Fa Nhomawa Foforo No Di Dwuma Yiye
1 “Ɔsoro Asomdwoe” Ɔmantam Nhyiam no mu anigyesɛm biako ne Jehovah’s Witnesses—Unitedly Doing God’s Will Worldwide nhomawa no a woyii adi no. Atirimpɔw nti a wotintim nhomawa foforo yi ne sɛ ɛbɛboa yɛn Bible adesuafo ma wɔahu ahyehyɛde koro pɛ a aniwa tuae a Yehowa de redi dwuma nnɛ de ama n’apɛde ayɛ hɔ no.
SƐNEA WODE DI DWUMA
2 Nhomawa no wɔ atiri 15 a efi “Yɛpɛ sɛ Yɛboa Wo” so kosi “Biakoyɛ a Wɔde Yɛ Onyankopɔn Apɛde” so. Atiri no bi kura nsɛm pii a mubetumi asusuw ho mpɛn pii. Gye bere na wo ne Bible osuani no nkenkan kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni nhomawa no mu no nyinaa. Wubehu ntĩmu nsemmisa pii wɔ emu bebree awiei. Wubetumi de eyi adi dwuma yiye de asi emu nsɛntitiriw so dua. Nanso kae sɛ, ɛsɛ sɛ nkɔmmɔbɔ no yɛ tiawa, ɛnsɛ sɛ ɛboro nea mususuw ho wɔ Bible adesua no ankasa mu no so.
3 Wobɛpɛ sɛ wuhu nhomawa no mu nsɛm ntɛm ara. Sɛ worekɔ asɛnka a, fa wo de no kɔ. Ebia wubenya hokwan de adi dwuma wɔ afie afie adwuma no mu. Ebia nnipa koma pafo a yebehyia wɔn no ate nsɛm a ɛnyɛ nokware a ɛfa Yehowa Adansefo ho na yebetumi de nhomawa no aboa wɔn ma wɔabenya yɛn adwuma no ne nea yegye di no ho adwene a ɛteɛ. Nanso dwuma titiriw a yɛde nhomawa no bedi ne sɛ ɛbɛyɛ nea yebegyina so asusuw ahyehyɛde no ho bere a yɛawie Bible adesua no.
4 Nhomawa no fã bi ka “Nhyiam Horow a Wɔde Twetwe Yɛn kɔ Ɔdɔ ne Nnwuma Pa Mu” ho asɛm. Wubetumi de eyi asi hia a Kristofo nhyiam horow ho hia no so dua na woahyɛ osuani no nkuran sɛ ɔmmra bi daa. Sɛ woreka Asafo Nhoma Adesua no ho asɛm a, wubetumi akyerɛkyerɛ ɔkwan a wɔfa so yɛ no mu na woakyerɛ osuani no nhoma a yɛresua mprempren. Esiane sɛ wɔyɛ Asafo Nhoma Adesua no wɔ ɔkwan a ɛma wotumi kenkan kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni nhoma no mu nyinaa nti, ɛsɛ sɛ ɛyɛ mmerɛw ma osuani a afei na ɔrefi ase mpo sɛ obedi akyi na wanya mu kyɛfa denam kyerɛw nsɛm a ɔbɛkenkan, na, sɛ ɔpɛ a, wama mmuae no so. Akuw no a ɛyɛ nketewa no ma obiara nya mu kyɛfa na wohu wɔn ho wɔn ho.
5 Hwɛ ɔdom ara a ɛyɛ ma yɛn sɛ yɛte ase wɔ awiei bere a Yehowa asan de nokware som asi hɔ wɔ ne nkurɔfo a wapaw wɔn mu wɔ asase so ha yi mu. Ɔpepem pii rehu anim a Kristo akyidifo a honhom apaw wɔn no di no na wɔafi ase reka sɛ: “Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛte.” (Sak. 8:23) Nhomawa foforo no yɛ adwinnade foforo a aba wɔ ne bere mu a yebetumi de aboa anigyefo afoforo yi ma wɔanya nkɔso bere a wonya Yehowa nnɛyi teokrase ahyehyɛde no ho anisɔ kɛse no. Momma yɛmfa nni dwuma yiye mfa nkyerɛ anigyefo kwan mmra Yehowa ahyehyɛde no mu.