Yehowa Nhyira na Ɛma Yɛyɛ Adefo
1 Wɔtaa gyina obi akatua so na ɛkyerɛ ne yiyedi. Enti na nnipa pii bu wɔn a wɔwɔ sika no sɛ wɔwɔ anigye ne akomatɔyam paa no. Nanso, wɔn a wosusuw sɛ sika betumi ama obi anya anigye no adi mfomso kɛse. (Ɔsɛnk. 5:12) Honam fam nneɛma mfa daa anigye mmrɛ “wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no.” (1 Tim. 6:9) Nea ɛne eyi bɔ abira no, Yehowa asomfo wɔ anigye ankasa na wɔyɛ adefo sen nnipa nyinaa wɔ wiase. (Mmeb. 10:22; Adi. 2:9) Ɔkwan bɛn so?
2 Nea Ɛkyerɛ sɛ Yɛyɛ Adefo: Yɛwɔ honhom fam nhumu pii na yɛte Onyankopɔn Asɛm, Bible no ase yiye. Yehowa nam n’asase so ahyehyɛde no so kyerɛkyerɛ yɛn ɔne ne Ba no ho asɛm bere nyinaa ma ɛso ba yɛn mfaso daa. Ntease a edi mu ma yetumi bɛn Yehowa na yɛne no nya abusuabɔ a emu yɛ den. (Yak. 4:8) Hu a yetumi hu nea eye ne nea enye na yedi Onyankopɔn mmara so no bɔ yɛn ho ban fi nyarewa ne asiane ahorow bi ho. Yɛwɔ awerɛhyem sɛ Yehowa de nea yehia bɛma yɛn na ama yɛanya abotɔyam ne asomdwoe.—Mat. 6:33.
3 Yɛwɔ asomdwoe ne biakoyɛ wɔ yɛn honhom fam onuayɛ no mu efisɛ yɛda Onyankopɔn honhom aba no adi. Esiane sɛ ɔdɔ kɛse a yɛwɔ no ama yɛayɛ biako nti, ɛnsɛ sɛ yɛte nka da sɛ Onyankopɔn anaa yɛn nuanom agyaw yɛn bere a asiane bi ato yɛn no.—Gal. 6:10.
4 Yɛn asetra som bo na ɛwɔ atirimpɔw ankasa. Yebu no sɛ ɛyɛ hokwan a ɛkyɛn so sɛ yebenya asɛmpa a wɔka wɔ wiase nyinaa no mu kyɛfa. Eyi ma yenya anigye bere nyinaa bere a yɛboa afoforo ma wɔne Onyankopɔn nya abusuabɔ pa na yɛne wɔn bom de nokware som ma no no. Yɛn ademude a ɛsom bo a ɛne ɔsom adwuma no hyɛ Yehowa anuonyam na ɛma yenya abotɔyam sɛ yɛreboa ma Yehowa din ho atew. Yekura adwempa mu efisɛ yenim sɛ ɛrenkyɛ, daakye ho anidaso a yɛwɔ no bɛbam.
5 Anisɔ a Yɛbɛda no Adi: Momma yɛnkyerɛ Yehowa nhyira a ɛma yɛyɛ nkurɔfo a wɔyɛ adefo sen nnipa nyinaa wɔ asase so no ho anisɔ daa. (Mmeb. 22:4) Bere a yegye de susuw nea yɛwɔ ho no ka yɛn ma yɛda Yehowa ase wɔ ne dɔ pii a oyi adi kyerɛ yɛn na ɛma yɛkɔ so de ɔsom a edi mu ma no no ho.