, na wɔn bo tɔ wɔn yam!’ (Luka 12:19) Nea ɛne eyi bɔ abira no, mprempren yetumi ka sɛ wɔ honhom fam no, adepa biara mmɔ yɛn. (Dw. 34:10) Ɛyɛ dɛn na etumi ba saa?

2 Mmebusɛm 10:22 ka sɛ “Awurade nhyira na ɛyɛ ɔdefo.” Nokwarem no, yɛn a yenya ɔsoro dom a ɛte saa no betumi aka sɛ Onyankopɔn ma “yɛn ade nyinaa ma ɛdɔɔso sɛ yenni.” (1 Tim. 6:17) Eyi ma yɛyɛ adefo a wɔsen biara wɔ asase so!

3 Yɛn Nhyira Horow a Yebehu: Yɛn mu kakraa bi na yɛwɔ honam fam nneɛma pii. Nanso, wɔahyira yɛn efisɛ yennwen yɛn da biara da ahiade ho ntra so. Yehowa nim nneɛma a ehia yɛn, na ɔhyɛ bɔ sɛ ɔde bɛma yɛn. (Mat. 6:31-33) Ne bɔhyɛ no ma yenya asomdwoe a ɛsom bo ankasa.

4 Nanso, yɛn honhom fam nhyira dɔɔso sen saa mpo. Yɛn asetra gyina honhom fam aduan a efi Yehowa hɔ so. (Mat. 4:4) Ɔkɔm de wɔn a wɔnam wiase akwan so hwehwɛ wɔn honhom fam ahiade no, bere a yedidi na yɛnom mee. (Yes. 65:13) “Akoa nokwafo” no ma yenya nimdeɛ a ɛde kɔ daa nkwa mu bere nyinaa.—Mat. 24:45; Yoh. 17:3.

5 Yɛn wiase nyinaa nuayɛ a ɛsom bo no ma yenya anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ ɔdɔ fekubɔ a ɛyɛ anigye wɔ asase no fã biara. (Yoh. 13:35) Asafo a yɛwɔ mu no yɛ asomdwoebea, baabi a yebetumi anya awerɛkyekye ne ɔhome. Mpanyimfo no rewɛn yɛn akra, na wɔboa yɛn ma yegyina ɔhaw ahorow pii ano. (Heb. 13:17) Yɛn nuanom a yɛbɛn wɔn kɛse no ma yenya awerɛkyekye, na ɛhyɛ yɛn den ma yegyina pintinn.—Rom. 1:11, 12.

6 Yɛn adwuma no mpo yɛ nhyira. Nnwuma pii yɛ den na ɛmma abotɔyam. Asɛmpa no a yɛka kyerɛ no de anigye brɛ yɛne afoforo. (Aso. 20:35) Nokwarem no, yetumi hu adepa wɔ yɛn brɛ nyinaa mu.—Ɔsɛnk. 2:24.

7 Nea ɛsen ne nyinaa no, yɛwɔ daakye ho anidaso a ɛyɛ anigye. (Rom. 12:12) Yɛrehwɛ wiase foforo a ɛyɛ pɛ a trenee te mu kwan, baabi a yɛne yɛn adɔfo bɛtra anigye ne asomdwoe mu daa! Saa anidaso yi yɛ agyapade a ɛsom bo sen biribiara a wiase yi wɔ de ma.—1 Tim. 6:19.

8 Yɛbɛyɛ Dɛn Ada Yɛn Anisɔ Adi? Yɛrentumi ntua Yehowa ka da wɔ nea wayɛ ama yɛn no ho. Yebetumi akyerɛ ho anisɔ kɛkɛ denam (1) da a yɛbɛda no ase daa wɔ ne dom akyɛde no ho (Efe. 5:20), (2) yɛn dɔ a yɛbɛda no adi denam osetie a yɛbɛyɛ so (1 Yoh. 5:3), (3) ne din ho a yɛbɛtew denam asɛmpa no a yɛbɛka so (Dw. 83:18), ne (4) koma nyinaa mu a yebefi ayɛ biako aboa Kristofo asafo no so.—1 Tim. 3:15.

9 Yɛwɔ ntease a edi mũ a enti ɛsɛ sɛ yɛyɛ nkurɔfo a wɔwɔ anigye sen biara wɔ asase so. (Dw. 144:15b) Ɛmmra sɛ yɛn nneyɛe, yɛn abrabɔ, ne yɛn som adwuma bɛda anigye a yenya wɔ yɛn honhom fam paradise mu no adi. Yennyaa nneɛma pa pii saa da!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena