Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/00 kr. 8
  • So Wobɔ Ahenni no Ho Dawuru Daa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wobɔ Ahenni no Ho Dawuru Daa?
  • Yɛn Ahenni Som—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Woboa Ma Yebu Akontaa Pɛpɛɛpɛ?
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Bu Asɛnka Ho Akontaa Pɛpɛɛpɛ
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • So August Bɛyɛ Ɔsram a Ɛda Nsow?
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • Kɔ Asɛnka Daa
    Yɛn Ahenni Som—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2000
km 4/00 kr. 8

So Wobɔ Ahenni no Ho Dawuru Daa?

1 Yɛn nyinaa ani gyei bere a wɔbɔɔ amanneɛ wɔ August 1998 mu sɛ Ghana nyaa adawurubɔfo 60,112 no. Nokwarem no, yɛn nyinaa bɔɔ mmɔden kɛse! Ɛda adi sɛ efi saa bere no reba no, adawurubɔfo yi mu bi antumi ammɔ Ahenni no ho dawuru daa, efisɛ sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, efi September 1998 besi July 1999 no, adawurubɔfo bɛyɛ 58,650 na na wobu akontaa ɔsram biara. Eyi kyerɛ sɛ adawurubɔfo bɛyɛ 1,500 na wɔamfa kyerɛwtohɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔkɔɔ asɛnka amma ɔsram biara. Yɛwɔ awerɛhyem sɛ nyansahyɛ a edidi so yi betumi aboa asiw ɔhaw no ano.

2 Kyerɛ Hokwan a Wowɔ no Ho Anisɔ: Ɛsɛ sɛ yenya anisɔ kɛse ma hokwan a yɛanya de ka Ahenni ho asɛmpa no kyerɛ afoforo no. Adwuma yi ma Yehowa ani gye na ɛma akomapafo hu nkwa kwan no. (Mmeb. 27:11; 1 Tim. 4:16) Asɛnka a yɛkɔ daa no ma yenya osuahu wɔ ɔsom adwuma no mu na ɛma yenya anigye ne akomatɔyam.

3 Bu Asɛnka Adwuma no Ho Akontaa: Ebinom mmu asɛnka adwuma a wɔyɛ no ho akontaa wɔ bere a ɛfata mu. Ɛnsɛ sɛ yenya adwene nso sɛ nea yetumi yɛe no mfata sɛ yebebu ho akontaa. (Fa toto Marko 12:41-44 ho.) Ɛmfa ho nea yetumi yɛe biara no, ɛsɛ sɛ yebu ho akontaa! Nhyehyɛe pa a yɛbɛyɛ wɔ fie, te sɛ Kalenda a yebenya na yɛahyɛ bere a yɛde kɔɔ asɛnka no nsow wɔ so no betumi aboa yɛn bere nyinaa ma yɛabu akontaa pa wɔ ɔsram biara awiei.

4 Fa Mmoa a Ehia Ma: Ɛsɛ sɛ moma nhyehyɛe a moayɛ na mode aboa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkɔ asɛnka daa no tu mpɔn. Ɛsɛ sɛ Asafo no mu kyerɛwfo ne nhoma adesua so ahwɛfo no yɛ nhyehyɛe ma wɔn a wɔn ho akokwaw no boa. Sɛ wowɔ mma anaa Bible asuafo foforo a wɔmmɔɔ asu a, kyerɛkyerɛ wɔn ma wɔmfa wɔn akontaabu nkɔ ɔsram biara.

5 Kae asetra ho nsɛm, “M’ani Sɔ Mfe Pii a Mede Atra Yehowa Som Mu No,” wɔ October 1, 1997 Ɔwɛn-Aban no mu. Onuawa Ottilie Mydland a ofi Norway no bɛyɛɛ obi a ɔbɔ asɛmpa no ho dawuru daa ansa na wɔrebɔ no asu wɔ 1921 mu. Wɔ mfe aduɔson asia akyi, bere a na wadi mfe 99 no, ɔkae sɛ: “Ɛyɛ me anigye sɛ meda so yɛ ɔdawurubɔfo a ɔkɔ asɛnka daa.” Su pa a ɛsɛ sɛ Yehowa nkoa nyinaa suasua bɛn ara ni!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena