Yɛmmɔ Mmɔden sɛ Yɛbɛyɛ Pii wɔ Yɛn Som Adwuma Mu
1 Ɔsomafo Paulo tuu Kristofo fo sɛ wɔnnantew Onyankopɔn kwan so na ‘wɔnkɔ so nyɛ no kɛse.’ (1 Tes. 4:1) Dɛn na eyi kyerɛ ma yɛn? Ade biako ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hwehwɛ akwan a yebetumi afa so ayɛ pii wɔ yɛn som adwuma mu, na yɛbɔ mmɔden sɛ ‘yɛbɛyɛ yɛn som adwuma no pɛpɛɛpɛ’ bere nyinaa.—2 Tim. 4:5.
2 Nea Enti a Yɛyɛ Saa: Esiane sɛ yɛpɛ sɛ yɛsom yɛn Bɔfo no yiye nti na yɛpɛ sɛ yɛyɛ pii wɔ yɛn som adwuma mu no. Yɛpɛ sɛ yenyin wɔ honhom mu na yɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so ayɛ yɛn som adwuma no yiye. Adwempa a yɛde bɛyɛ nhyehyɛe na yɛadi so no bɛboa yɛn ma yɛadu botae a yɛde asi yɛn ani so wɔ Onyankopɔn som mu no ho.—Dw. 1:1, 2; Filip. 4:6; Heb. 10:24, 25.
3 Yɛn som adwuma a yɛbɛtrɛw mu no hwehwɛ sɛ yenya ahofama su. Sɛ yɛde mpaebɔ susuw Yesu nhwɛso pa no ho a, yebetumi anya su a ɛte saa. (Mat. 20:28) Afoforo a Yesu som wɔn wɔ ne som adwuma mu no ma onyaa anigye kɛse. (Aso. 20:35) Sɛ yɛma nkurɔfo ho hia yɛn na yɛma yɛn ani da hɔ de hwehwɛ hokwan ahorow a ɛbɛma yɛatumi ayɛ pii wɔ yɛn som adwuma no mu a, yebetumi asuasua Yesu.—Yes. 6:8.
4 Nea Awofo Betumi Ayɛ: Yebetumi de ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛsom afoforo na yɛatrɛw yɛn som adwuma mu no adua mmofra mu fi wɔn mmofraase pɛɛ. Sɛ abusua mufo yɛ nsi, na wɔyere wɔn ho yɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu a, mmofra no besuasua. Bere a na onua bi yɛ abarimaa no, na ɔtaa ne ne nanabarima kɔyɛ asafo nnwuma, na ɛkaa no ma ɔpɛe sɛ ɔyɛ pii. Nsi ne anigye a na ne nanabarima de yɛ adwuma no kaa no ma ɔhwehwɛɛ hokwan a ɔde bɛsom ne nuanom. Ɛnnɛ, ɔyɛ asafo mu somfo.
5 Wohia Anuanom Mmarima: “Sɛ obi pɛ sɛ ɔbɛyɛ ahwɛfo adwuma a, na ɔpɛ adwuma pa.” (1 Tim. 3:1) Nsɛm yi hyɛ anuanom mmarima nkuran ma wɔpere sɛ wobedu ɔsom hokwan ahorow ho wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu. Eyi a wɔbɛyɛ no nhwehwɛ sɛ wonya nimdeɛ anaa ɔdom akyɛde soronko bi. Onuabarima a ɔpɛ sɛ ɔyɛ pii no bɛhwehwɛ Ahenni no kan na wayɛ nsi wɔ asɛnka adwuma no mu. (Mat. 6:33; 2 Tim. 4:5) Ɔbɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ nhwɛso pa ama afoforo.
6 Wiase Nyinaa: Yehowa ama wɔreboaboa nnipa ano ntɛmntɛm. (Yes. 60:22) Ɛho hia paa sɛ wɔn a wodi Yesu nhwɛso akyi no nyinaa yɛ pii wɔ wɔn som adwuma mu. Wiase nyinaa akontaabu no ma yehu sɛ wɔ 2006 ɔsom afe no mu no, wɔbɔɔ nnipa 248,327 asu. Sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, ɛkyerɛ sɛ da biara wɔbɔ nnipa 680 asu! Momma yɛn nyinaa nkɔ so nhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so ayɛ pii wɔ yɛn som adwuma mu!