Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/01 kr. 3
  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo
  • Yɛn Ahenni Som—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo
    Yɛn Ahenni Som—1999
  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Ɔmansin Nhyiam a Ɛbɛboa Yɛn ma Yɛde Yɛn Adwene Asi Honhom mu Nneɛma So
    Yɛn Ahenni Som—2009
  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo
    Yɛn Ahenni Som—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2001
km 1/01 kr. 3

Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo

Yenim sɛ ɛfata sɛ yɛdɔ Yehowa Nyankopɔn na yɛsom ɔno nkutoo. Nanso, wiase nneɛma tumi sɔ yɛn hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛtwe yɛn ho afi Nyankopɔn ho na amma yɛne no annya abusuabɔ pa. (Yoh. 17:14) Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi adɔ Yehowa kɛse na yɛanya ahoɔden de agyina wiase nneɛma a ɛde yɛn honhom fam yiyedi to asiane mu ano no, ɔmansin nhyiam foforo a yɛbɛyɛ wɔ 2001 ɔsom afe mu no asɛmti bɛyɛ “Monnɔ Onyankopɔn—Na Monnnɔ Nneɛma a Ɛwɔ Wiase.”—1 Yoh. 2:15-17.

Ɔdɔ kɛse a yɛwɔ ma Yehowa no kanyan yɛn ma yedi ne ho adanse. Ne saa mpo no, asɛnka adwuma no nyɛ mmerɛw mma Onyankopɔn nkurɔfo pii. Asɛmti a ɛne “Ɔdɔ a Yɛwɔ Ma Onyankopɔn no Kanyan Yɛn Wɔ Yɛn Som Adwuma Mu” no bɛma woahu sɛnea nnipa pii atumi adi fɛre ne akwanside so ma wɔatumi ayɛ adwuma yi pii no.

Ɔkwan bɛn so na wiase no abrabɔ bɔne no nya yɛn so nkɛntɛnso? Ɛnnɛ, nneyɛe a bere bi na wobu no sɛ enye no, afei de wogye tom sɛ asɛm biara nni ho. Ɔkasa a wɔato din “Wɔn a Wɔdɔ Yehowa Kyi Bɔne” ne ɔkasa a wɔakyekyem, “Nneɛma a Ɛwɔ Wiase—Yebu no Dɛn?” no bɛboa yɛn ma yɛapo nneyɛe bɔne.

Yɛbɛyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu ne Ɔsom Nhyiam wɔ dwumadi no mu na yɛabɔ nnawɔtwe no mu Ɔwɛn-Aban adesua no mua. Baguam ɔkasa a wɔato din “Sɛnea Ɔdɔ ne Gyidi Di Wiase no So Nkonim” no bɛma yɛahu sɛnea yɛbɛko atia wiase nhyɛso sɛnea Yesu yɛe no. (Yoh. 16:33) Bɔ mmɔden to nsa frɛ wo Bible asuafo ma wɔmmra. Ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu no ka ho asɛm kyerɛ ɔhwɛfo guamtrani no na ama watumi ayɛ ɛho nhyehyɛe biara a ɛfata.

Ɔmansin nhyiam yi bɛma yɛahu sɛnea ɛsɛ sɛ yɛda ɔdɔ adi ankasa na ama yɛanya Yehowa nhyira pii. Mma emu bi mmpa wo ti so!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena