Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/01 kr. 4
  • Fa Anigye Yɛ Adwuma No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Anigye Yɛ Adwuma No
  • Yɛn Ahenni Som—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Asɛm no Yɛfo” a Wɔwɔ Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Anigye Mu
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Yehowa Anigye ne Yɛn Abannennen
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Anigye—Ɛyɛ Suban a Yenya Fi Onyankopɔn Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2001
km 1/01 kr. 4

Fa Anigye Yɛ Adwuma No

1 Yesu kae sɛ sɛ ɔba a, nnipa pii bɛyɛ ‘anibiannaso’ te sɛ nea ɛyɛe wɔ Noa nna no mu no. (Mat. 24:37-39) Enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ nnipa pii rentie Ahenni asɛmpa no. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛakura anigye mu bere a yɛyɛ yɛn asɛnka adwuma no?—Dw. 100:2.

2 Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Onyankopɔn na ahyɛ yɛn sɛ yɛnka asɛm no. Enti, sɛ yɛyɛ yɛn fam de ka asɛm no, na sɛ obi antie a, na Yehowa ankasa na ɔrepo no. Sɛ yɛkae sɛ n’ani sɔ nokwaredi mu a yefi ka asɛm no a, ɛboa yɛn ma yenya anigye ne abotɔyam sɛ Onyankopɔn asɛm yɛfo.—Yak. 1:25.

3 Nea ɛto so abien no, nnipa pii da so ara wɔ hɔ a wobegye Yehowa nkwa nsiesiei no atom. Ɛwom sɛ pii yɛ anibiannaso de, nanso ebinom wɔ hɔ a wɔte sɛ nguan a ɛsɛ sɛ yɛboaboa wɔn ano bere a yɛahyɛn awiei bere no mu pɛɛ mpo no. Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ka asɛm no, na ‘yɛkɔ kurow anaa akuraa biara mu kɔhwehwɛ wɔn a wɔsɛ no.’—Mat. 10:11-13.

4 Nya Adwempa: Nneɛma bɔne a atorosom kɔ so yɛ no ama ebinom abam abu. Nnipa pii nso ‘afomfɔn na wɔsam hɔ’ esiane nea ɛrekɔ so wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu no nti. (Mat. 9:36) Adwuma a pii nnya nyɛ, yare a ɛhaw wɔn, ne ahobammɔ a wonni, ho dadwen betumi ahyɛ wɔn so. Eyi a yɛbɛte ase no bɛboa yɛn ma yɛakɔ so ara wɔ yɛn adwuma no mu. Bɔ mmɔden sɛ wobɛka nea ɛhaw nkurɔfo kɛse wɔ yɛn asasesin no mu ho asɛm de afi nkɔmmɔ ase. Boa wɔn ma wonhu sɛ Onyankopɔn Ahenni nkutoo ne wɔn haw no ano aduro. Fa Kyerɛwnsɛm no ne nsɛm pɔtee bi a ɛwɔ nhoma ahorow mu di dwuma ma asɛmpa no nnu wɔn koma mu.—Heb. 4:12.

5 Wɔn a wɔde anigye yɛ Onyankopɔn apɛde no kae bere nyinaa sɛ: ‘Yehowa mu anigye ne yɛn ahoɔden.’ (Neh. 8:10) Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn abam bu. “Na sɛ ɛsɛ ofi no a, mo asomdwoe mmra so; na sɛ ɛnsɛ no a, mo asomdwoe nsan mmra mo nkyɛn.” (Mat. 10:13) Yehowa ma yenya anigye ne ahoɔden bere nyinaa bere a yenya boasetɔ wɔ ne som kronn mu no, na ohyira yɛn nokwaredi no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena