Ma Ahenni Nni Kan Wɔ Akwamma Mu Dwumadi Ahorow Ho Nhyehyɛe Yɛ Mu
1Akwamma kyerɛ nneɛma ahorow ma nnipa ahorow. Wiasefo pii fam no, ɛyɛ bere a wɔde ‘yɛ ɔhonam akɔnnɔ ho nhyehyɛe horow.’ (Rom. 13:14) Nea ɛyɛ awerɛhow no, eyinom taa hu sɛ wɔn pɛsɛmenkominya nnwuma no mfa abotɔyam ne anigye mmrɛ wɔn. Ɔkwan foforo so no, Onyankopɔn nkurɔfo de teokrase dwumadi pa hyɛ wɔn akwamma bere ma, na ɛde honhom fam ne honam fam ahodwo ne abotɔyam brɛ wɔn. Nanso, sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi de hokwan a yɛwɔ no adi dwuma ma ɛho aba mfaso yiye wɔ yɛn akwamma bere mu no, nhyehyɛe pa ho hia.
2 Nea edi kan wɔ nneɛma a wobɛpɛ sɛ woyɛ wɔ akwamma bere mu ne afe biara ɔmantam nhyiam no. Nokwarem no, adawurubɔfo pii di kan ne wɔn adwumawuranom yɛ nhyehyɛe na wɔn akwamma bere ne ɔmantam nhyiam bere ahyia. Eyi ma wonya bere de boa nhyiam ho dwumadi ahorow na wotumi kɔ nhyiam a wɔpɛ nyinaa. Ebia saa na woyɛe wɔ nhyiam a atwam nnansa yi ara no ho, na ɛno ye paa. Ɛdefa ɛno ho no, yɛpɛ sɛ yɛde nyansahyɛ bi ma: Wɔ wo nhyiam ho nhyehyɛe yɛ mu no, so wubetumi de obi a ɔwɔ asafo no mu a ohia mmoa aka wo ho? Ebia eyi bɛyɛ ɔkwan pa a wubetumi afa so ahu onuabarima anaa onuabea bi a wunnim no yiye. Afei nso, ebia wubehyia nnamfo dedaw bi wɔ nhyiam no ase. So wobɛpɛ sɛ wo ne wɔn bɔ fekuw? Dɛn nti na wonyɛ nhyehyɛe sɛ wo ne wɔn bɛkɔ asɛnka?
3 So worehwɛ kwan sɛ wo ne w’abusua bɛkɔ akwamma? Akyinnye biara nni ho sɛ eyi bɛboa ma woanya bere ahome kakra na woasan anya ahoɔden abefi w’adwuma ase. (Marko 6:31) Bere a yenim hia a ahomegye ho hia no, mma wo werɛ mfi nea ɛde anigye ne abotɔyam ankasa ba no—yɛn honhom fam yiyedi. (Mat. 5:3) Yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛma wo honhom fam yiyedi ne w’abusua no de nyinaa akɔ anim wɔ akwamma bere mu. Ɔkwan bɛn na wubetumi afa so ayɛ eyi?
4 Baabi a ɛyɛ anigye a wubetu kwan akɔ taa de nsakrae a ɛma abotɔyam ba, na ɛma wunya Yehowa nsa ano nnwuma ho anigye. Eyi ankasa betumi ama yɛanya yɛn Bɔfo no ho anisɔ kɛse. Nanso sɛ yɛde Bible anaa Bible ho nhoma horow akenkan ka eyi ho a, hwɛ sɛnea eyi betumi aka yɛn ne yɛn mma koma ne yɛn adwene! (Dw. 19:1-10) Enti, nea woyɛ biara no, hwɛ sɛ wode honhom fam aduan a ɛdɔɔso ma abusua no bɛka ho na moakae de adi dwuma daa.
5 Afei nso, anuanom pii ahu sɛ akwamma mu osuahu a ɛyɛ anigye sen biara a wɔanya yɛ bere a wɔne anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ faako a wɔkɔe no boom kɔɔ nhyiam horow ne asɛnka. Wɔnam saa kwan no so ‘abue wɔn komam’ ma wɔanya anisɔ ne ɔdɔ kɛse ama ‘anuanom nyinaa.’ (2 Kor. 6:11; 1 Pet. 2:17) Ebinom ayɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ akwampaefo boafo adwuma wɔ asafo a ehia mmoa wɔ n’asasesin mu dwumadi mu mu. Mmusua afoforo nso ayɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ asafo biara nsa mu adwuma bɛyɛ adapɛn abien anaa abiɛsa anaa nea ɛboro saa. Wɔbɔ amanneɛ sɛ bere a wɔde dii dwuma saa no, ɛkãa wɔn abusua no boom na ɛtwee wɔn bɛn Yehowa bere a wosuae sɛ wɔde wɔn ho bɛto no so koraa wɔ tebea horow a ɛyɛ soronko mu no. Wɔsan kɔɔ wɔn kurom a na wɔn ani agye sɛ wohuu nnipa a Bible mu nimdeɛ ho sukɔm de wɔn. (Sɛ wobɛpɛ sɛ wunya saa adwuma yi mu kyɛfa a, san hwɛ Asafo ti no krataa a wɔde kɔmaa asafo horow nyinaa a ɛyɛ CSN:BL May 1982 no mu.)
6 Mpanyimfo momma mo ani nna hɔ wɔ nsakrae horow a ebia ɛho behia esiane akwan a anuanom tutu kɔ akwamma nti no ho. Sɛ nhwɛso no, bere a mmofra fi sukuu aba akwamma no, munsusuw wɔn ahiade ahorow ho bere a moreyɛ asɛnka adwuma ho nhyehyɛe wɔ dapɛn no mu no. So nsakrae bi ho hia wɔ asafo nhyiam ase dwumadi nhyehyɛe mu? Ebi mpo a na wɔrentumi nyɛ nhoma mu adesua wɔ faako a wohyia daa no esiane sɛ ofiewura no atu kwan kɔ akwamma nti. Na asɛnka adwuma nhyehyɛe a wɔbɛyɛ no wiasefo nnapɔnna te sɛ Easter ne Buronya bere a adwumayɛfo nkɔ adwuma bɛyɛ dapɛn biako anaa nea ɛboro saa no nso ɛ?
7 Ma ahenni no ntra w’adwene mu titiriw bere a woyɛ w’akwamma ho nhyehyɛe no. Hwɛ honhom mu yiyedi ne nkɔso a wubenya kwan, na hwɛ kwan sɛ yɛn soro Agya no behyira wo.—Mmeb. 16:3.