Adamfofa Kwan So Nkɔmmɔbɔ Betumi Adu Koma no Mu
1 Wobetumi akyerɛ nkɔmmɔbɔ ase sɛ “nsusuwii mu nkitaho a wɔnam ano so di.” Asɛmti bi a ɛhaw afoforo a yɛde befi nkɔmmɔbɔ ase adamfofa kwan so no betumi akanyan wɔn anigye na aboa yɛn ma yɛatumi de Ahenni asɛm no adu wɔn komam. Osuahu akyerɛ sɛ etu mpɔn kɛse koraa sɛ yɛbɛfa adamfofa kwan ne ɔkwan a akomatu nnim so ne afoforo abɔ nkɔmmɔ sen sɛ yɛn nkutoo bɛkasa.
2 Sɛnea Wofi Nkɔmmɔbɔ Ase Adamfofa Kwan So: Tumi a yebetumi ne afoforo adi nkɔmmɔ no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛhyehyɛ nsɛm kenkan kyerɛw nsɛm kyenkyenee bi. Nea ehia ara ne sɛ yebenya onipa foforo no ma ɔne yɛn akasa. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛne nea ne dan toa yɛn so bɔ nkɔmmɔ adamfofa kwan so a, ɛntaa nyɛ kyenkyenee, na mmom nea akomatu nnim. Yennwen nsɛm a edi hɔ a yɛbɛka ho, na mmom yetie nea ɔka no na yɛaka ho biribi. Nea ɔka no ho anigye a yɛbɛkyerɛ ankasa no betumi ahyɛ no nkuran ma wakɔ so ne yɛn abɔ nkɔmmɔ. Sɛ yɛredi afoforo adanse a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa ara.
3 Yebetumi de nsɛmti te sɛ nsɛmmɔnedi, ɔhaw a mmofra hyia, mpɔtam hɔ nsɛm, wiase tebea, anaa wim tebea mpo afi adamfofa kwan so nkɔmmɔbɔ ase. Nsɛmti a ɛka nkurɔfo asetra tẽẽ no tumi kanyan wɔn anigye kɛse. Bere a yɛafi nkɔmmɔbɔ ase no, yebetumi adan akɔ Ahenni asɛm no so tẽẽ.
4 Nkɔmmɔ a komatu nnim a wo ne obi bɛbɔ no nkyerɛ sɛ enhia sɛ wudi kan siesie wo ho. Ehia. Nanso, ɛho nhia sɛ wobɛhyehyɛ nsɛm kyenkyenee bi anaa wobɛkyere asɛm bi a ebetumi akowie nkɔmmɔbɔ bi a ɛnyɛ fakaa anaasɛ ɛne tebea a woakɔto so no nhyia mu agu wo tirim. (Fa toto 1 Korintofo 9:20-23 ho.) Ɔkwan a etu mpɔn a wobɛfa so asiesie wo ho ne sɛ wobɛpaw asɛmti biako anaa abien a egyina Kyerɛwnsɛm so, a adwene no ne sɛ wubegyina so abɔ nkɔmmɔ. Nsɛmti a ɛwɔ Reasoning nhoma no mu a wubesusuw ho no bɛboa wɔ eyi mu.
5 Su Horow a Ehia Ma Yɛabɔ Nkɔmmɔ Adamfofa Kwan So: Sɛ yɛne afoforo bɔ nkɔmmɔ a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ anigye na efi koma mu. Yɛn anim a yɛbɛtew na yɛaserew no boa ma yɛda saa su horow yi adi. Yɛwɔ asɛm a eye sen biara wɔ wiase; komapafo ani gye ho kɛse. Sɛ wɔte nka sɛ ɔpɛ a edi mũ a yɛwɔ sɛ yɛbɛka asɛmpa bi akyerɛ wɔn na ɛma yenya wɔn ho anigye a, ɛnde ɛbɛka wɔn ma wɔatie.—2 Kor. 2:17.
6 Ɛsɛ sɛ nkɔmmɔ a yɛne afoforo bɛbɔ no tumi yɛ osuahu a ɛyɛ anigye. Enti, ɛsɛ sɛ yefi ayamye ne anifere mu de Ahenni asɛm no ma. (Gal. 5:22; Kol. 4:6) Bɔ mmɔden sɛ wubefi hɔ no na onipa no anya adwempa. Saa kwan yi so no, sɛ yɛantumi annu ne koma mu mfiase no mpo a, bere foforo a Ɔdansefo bi ne no bɛbɔ nkɔmmɔ no, obetie.
7 Ɛnyɛ asɛm kyenkyenee bi a yebesiesie na ɛbɛma yɛatumi afi nkɔmmɔbɔ ase adamfofa kwan so. Ɛno ara ne sɛ yɛbɛkanyan anigye wɔ asɛmti bi a ɛfa obi ho mu. Sɛ yedi kan siesie yɛn ho a, ɛbɛma yɛayɛ krado sɛ yɛne nkurɔfo bɛbɔ nkɔmmɔ adamfofa kwan so. Momma yɛmmɔ mmɔden sɛ yebedu wɔn a yehyia wɔn no komam denam asɛm a ɛsen biara a wɔahu pɛn, a ɛne Ahenni nhyira horow a ɛto ntwa da no, a yɛbɛka akyerɛ wɔn no so.—2 Pet. 3:13.