Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/96 kr. 2
  • Dɛn Ne W’akwamma Nhyehyɛe Ma 1996?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Ne W’akwamma Nhyehyɛe Ma 1996?
  • Yɛn Ahenni Som—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ma Ahenni Nni Kan Wɔ Akwamma Mu Dwumadi Ahorow Ho Nhyehyɛe Yɛ Mu
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Fa Akwamma Bere Di Dwuma Nyansa Mu
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Bere A Yɛde ‘Nya Anigye Na Yɛyɛ Yiye’
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Asɛmpa a Wobɛka Akyerɛ—Bere a Woanya Adwuma Mu Akwamma
    Yɛn Ahenni Som—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1996
km 5/96 kr. 2

Dɛn Ne W’akwamma Nhyehyɛe Ma 1996?

Sɛ yesusuw akwamma bere ho a, wim a ɛtew, nhyehyɛe a yɛyɛ de kɔ ɔmansin anaa ɔmantam nhyiam, ne nhyehyɛe a yɛyɛ de gye yɛn ahome ne abusuafo ne nnamfo a yɛde anigye kɔsra wɔn na ɛba yɛn adwene mu. Sɛ woreyɛ w’akwamma ho nhyehyɛe a, nyansahyɛ kakra a ebetumi aboa wo ma wode Ahenni nneɛma adi kan bi ni:

◼ Yɛ nhyehyɛe pɔtee a ɛbɛma woakɔ teokrase nhyiam horow te sɛ da koro nhyiam titiriw anaa ɔmantam nhyiam. Di kan yɛ kar ne dabere ho nhyehyɛe pa sɛnea ɛbɛyɛ a worenhyia ɔhaw biara.

◼ Sɛ wukodi akwamma a, yɛ nhyehyɛe kɔ asafo a ɛwɔ hɔ no nhyiam horow, na nya ɔsom adwuma no mu kyɛfã. Hwɛ hu sɛ wode w’asɛnka adwuma ho akontaabu bɛma; sɛ ɛho behia a, fa mena mo asafo mu kyerɛwfo no.

◼ Abusuafo a wonni nokware no mu a wokɔsra wɔn no betumi ama woanya hokwan bi a wode bedi bɔnnɔ so adanse a mfaso wɔ so. Hwɛ hu sɛ wode Bible ne nhoma ahorow bi a wowɔ bɛkɔ.

◼ Woasusuw ho sɛ wobɛboa asafo bi a ɛbɛn wo a ehia mmoa ma ayɛ n’asasesin mu adwuma awie? Ka kyerɛ mpanyimfo no anaa ɔmansin sohwɛfo na ɔnka wo mpɔtam hɔ ahiade ho asɛm nkyerɛ wo.

◼ Sukuu akwamma ma mmofra nya hokwan a ɛkyɛn so a wɔde bɛtrɛw wɔn som adwuma mu. Mmofra, mubetumi ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no?

◼ Bere a wunni nneɛma pii yɛ na wowɔ tebea foforo mu no, ebia wubehu sɛ wobɛsow aba pa wɔ ɔsom adwuma no mu denam anwummere anwummere adansedi a wobɛyɛ bere a nnipa pii wɔ fie no so.

◼ Ɛsɛ sɛ mpanyimfo de anidahɔ yɛ asafo mu dwumadi ahorow no yiye, na wɔyɛ nhyehyɛe ma obi hwɛ dwumadi a wɔde ahyɛ wɔn a wobetu kwan no nsa no so.

Kae sɛ “nsiyɛfo adwene de adedodow ara na ɛba.” (Mmeb. 21:5) Yɛ nhyehyɛe sɛ wode teokrase hokwan horow a wubenya wɔ akwamma mu no bedi dwuma akosi ase.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena