Nhoma Horow a Woyii Adi Wɔ Nhyiam Ase No Siesie Yɛn Ma Onyankopɔn Apɛdeyɛ
1 Ná ɛyɛ ɔsomafo Paulo pɛ sɛ “asomdwoe Nyankopɔn” no besiesie n’asomfo wɔ ‘ade pa biara mu ama wɔayɛ nea ɔpɛ.’ (Heb. 13:20, 21) Nea “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no pɛ nnɛ nen, na ɛma wɔde nea ehia ma. (Mat. 24:45) So anna adi saa wɔ “Ɔsoro Asomdwoe” Ɔmantam Nhyiam no ase, ne titiriw no, nea ɛfa nhoma ahorow foforo a woyii adi ho no? Ɛnsɛ sɛ yɛde ‘nnepa’ a wɔde ama na ahyɛ yɛn den na asiesie yɛn nso ma yɛayɛ adwuma a Onyankopɔn de ama yɛn no to hɔ.
2 Nhyiam no da a edi kan no, yɛn ani gyei bere a yɛn nsa kaa “Look! I Am Making All Things New” nhomawa a ekura nkratafa 32 no. Nhomawa foforo yi nkyerɛwee soso na mfonini ahorow pii wom. Akyinnye biara nni ho sɛ “Look!” nhomawa no a yɛde befi ofie Bible adesua foforo ase bɛboa nnipa pii ma wɔafi ase anantew nkwa kwan no so.
3 Nea ɛto so abien a woyii adi wɔ nhyiam no ase ne nhomawa foforo a ne din ne Jehovah’s Witnesses—Unitedly Doing God’s Will Worldwide. Wɔaka nhomawa yi a yɛde bedi dwuma ho asɛm wɔ Yɛn Ahenni Som yi kratafa 3.
4 Wɔ ɔkasa a ɛka koma a ɛfa nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia atiri 7 kosi 9 no mmamu ne sɛnea edi dwuma nnɛ ho akyi no, yɛn ani gyei sɛ yɛn nsa kaa nhoma ketewa foforo a ne din ne Worldwide Security Under the “Prince of Peace.” Wɔhyɛɛ da siesiee nhoma yi na ahyɛ Yehowa nkurɔfo nkuran. Sɛ wunnya nkenkan no yiye a, ɛnde yɛ saa. Wubenya mu mfaso kɛse. Anisɔ a wowɔ ma Yehowa som no bɛyɛ kɛse bere a wususuw Yesu bɛ ahorow no mu abien a ɛwɔ Mateo 25:1-30 no nnɛyi mmamu ho no. Bere a wokenkan adwuma kɛse ne hokwan ahorow a ɛwɔ Yehowa nneɛma nhyehyɛe foforo no mu ho asɛm no, ɛbɛma woahwɛ nea ɛwɔ hɔ ma wɔn a wobetwa Harmagedon no kwan. Nkyerɛkyerɛmu a ɛfa sɛnea Kristo Yesu bɛyɛ “Daa Agya” ama adesamma abusua no mufo a wɔagye wɔn no bɛtwe wo abɛn Yehowa Nyankopɔn ne ‘n’asomdwoe hene’ no kɛse. (Yes. 9:6) Sɛnea wɔkyerɛkyerɛ Yehowa ko a ɛreba amanaman no so mu no yɛ anigye. Honhom mu ademude pii a ɛsɛ sɛ wuhu wɔ yɛn Worldwide Security nhoma foforo no mu. So worehwehwɛ?
5 Yɛn ani gyei Kwasida anɔpa bere a yɛtee Ahenni Nnwom No. 7 a ɛyɛ foforo a ɛwɔ hama so no bi no. Pii renya mu anigye dedaw.
6 Anigyesɛm foforo a yɛde wiee “Ɔsoro Asomdwoe” Ɔmantam Nhyiam no ne sɛ, yɛtee sɛ Asafo ti no ayɛ Watch Tower Publications Index a ɛbom kɛse biako a efi 1930-1985. Ɛbɛboa yɛn wɔ nhwehwɛmu yɛ mu na ɛbɛkanyan yɛn wɔ kokoam adesua yɛ mu!
7 Akyɛde ahorow a ɛsom bo a wɔnam Yehowa ahyehyɛde no so de ama yi da no adi bio sɛ Yehowa nim nea yehia na ama yɛayɛ n’apɛde. (Mat. 6:8) Ɔnam akoa nokwafo no so asiesie yɛn koraa ama adwuma a ɛda yɛn anim no. Momma yɛmmoa na yɛnkyerɛ anisɔ kɛse denam nhoma ahorow fɛfɛ yi a yɛde bedi dwuma yiye no so.