Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 1
Dwom 192
10 min: Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ ne asafo mu de. Anuanom baanu nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ anigye a ɛfa nea ɛda yɛn anim ho. Ɛnkenkan ara kwa. Si Nkaedi bere so dua sɛ bere a yɛde bɔ mmɔden kɛse, nea ɛma yenya hokwan yɛ akwampaefo aboafo. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonkogye ɛho akwammisa nkratasin wɔ nhyiam no akyi.
17 min: “Yesu Asetra ne Ne Som Adwuma.” Abusua nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ anigye a ɛfa sɛnea wɔanya asɛm no ho mfaso fi bere a wofii ase tintimii wɔ April 1, 1985 Watchtower mu no. Agya bisa mmofra nsɛm pɔtee bi a ɛfa sɛnea wɔn ankasa anya mfaso wɔ nea aba nnansa yi no mu ho. Si ahofama a na Yesu wɔ ma nokware som ne hia a na ne som adwuma no ho hia so dua.—Yoh. 4:34, 35.
18 min: So Wusiesie Wo Ho ma Asɛnka Adwuma? Ɔkasa a ɔsom adwuma sohwɛfo ma a esi hia a ɛho hia sɛ yebesiesie yɛn ho ansa na yɛafi asɛnka ase so dua. Ɛho hia sɛ wubehu nhoma a wode rema no mu nsɛm na woatĩ Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no mu yiye. Sɛ asafo no wɔ da a mode yɛ nsɛmma nhoma adansedi a, ɛnsɛ sɛ mode Kwasida yɛ saa. Munsusuw nhoma adedaw a wɔde rema a mowɔ bi wɔ asafo mu no mu nsɛntitiriw ho tiawa na kyerɛ nea enti a ɛfata ma asasesin no. Ma ɔdawurubɔfo anaa ɔkwampaefo nyɛ mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti ne nea yɛde rema no ho ɔyɛkyerɛ. Ma ɛnyɛ tiawa.
Dwom 156 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 8
Dwom 211
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kyerɛ wɔn sɛ Awake! a efi January 8, 1987 de no so reba nyinaa bɛyɛ nea wɔde nnuru ahorow anan na ayɛ. Hyɛ foforo a adawurubɔfo begye aka nea wogye no ho ho nyansa. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ nsɛmma nhoma dwumadi mu dapɛn awiei yi. Kyerɛ nsɛmma nhoma foforo a aba a mode bɛma wɔ mo asasesin mu no mu nsɛntitiriw.
17 min: “Yɛ Nea Ɛsen Biara Denam Bere Nyinaa Som Adwuma Mu Kyɛfa a Wubenya So.” Nsemmisa ne mmuae. Ma wonnya akwampae adwuma ho anigye wɔ Nkaedi bere no mu. Hyɛ wɔn a wobetumi nkuran sɛ wonsusuw akwampae adwuma wɔ March, April ne May mu ho.
18 min: Kristofo Mmofra Fi Wɔn Pɛ Mu de Wɔn Ho Ma. Ɔpanyin ne adawurubɔfo baanu a wonnii mfe aduonu bɔ nkɔmmɔ wɔ adamfofa kwan so. Obisa sɛnea sukuu te. Wɔka mmɔden a afoforo rebɔ sɛ wɔde wɔn bɛfra dwumadi afoforo a wɔde aka sukuu adesua ho mu ho asɛm. Ɔpanyin fi ayamye mu bisa wɔn adwene wɔ nneɛma a ɛtete saa ho. Ɔka Dwom 110:2, 3 ne Adiyisɛm 9:14-19 sɛnkyerɛnne kwan so “apɔnkɔ” no ho asɛm. Ɔde March 1, 1981 Watchtower nkr. 18-22 mu nsɛntitiriw ka ho. Ɔde nsɛmma nhoma dwumadi ho nkuranhyɛ ne nhyehyɛe a ɔyɛ sɛ ɔne wɔn bɛyɛ adwuma Memeneda a etia abien wɔ ɔsram mu wie nkɔmmɔbɔ no.
Dwom 157 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 15
Dwom 180
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne “Baguam Ɔkasa Ahorow a Egyina Worldwide Security Nhoma So.” Ma wɔmfa anigye nhwɛ ɔkasa ahorow no kwan. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔnto nsa mfrɛ anigyefo.
17 min: “Nhoma Horow a Woyii Adi wɔ Nhyiam Ase no Siesie Yɛn ma Onyankopɔn Apɛdeyɛ.” Ɔpanyin de nsemmisa ne mmuae di ho dwuma. Ma atiefo nkyerɛ mfaso a wɔanya dedaw wɔ nhoma foforo no a wɔde di dwuma mu.
18 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Sankɔhwɛ Mu.” Asemmisa-ne-mmuae. Wɔ nkyekyem 8 no, yɛ ahosiesie ma sankɔhwɛ a wɔde asɛm a ɛfa “Nniso” ho wɔ Reasoning nhoma no kratafa 152 no di dwuma ho ɔyɛkyerɛ
Dwom 78 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 22
Dwom 106
12 min: Asafo mu nkaebɔ. Sika akontaabu. Ɛrekɔ So Dɛn? Hyɛ wɔn nkuran ma wonnya nsɛmma nhoma dwumadi mu kyɛfa Memeneda a ɛto so anan. Ma adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw nyɛ ma a wɔde ma wɔ anibu 30- kosi 60- mu ho ɔyɛkyerɛ abien.
13 min: Monkɔ So Nyi Yehowa Ayɛ Nnam So. Wo ne asafo nsusuw nea moatumi ayɛ wɔ asram kakraa a atwam no mu wɔ asɛnka adwuma mu ho. Wubetumi ama adawurubɔfo a wɔasiesie wɔn ho aka osuahu ahorow a woapaw akyerɛ. Bere a Nkaedi rebɛn no, ma w’ani nna hɔ na fa hokwan nyinaa a wubenya ka asɛm. Pii betumi abɛyɛ akwampaefo aboafo anaasɛ daa akwampaefo. Baabi a wotumi kɔ adansedi anwummere no, hyɛ anuanom nkuran ma wɔnkɔ so nyɛ saa. Biribi betumi afi nhyehyɛe a wɔbɛyɛ daa akɔ wɔn a na wonni fie nkyɛn anaasɛ akɔyɛ sankɔhwɛ no mu aba.
20 min: “Fa Nhomawa Foforo no Di Dwuma Yiye.” Asemmisa-ne-mmuae. Ma adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw nyɛ ɔyɛkyerɛ abien a wɔne Bible suani resusuw asɛm no ho. Fa “Nhyiam Horow a Wɔde Twetwe Yɛn Kɔ Ɔdɔ ne Nnwuma Pa Mu” no di dwuma wɔ ɔyɛkyerɛ a edi kan no mu, ne “Wɔtaa Wɔn Esiane Trenee Nti” no wɔ nea etia abien no mu. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonnya asɛnka mu kyɛfa Kwasida, March 1.