Asɛmmisa Afã
◼ Ɔkwan bɛn so na wɔn a wogye ahɔho no bɛboa awofo ma wɔahwɛ wɔn mma yiye wɔ nhyiam ase?
Ɛkame ayɛ sɛ mmofra nyinaa pɛ agoru, na wontumi ntra ase nyɛ komm nkyɛ. Ɛyɛ mmofra su sɛ wobetu mmirika adi mmofra foforo akyi wɔ Ahenni Asa so, anaa mmeae foforo a yɛkɔ nhyiam no, baabi a wɔde kar sisi, anaa abranaa so bere a yɛapɔn nhyiam no. Nanso, abebusɛm yi yɛ nokware: “Abofra a wɔato no sraha gu ne na anim ase.”—Mmeb. 29:15.
Awerɛhosɛm ne sɛ, yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no mu bi apirapira esiane sɛ mmofra tuu mmirika kɔpem wɔn ma wɔhwehwee ase nti. Eyi de ɔhaw abrɛ ebinom na ama awofo ne asafo no abɔ ka hunu. Nea ɛbɛyɛ na mmofra ne afoforo nyinaa anya ahobammɔ no, ɛnsɛ sɛ wɔma mmofra kwan ma wotu mmirika wɔ Ahenni Asa so ne ɛho.
Awofo wɔ Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn mma ma wɔakyerɛ obu kɛse ama mmeae a yehyia no. (Ɔsɛnk. 5:1a) Wɔ yɛn Kristofo nhyiam, ɔmansin nhyiam, ne ɔmantam nhyiam ase no, ɛsɛ sɛ wɔn a wogye ahɔho no hwɛ ma ‘wɔyɛ ade nyinaa fɛfɛɛfɛ wɔ ano wɔ ano.’ (1 Kor. 14:40; Kol. 2:5) Ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani da hɔ wɔ asa no so ne abɔnten bere a wɔrebefi dwumadi no ase, bere a wɔafi ase, ne bere a wɔapɔn no. Sɛ abofra bi retu mmirika anaa ɔreyɛ basabasa a, nea ogye ahɔho no betumi de ntoboaseɛ aso ne mu na obetumi akyerɛkyerɛ abofra no nea enti a ɛnsɛ sɛ ɔyɛ saa no mu. Ɛsɛ sɛ wofi ɔdɔ mu nso ka ɔhaw no ho asɛm ne hia a ehia sɛ wɔteɛ abofra no so kyerɛ n’awofo. Ɛsɛ sɛ ɔwofo no tie na odi ho dwuma.
Ɛyɛ nokware sɛ ɛtɔ da a, nkokoaa ne mmofra besu anaa wɔbɛyɛ basabasa bere a wɔreyɛ nhyiam no. Wɔn a wogye ahɔho no a mpɛn pii no wodu nhyiam ase simma 20 ansa na wɔafi ase no, betumi agyaw asa no so nkongua kakra a ɛwɔ akyi no ama awofo a wɔpɛ sɛ wɔne wɔn mma nkumaa tra so no. Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛaka no te ase na yegyaw akyi nkongua no ma wɔn.
Sɛ abofra bi reyɛ basabasa a, ɛsɛ sɛ ɔwofo no yɛ ho biribi. Sɛ ɔwofo no anyɛ ɔhaw no ho hwee na sɛ ɛkɔ so twetwe nkurɔfo adwene a, nea ogye ahɔho no betumi afi ɔdɔ mu aka akyerɛ ɔwofo no ma ɔde abofra no apue. Sɛ yɛto nsa frɛ anigyefo a wɔwɔ mma ba adesua a, ɛsɛ sɛ yɛne wɔn tra na yɛboa wɔn bere a mmofra no resu anaa wɔreyɛ basabasa no.
Yɛn ani gye ho sɛ yehu mmofra nyinaa bi wɔ Ahenni Asa so na wɔda su pa adi wɔ Onyankopɔn fie. (1 Tim. 3:15) Sɛ wɔkyerɛ obu ma ɔsom ho nhyehyɛe a Yehowa ayɛ no a, na wɔredi no ni na ɛma asafo no muni biara pɛ wɔn asɛm.