‘Yɛ Nea Wubetumi Nyinaa’
1 Bere a yehyiraa yɛn ho so maa Yehowa no, yɛhyɛɛ bɔ sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi nyinaa ama no. Wɔ ɔkwan a ɛfata so no, ɔsomafo Petro hyɛɛ afeha a edi kan Kristofo no nkuran sɛ wɔnyɛ nea wobetumi nyinaa mfa nhyɛ wɔn gyinabea wɔ Yehowa anim no mu den. (2 Pet. 1:10) Akyinnye biara nni ho sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa ma yɛsɔ Yehowa ani denam som a yɛbɛsom no nnɛ no so. Dɛn na eyi kyerɛ? Bere a yɛne Yehowa ntam abusuabɔ mu yɛ den na yesusuw nea wayɛ ama yɛn nyinaa ho no, yɛn koma ka yɛn bere nyinaa ma yɛyɛ nea yebetumi nyinaa wɔ ne som mu. Yɛpɛ sɛ yɛma yɛn som adwuma yɛ papa na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛma dodow a yetumi yɛ no nya nkɔanim.—Dw. 34:8; 2 Tim. 2:15.
2 Aberante bi a na ɔpɛ sɛ ɔyɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu hui sɛ Onyankopɔn Asɛm a osua daa no maa anisɔ a ɔwɔ ma Yehowa no mu yɛɛ den na ɛmaa ɔyɛɛ nnam kɛse. Eyi kanyan no ma obisaa kwan sɛ ɔbɛyɛ akwampae adwuma. Onuawa bi a na ɛyɛ den ma no sɛ ɔne ahɔho bɛkasa suaa nsɛm a wɔka kyerɛ a ɛwɔ Reasoning nhoma no mu no bi na ankyɛ koraa, onyaa nkɔso kɛse wɔ ne som adwuma mu. Otumi ne awarefo bi yɛɛ Bible adesua ma wogyee nokware no.
3 Ma W’ani Nnye Nea Wubetumi Ayɛ no Ho: Yɛn mu bi hyia nsɛnnennen te sɛ akwahosan pa a wonni, abusua mu ɔsɔretia, ohia, anaasɛ anibiannaso wɔ asasesin no mu. Ɔhaw afoforo pii a abu so wɔ nna a edi akyi yi mu no betumi asiw yɛn som adwuma no kwan. (Luka 21:34 NW ase hɔ asɛm; 2 Tim. 3:1) Eyi kyerɛ sɛ yɛanni yɛn ahosohyira ma Yehowa no ho dwuma? Dabi, sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de som no a.
4 Nyansa nnim sɛ yɛde nea afoforo tumi yɛ bɛtoto yɛn de ho. Mmom no, Kyerɛwnsɛm no hyɛ yɛn nkuran sɛ “obiara nsɔ n’ankasa n’adwuma nhwɛ.” Som a yɛbɛsom sɛnea yebetumi nyinaa sɔ Yehowa ani na ɛma ‘yenya nea yebetumi de ahoahoa yɛn ho.’—Gal. 6:4; Kol. 3:23, 24.
5 Ɛmmra sɛ yebetie Petro asɛm a ɛse ‘yɛnyɛ nea yebetumi nyinaa na awiei koraa no Onyankopɔn ahu yɛn sɛ nnipa a wonni nkekae ne dɛm asomdwoe mu.’ (2 Pet. 3:14) Saa honhom no bɛma yɛate ahobammɔ nka na ama yɛanya adwene mu asomdwoe a Yehowa nkutoo na obetumi de ama no.—Dw. 4:8.