Nokwaredi So Wɔ Akatua
1 Wɔka kyerɛ yɛn wɔ Hebrifo 11:6 sɛ Onyankopɔn yɛ “wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.” Ɔkwan biako a ɔfa so tua ne nkoa a wɔwɔ ahofama a ‘wɔadi kakraa ho nokware’ no ka ne sɛ ‘ɔde wɔn si ade pii so.’ (Mat. 25:23) Ɔkwan foforo so no, Yehowa de akatua ma wɔ adwuma pa ho mpɛn pii denam ɔsom mu hokwan afoforo a ɔma n’adansefo anokwafo nya so.
2 Ɔsomafo Paulo nyaa ne nokwaredi so akatua denam ɔsom adwuma a ɛde no kɔɔ nkurow mu ne nkuraase wɔ Europa ne Asia Kumaa a wɔde maa no so. (1 Tim. 1:12) Ɛwom sɛ na mmɔdenbɔ pii ho hia na Paulo atumi ayɛ ne som adwuma no awie koraa de, nanso onyaa obu a ɛsõ maa hokwan a onyae no. (Rom. 11:13; Kol. 1:25) Ɔdaa n’anisɔ a efi koma mu adi denam hokwan ahorow a ɔhwehwɛe no anibere so de kaa asɛmpa no so. Ɔnam n’adwuma a ɔde nsi yɛe no so daa no adi pefee sɛ ɔde ne gyidi no tra ase. Ne nhwɛso no kanyan yɛn ma yɛkyerɛ yɛn som mu hokwan ahorow ho anisɔ.
3 Yehowa Ama Yɛn Ɔsom Adwuma: Ɔkwan bɛn so na yɛda adwene a ɛfa akatua a ɛsom bo yi ho a Paulo daa no adi no bi adi? Yɛhwehwɛ akwan a yɛde bɛma yɛn kyɛfa wɔ ɔsom adwuma no mu anya nkɔanim. Yɛde hokwan biara a yenya di adanse wɔ bɔnnɔ so ne apon ano. Yɛsan kɔ wɔn a na wonni fie no nyinaa nkyɛn na yɛsan kɔsra wɔn a wɔn ani gye asɛm no ho nyinaa. Na yedi nhyehyɛe biara a yɛyɛ sɛ yɛbɛyɛ ofie Bible adesua ahorow no so.
4 Paulo tuu yɛn fo wɔ yɛn som adwuma no ho sɛ: “Fa ntɛmpɛ yɛ.” (2 Tim. 4:2 NW) Biribi a egye ntɛmpɛ hwehwɛ sɛ wodi ho dwuma ntɛm. So yɛde ntɛmpɛ yɛ yɛn som adwuma no, na yɛma edi kan wɔ yɛn asetra mu? Sɛ nhwɛso no, yɛmpɛ sɛ yɛbɛma nneɛma a yɛde gye yɛn ani ne yɛn ankasa nneɛma foforo a yɛyɛ wɔ dapɛn no awiei no twitware bere a ɛsɛ sɛ yɛde kɔ asɛnka no mu. Esiane sɛ yegye di sɛ nhyehyɛe yi awiei rebɛn ntɛmntɛm nti, yɛsan gye di sɛ Ahenni no ho asɛmpa a yɛka no ne adwuma a ɛho hia kyɛn biara a yebetumi ayɛ.
5 Nea yɛn nokwaredi ma Nyankopɔn kyerɛ ne sɛ yebedi nokware ama no na yɛayɛ adwuma a ɔde ama yɛn no daa. Momma yenwie yɛn som adwuma no koraa sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa betua yɛn nokwaredi no so ka kɛse.