Yɛ Nea Ɛsen Biara Denam Bere Nyinaa Som Adwuma Mu Kyɛfa a Wubenya So
1 “Dodow a wobɔ mmɔden kɛse no, dodow no ara na wunya nhyira kɛse,” saa na nhyiam no ase ɔkasafo no kae. Afei ɔka kyerɛɛ akwampaefo a na wɔwɔ “Ɔsoro Asomdwoe” Ɔmantam Nhyiam no ase no sɛ, sɛ wɔne no yɛ adwene a, wɔmma wɔn nsa so. Wokae sɛnea wogyee so no? Afei ɔkasafo no kaa nhyira horow a obi nya wɔ akwampae adwuma mu no bi ho asɛm—honhom mu nkɔso, ahokokwaw wɔ Bible a wɔde di dwuma mu, ɔsom hokwan ahorow wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde mu, nkamfo nkrataa a ɛte ase, nipasu pa ne afoforo pii a ɛkeka ho.
2 Nhyira a ehia sen biara a obi betumi ahwehwɛ ne sɛ ɔbɛfata wɔ Onyankopɔn anim. Ɔsomafo Paulo a na ɔyɛ bere nyinaa somfo no kae sɛ, ɛfata sɛ wobɛyɛ nea ɛsen biara na ama woanya. Ɔde nsɛm yi hyɛɛ Timoteo nkuran sɛ: “Bɔ mmɔden fa wo ho gyina Onyankopɔn anim sɛ nea ɔfata.” Ɔhyɛɛ no nkuran bio sɛ ɔmmɔ mmɔden mfata denam “odwumayɛni a enhia sɛ ɔfɛre, na okura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ” a ɔbɛyɛ no so. (2 Tim. 2:15) Yɛn nso yebetumi abɔ mmɔden afata wɔ Onyankopɔn anim, na akwampae adwuma bɛma yɛanya hokwan a yɛde bɛyɛ nea ɛsen biara wɔ adwuma a ehia sen biara a wɔreyɛ wɔ asase so nnɛ no mu.
DI W’AHOSOHYIRA NO HO DWUMA WƆ BERE NYINAA SOM ADWUMA MU
3 Akwampae betumi ayɛ ɔkwan a eye sen biara a obi betumi afa so adi n’ahosohyira ma Yehowa ho dwuma. Sɛ akwampaefo betumi ayɛ a, ɛsɛ sɛ wɔde honhom mu nneɛma di kan wɔ wɔn asetra mu. Ɛnsɛ sɛ wɔma honam fam nneɛma ho dadwene hyɛ wɔn adwene so ma wɔbɛyɛ wɔn a wɔn adwuma ntu mpɔn. Wosua sɛ wɔbɛma Yehowa asoa wɔn adesoa ama wɔn denam wɔn dadwene nyinaa a wɔde to no so no so. (1 Pet. 5:6, 7) Bere a onuawa bi de mfe du ayɛ akwampae adwuma akyi no, ɔkae sɛ: “Yehowa na onim me haw ahorow no a obetumi adi ho dwuma. So metumi asom obi yiye asen ɔno?”
4 So sɛnea nhyiam no ase ɔkasafo no kyerɛkyerɛɛ ahosohyira mu no ma wususuw bere nyinaa som adwuma ho anibere so? Ɔfaa Yesu asɛm yi kae, sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi, . . . na onni m’akyi.” (Mat. 16:24) Ɔsomafo Paulo bɔɔ mpae sɛ ne mfɛfo Kristofo dɔ no bɛkɔ so aboro so na ama trenee aba ahyɛ wɔn ma. (Fil. 1:9-11) Wɔ wo fam no, so eyi betumi akyerɛ akwampae adwuma a wobɛyɛ? Onuawa bi a wadi boro mfe 80 a ɔde mfe bɛboro aduonum ayɛ bere nyinaa som adwuma ka faa akwampae adwuma ho sɛ: “Na sɛ Yesu Kristo ankasa ka kyerɛ wo nso ɛ?”
MMƆDEN KƐSE A WOBƐBƆ WƆ NKAEDI BERE NO MU
5 February mu na yɛwɔ yi na ɛno kyerɛ sɛ yɛadu bere a ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden kɛse wɔ yɛn ɔsom kronn mu no mu. Yenim sɛ pii besusuw daa akwampae adwuma a wɔbɛyɛ Nkaedi bere yi mu ho na mpempem pii nso bɛboa sɛ akwampaefo aboafo. Afe a etwaam no, akwampaefo 2,206 na wobuu akontaa wɔ March mu. Wɔn dodow kɔɔ soro koduu 2,226 wɔ April mu, na May mu nso ekoduu 2,343. Saa ara na wɔ March 1986 mu no, akwampaefo aboafo 2,017 na wobuu akontaa. Wɔn dodow kɔɔ soro koduu 2,607 wɔ April mu na 1,928 kɔɔ so ara somee sɛ akwampaefo aboafo wɔ May mu. Moabɔ mmɔden ampa!
6 So na woka akwampaefo a wɔwɔ anigye yi ho? So wobɛyɛ bio wɔ March, April ne May yi mu? Sɛ woanyɛ akwampaefo boafo Nkaedi bere a etwaam no mu a, so Wobɛyɛ saa Nkaedi bere yi? Ɛho nhia sɛ wubehinhim wɔ eyi ho. Nea ehia ara ne mmɔden kakraa a wobɛbɔ ne wo ho nyinaa a wode bɛto Yehowa so, na ɛbɛma woanya anigye a ɛne w’ahosohyira ho dwuma a wubedi wɔ bere nyinaa som adwuma mu no. Dɛn nti na wunkogye ɛho akwammisa kratasin ntɛm ara wɔ nhyiam yi akyi? Bɔ ho mpae na si gyinae wɔ ho. Worennu wo ho da.