Kyerɛ Afoforo ho Anigye—Denam Asɛm no a Wobɛka Akyerɛ Obiara So
1 Ɔsomafo Yohane huu ɔbɔfo bi a ɔnam wim reka daa asɛmpa akyerɛ nnipa a wofi “aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa” mu wɔ anisoadehu mu. (Adi. 14:6) So yɛka asɛm no kyerɛ obiara de suasua ɔbɔfo no? Sɛ yɛanhwɛ yiye a yebetumi anya nkurɔfo ho adwene a ɛmfata. Adwene a yebenya wɔ nnipa a yehyia wɔn ho no betumi aka sɛnea yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn no. Enti, ehia paa sɛ yɛde ɔdɔ susuw afoforo ho bere a yɛreka asɛm akyerɛ nkurɔfo a ɛsono baabi a wofi no.
2 Susuw Mo Asasesin no Ho: So nnipa a wofi aman foforo so anaa aguanfo te mo asasesin no mu? Ɛnyɛ den koraa sɛ yebebu yɛn ani agu wɔn so. Kɔhwehwɛ saafo yi na bɔ mmɔden sɛ wubehu nnipa ko a wɔyɛ no yiye. Dɛn na wohia, ɔhaw bɛn na wohyia, dɛn na wɔpɛ anaa wɔmpɛ, na dadwen ne adwene a ɛnteɛ bɛn na wɔwɔ? Bɔ mmɔden sɛ wobɛsakra Ahenni asɛm no mu ma ɛne wɔn tebea ahyia. (1 Kor. 9:19-23) Sɛnea ɔsomafo Paulo yɛe no, ɛsɛ sɛ yehu sɛ ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ obiara wɔ yɛn asasesin mu, te sɛ wɔn a wofi aman foforo so, wɔn a ɛsono wɔn amammerɛ, wɔn a ɛsono kasa a wɔka ne wɔn a wɔyɛ adefo paa.—Rom. 1:14.
3 Ɛnde, ɔkwan bɛn so na wubetumi adi obi a ɛsono kasa a ɔka adanse? Fa Good News for People of All Nations nhomawa no di dwuma yiye. Wubetumi afa nkratawa ne nhomawa a ɛwɔ kasa a wɔtaa ka wɔ mo asasesin mu no bi ahyɛ wo ho. (Hwɛ July 2003 Yɛn Ahenni Som no kr. 8, nky. 2-3.) Afei nso, adawurubɔfo binom abɔ mmɔden sɛ wobesua sɛnea wokyia ne asɛm tiawa bi a wɔbɛka wɔ kasa afoforo mu. Sɛ nkurɔfo hu sɛ obi rebɔ mmɔden de wɔn kasa aka biribi akyerɛ wɔn na sɛ wontumi nka no yiye mpo a, wɔn ani taa gye ho, na eyi betumi ama wɔatie asɛmpa no.
4 Suasua Yehowa: Sɛ yɛkɔ nnipa ahorow ahorow nkyɛn a, na yɛresuasua Yehowa, yɛn Nyankopɔn a ɔnyɛ nyiyim a ‘nea ɔpɛ ne sɛ wogye nnipa ahorow nyinaa ma wobenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ’ no.—1 Tim. 2:3, 4.