Suasua Sɛnea Yehowa Nyɛ Animhwɛ No
1 Yehowa dwen nnipa ho. Ogye obiara a ɔyɛ n’apɛde no tom a animhwɛ nnim. (Aso. 10:34, 35) Yesu nso anyɛ animhwɛ bere a ɔkaa asɛm kyerɛɛ nkurɔfo no. (Luka 20:21) Ɛho hia sɛ yesuasua wɔn nhwɛso no sɛnea Paulo a ɔkyerɛw asɛm yi yɛe no: “Awurade koro no ara na odi wɔn nyinaa so, na ɔwɔ ahonyade ma wɔn a wɔfrɛ no nyinaa.”—Rom. 10:12.
2 Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a yɛka kyerɛ wɔn a yehyia wɔn nyinaa no hyɛ Onyankopɔn anuonyam. Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ka asɛmpa yi kyerɛ afoforo, a abusua a obi fi mu, n’asetram gyinabea, ne nhomasua, anaasɛ ne sika a ɔwɔ mfa ho. (Rom. 10:11-13) Eyi kyerɛ sɛ yɛbɛka asɛm no akyerɛ wɔn a wobetie—mmarima, mmea, mmofra, nkwakoraa ne mmerewa. Ehia sɛ yɛkɔ ɔpon biara ano na ama ofiewura biara anya hokwan atie nokware no.
3 Kyerɛ Obiara Ho Anigye: Yɛn botae ne sɛ yɛbɛkɔ obiara a yebetumi anya no nkyɛn. Esiane sɛ eyi wɔ adawurubɔfo bi adwenem nti, wɔatumi adi nkurɔfo adanse wɔ nnuruyɛfo adan mu, ayaresabea, ne nnwuma a ɛhwɛ nnipa yiyedi so mu ne ayarefo bi atrae. Afei nso, adawurubɔfo adi sukuu so ahwɛfo ne afotufo ne atemmufo adanse. Sɛ worekɔ aban nnipa hɔ a, ɛfata sɛ woda anisɔ adi kyerɛ wɔn wɔ nnwuma pa a wɔyɛ wɔ wɔn mpɔtam hɔ no ho. Da obu adi, na paw nsɛm a ɛyɛ ne bere mu de a ɛfa nnwuma a wɔyɛ ne emu haw ahorow pɔtee ho no.
4 Sɛ nhwɛso no, onuawa bi tumi ne ɔtemmufo bi kasae wɔ n’adwumam. Wɔ nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ anigye akyi no, ɔtemmufo no fii ne pɛ mu kae sɛ: “So wunim nea m’ani gye ho wɔ Yehowa Adansefo ho? Wɔwɔ nnyinasosɛm pa a wɔnnan mfi ho.” Odii onipa kunini yi adanse a etu mpɔn.
5 Yentumi nhu nea ɛwɔ nkurɔfo komam. Nanso, sɛ yɛne obiara a yehyia no kasa a, yɛda no adi sɛ yɛwɔ gyidi sɛ Onyankopɔn betumi akyerɛ yɛn adwuma no kwan. Afei nso, eyi ma nkurɔfo nya hokwan tie anidaso asɛmpa no na wɔyɛ ho biribi. (1 Tim. 2:3, 4) Momma yɛmfa yɛn bere nni dwuma nyansam, na yɛmmɔ mmɔden sɛ yebesuasua sɛnea Yehowa nyɛ animhwɛ no denam asɛmpa no a yɛde bɛkɔ nnipa a yebetumi anya wɔn nyinaa nkyɛn no so.—Rom. 2:11; Efe. 5:1, 2.